Ɛrekɔ So Dɛn?
Nna kakraa ni a wobuee kɔnkrete lɔre kwan no maa lɔre faa so ɛwom sɛ aka ɔfã ketewaa bi a ɛbɔ Tema kwan no mu a wɔde coal tar begu so no de. Yɛresisi ɔfasu no adum a yenni adagyew. Wɔayɛ adwuma pii de agu kɔnkrɛte wɔ adwinnan (workshop) a ɛwɔ ɔdan a wɔda mu no akyi no ho. Onua bi fi ayamye mu de n’afiri a wɔde tu dɔte afɛm yɛn na ɛno atew yɛn adwuma no ka so. Sɛnea wɔabɔ mo amanneɛ no, yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yebebue adan no ano January 30, 1988. Yɛhwɛ mo mmoa kwan.