Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Fa Nnianim Nsɛm A Etu Mpɔn Di Dwuma
1 Sɛ yɛasiesie nnianim nsɛm a etu mpɔn a, yebetumi anya nnepa pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ yɛantumi antwe ofiewura no adwene mfiase no sɛnea ɛbɛma yɛafi nkɔmmɔbɔ ase anaasɛ yɛde nhoma bi ama a, ebia yɛrentumi nkanyan anigye a ɛsɛ a ɛbɛma afata sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ a ne botae ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ase. Enti, pii gyina sɛnea yɛn nsɛm a edi kan no tu mpɔn no so. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn nnianim nsɛm atu mpɔn kɛse?
NNIANIM NSƐM ATIRIMPƆW
2 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛma nnianim nsɛm atirimpɔw no tra yɛn adwene mu fann. School Guidebook no se: “Ɛsɛ sɛ nnianim asɛm no . . . kanyan asɛm no ho anigye. Ɛsɛ sɛ ɛtwe w’atiefo no adwene na esiesie wɔn ma wosusuw nea edi so no ho.” Nhoma no de ka ho sɛ: “Akwan a eye sen biara a wɔfa so kanyan anigye no biako ne sɛ wode w’atiefo no ho bɛbam.” (Hwɛ kratafa 113 nkyekyem 1 ne 2.) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi wɔ asɛnka mu?
3 Nea yɛadi kan aka ho asɛm yi na na ɛwɔ adwene mu bere a wosiesiee nnianim nsɛm ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no nkratafa 9-15 no. Pɛɛpɛe eyinom mu. Hyɛ sɛnea wɔasiesie no ma akanyan anigye na atwe ofiewura no adwene asi asɛm a wɔresusuw ho no so no nsow. Pii de nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no adi dwuma ma adepa afi mu aba. Onuawa bi kae sɛ ɛdenam nnianim nsɛm ahorow ahorow a ɔde di dwuma so no, n’asɛnka adwuma no abɛyɛ anigye kɛse na ama n’ani ada hɔ sɛ ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛdefa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu ho no, ɔkae sɛ: “Etumi yɛ adwuma ampa.”
4 Nnianim nsɛm bɛn na woahu sɛ etumi ne mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no kɔ yiye? So woasɔ nea ɛwɔ asɛmti a ɛne “Bible/Onyankopɔn” a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 10 no ase no ahwɛ? Wobetumi de emu biako ne yɛn mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no adi dwuma sɛnea edidi so yi: “M’ani agye sɛ mahu wo wɔ fie. Me ne m’afipamfo resusuw Bible mu asɛm bi a ɛhyɛ nkuran ho. So woasusuw ho pɛn sɛ dɛn na ɛma nyamesom yi yɛ nea ɛsom bo ankasa wɔ Onyankopɔn anim?” Nnianim foforo betumi ayɛ sɛ: “Yɛrehyɛ ɔmanfo nkuran ma wɔakenkan wɔn Bible no. Mmuae ahorow a ɛde ma wɔ nsemmisa ahorow a ɛho hia ho no taa ma nkurɔfo ho dwiriw wɔn. Sɛ nhwɛso no hyɛ sɛnea 2 Timoteo 3:1, 2 ne 5 kyerɛ nea enti a Onyankopɔn nnye nyamesomfo binom ɔsom ntom no nsow.”
5 Ebia wubehu sɛ ɛfata sɛ wode nnianim nsɛm afoforo di dwuma de ka nea ɛwɔ Reasoning nhoma no mu no ho. Pii begyina nnipa a wuhyia wɔn wɔ asasesin no mu no so. Nanso wubehu sɛ mfaso wɔ so sɛ wubedi ɔkwan a wɔfa so de nnianim nsɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu ma no akyi. Ɛde nsɛm a ɛhaw nkurɔfo ma. Ɛma ofiewura no de ne ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu. Ɛyɛ tiawa ne nea esi asɛm no so. Sɛ ɛtɔ bere bi na w’asasesin no hwehwɛ sɛ wode nnianim nsɛm a enni Reasoning nhoma no mu di dwuma mpo a, ɛho wɔ mfaso kɛse sɛ wobɛhwehwɛ nnianim nsɛm a wɔde ama wom no mu yiye.
6 Yɛpɛ sɛ yɛma sɛnea yɛn nsɛm a edi kan wɔ asɛnka mu no ho hia no tra yɛn adwene mu. Pii gyina sɛnea etu mpɔn no so. Te sɛ Salomo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛpee mu hwehwɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ bere a yesiesie yɛn ho sɛ yɛde nnianim nsɛm a etu mpɔn bedi dwuma wɔ afie afie adwuma no mu no. Reasoning nhoma no bɛboa yɛn wɔ saa nhwehwem yi mu.—Ɔsɛnk. 12:9, 10.