Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 1
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw afi Yɛn Ahenni Som mu.
22 min: “Me ne Me Fi De . . . ” Ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo a ɔwɔ abusua a wɔyɛ nhwɛso pa ne atiefo bɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Munsusuw hia a ɔsom mu biakoyɛ ho hia ma ahyɛ mmusua den ma wɔagyina Satan ntua ano ho. Hyɛ mmusua ti nkuran ma wonni wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛyɛ daa abusua asɛnka ho nhyehyɛe na wɔne abusua no muni biara ayɛ adwuma no ho dwuma. Wɔ nkyekyem 5 ne 6 mu no, yɛ ɔwofo ne ɔba a wɔde nsɛm a abusua no abobɔ so reba awiei a nea edi akyi ne abofra no a ɔka nsɛmma nhomakra ho asɛm kyerɛ ofiewura ho ɔyɛkyerɛ.
13 min: “Watchtower Bound Volume Ahorow a Wɔresan Atintim.” Wone atiefo mmɔ asɛm ho nkɔmmɔ. Si nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea ankorankoro betumi anya bi so dua.
Dwom 63 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 8
Dwom 113
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Fa ntoboa ahorow a wɔakyerɛ sɛ nsa aka a ɛwɔ Monthly statement so no ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma adwuma mu kyɛfa Memeneda yi. Hyɛ nsɛntitiriw a wobetumi aka ho asɛm a ɛwɔ nsɛmma nhoma foforo a aba mu ho nyansa.
18 min: Reasoning Nhoma no a Yɛde Bedi Dwuma ma Atu Mpɔn. Yɛn mu pii de nhoma yi adi dwuma wɔ asɛnka ne sankɔhwɛyɛ mu ma nnepa afi mu aba. Dodow a yehu no yiye no, dodow no ara na ebetumi aboa yɛn. Yɛ abusua bi a wɔrebɔ nea Yehowa Adansefo gye di a ɛwɔ nkratafa 199 ne 200 no mu kakraa bi ho nkɔmmɔ sɛ kuw ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ nea ɛfa “Bible” ho no, twe adwene si nkratafa 58 ne 59 so. Hyɛ 2 Timoteo 3:16, 17 ne Adiyisɛm 1:1 nsow. Ka asɛm a ɛne ‘Nnipa na wɔkyerɛw Bible no’ a ɛwɔ kratafa 65 no ho asɛm. Afei mubetumi asusuw sɛnea nea yegye di fa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi ho no yɛ soronko bere a mode nsɛntitiriw a ɛfata a ɛwɔ nkratafa 112-17 di dwuma no ho. Sɛ bere ma kwan a, mubetumi asusuw Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ foforo a wɔtaa bisa ho asɛm wɔ mo mpɔtam hɔ ho.
17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛm a Ɛkanyan Anigye Titiriw a Ɛwɔ Yɛn Nsɛmma Nhoma Ahorow no Mu So.” Nnianim nsɛm tiaa a ɛfa nkyekyem 1 ne 2 ho a asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no fã a aka ho di akyi. Si hokwan ahorow a ɛbɛma yɛatumi de nsɛmma nhoma ama ne hia a ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho yiye so dua. (Hwɛ kmTW 7/87 kr. 3.) Sɛ bere ma kwan a, wobetumi aka osuahu ahorow a wɔanya wɔ mo hɔ no akyerɛ.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 15
Dwom 13
7 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “Boa Afoforo ma Wonnu Ahosohyira ne Asubɔ Ho.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Si hia a ɛho hia sɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no a wɔagye wɔn atom no de bɛyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛfata ama asubɔ no so dua. Bisabisa adawurubɔfo abien anaa abiɛsa a wɔabɔ asu foforo nsɛm a ɛfa wɔn nkɔso ne gyinae a wosii sɛ wɔbɛbɔ asu no ho.
18 min: So ɛsɛ sɛ Kristofo Di Homeda? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning From the Scriptures, nkratafa 345-52 so.
(3 min.) Nnianim ɔkasa tiaa a wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ kratafa 345 di dwuma. Fa asɛm a wɔafa aka a ɛwɔ kratafa 346 a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea Kwasida bɛyɛɛ ɔsom da titiriw maa Kristoman mufo fã kɛse no ara no ka ho.
(15 min.) Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Reasoning nhoma no mu nsɛntitiriw a wɔapaw so. Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ Kristofo ahyɛde sɛ wobedi dapɛn dapɛn Homeda. (Ex. 31:16, 17) Nanso, Kristofo wɔ homeda bi. (Heb. 4:9, 10) Si sɛnea sɛ obi bisa sɛ, ‘Dɛn nti na munni Homeda?’ a, yebetumi ne no asusuw nsɛm ho so dua.
Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 22
Dwom 14
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi Memeneda a ɛto so anan wɔ November mu no mu. Muntĩ Awake! ne Watchtower a aba foforo mu nsɛntitiriw a wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ mu.
18 min: “Akwampaefo Aboafo Adwuma—Ɔpon a Ɛde Kɔ Dwumadi Kɛse Mu.” Asemmisa-ne-mmuae. Fa hokwan a ɛbɛma daa akwampaefo anaasɛ akwampaefo aboafo aka sɛnea akwampae adwuma aboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa na ama wɔne no ntam abusuabɔ anya nkɔso akyerɛ ka ho.
20 min: “1987 ‘Yehowa mu Ahotoso’ Ɔmantam Nhyiam”—Ɔfã 1. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 1-16 ho. Si hia a ɛho hia sɛ obiara benya mfaso kɛse afi nhyiam dwumadi no mu no so dua.
Dwom 170 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 29
Dwom 77
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Fi ɔdɔ mu hyɛ obiara nkuran ma onnya December mu Kwasida a edi kan adansedi mu kyɛfa. Ka nhoma a yɛde bɛma December ho asɛm na hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnye bi mma dapɛn awiei asɛnka. Afei nso, sɛ mowɔ nhyiam kurow no bi mu anaa mobɛn hɔ a, ka nhyehyɛe a moayɛ a mode bɛboa adwuma a edi nhyiam anim no ho asɛm.
20 min: “1987 ‘Yehowa mu Ahotoso’ Ɔmantam Nhyiam”—Ɔfã 2. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu nkyekyem 17-29 ho. Si so dua sɛ wɔhwɛ abrabɔ ne ahosiesie pa kwan wɔ nhyiam no biara ase. Sɛ moahyɛ nsɛnnennen bi nsow wɔ mo hɔ a, mubetumi aka ho asɛm. Sɛnea bere ma kwan no, munsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” mu nsɛm a ɛbɛfa mo ho ho. Ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma.
18 min: Asafo mu ahiade. Mubetumi asusuw nhyehyɛe a moayɛ de rekɔ ɔmantam nhyiam ho anaasɛ moatĩ nkuranhyɛ ne afotu a ɔmansin sohwɛfo de mae wɔ ne nnansa yi ara nsrahwɛ mu no mu. Wobetumi de asafo mu mpanyimfo afotu aka ho.
Dwom 212 ne mpaebɔ a wɔde wie.