Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma January ne February: Nhoma nketewa dedaw a mo asafo no wɔ no mu abien de agye bo a wɔatew so aba ¢150. Nea wo betumi de aka ho ne Choosing, Commentary on James, “Daa Atirimpɔw,” Evolution, (dedaw no) , Asɛmpa, Holy Spirit, Asomdwoe ne Ahotɔ (dedaw no) , Asetra Yi, Nokware ne World Government. (Asafo ahorow no betumi abisa ma wɔatew nhoma a adawurubɔfo ne akwampaefo begye de ama January ne February no afi wɔn ka so. Wɔ saa ɔsatu yi nkutoo mu no, bo a daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw betua wɔ nhoma nketewa no ho yɛ ¢45. Asafo mu adawurubɔfo ne akwampaefo aboafo begye biako biara ¢75. Yɛsrɛ mo monhwɛ December Yɛn Ahenni Som. “Nkaebɔ Ahorow” no mu na moanya sɛnea mubebisa nea wɔntew mfi mo ka so no ho akwankyerɛ.)
● So worekɔ Bolgatanga Ɔmantam Nhyiam no bi? Hwɛ sɛ wobɛka asɛm wɔ hokwan biara a wubenya mu bere a wowɔ ɔmantifi no.
● So mo asafo no akyerɛw afe asɛm foforo no abɔ hɔ? Asɛm no ne: “Twɛn [Yehowa] na fa ne kwan so.”—Dwom 37:34
● Sɛnea wɔakyerɛ wɔ efi teokrase kalenda no so no, 1988 Nkaedi no besi Fida, April 1, bere a owia akɔtɔ.
● Wɔbɛma 1988 Nkaedi bere mu ɔkasa titiriw no Wiase nyinaa Kwasida, April 10, 1988, Ɔkasa no asɛmti ne “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Bible Gyinapɛn Ahorow Tra Ase?” Wɔde ɛho krataa no bɛba nnansa yi ara. Asafo ahorow a wɔwɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ, ɔmansin nhyiam, anaasɛ Kwasida nhyiam titiriw da wɔ saa dapɛn no mu no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na April 10 adu.
● Yɛresan ahyɛ akwampae dwumadi kɛse wɔ Nkaedi bere no mu ho nkuran. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ayɛ akwampaefo boafo wɔ February, March ne April mu afe yi? Ebia sɛ ɛnyɛ asram abiɛsa no nyinaa a, emu biako ye. Yɛ nhyehyɛe pintinn mprempren. Wɔbɛsan afi 1988 ɔsom afe no mu ɔmansin nhyiam horow no ase Februray 13, 1988, wɔ ɔmansin 12-A ne 15. Wɔayɛ dwumadi a ɛhyɛ den yiye ho nhyehyɛe ama yɛn wɔ asɛmti “Mfaso a Ɛsen Biara a Ɛwɔ Yehowa Som Mu” ase. (Fil. 3:7, 8) Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛkɔ bere a wɔbɛyɛ ho nhyehyɛe ama mo ɔmansin no.