Ɛrekɔ So Dɛn?
Wotintim Yɛn Ahenni Som yi ansa na January 30 redu, enti yɛantumi anka Ɔdan no ano a wobuei ho dwumadi a na yɛahwɛ kwan kɛse no ne sɛnea ɛkɔɔ so no ho asɛm ankyerɛ mo. Bere a na wɔrebetintim Yɛn Ahenni Som yi no, na yɛde yɛn adwene nyinaa asi ahosiesie a yɛreyɛ ama ɔdan no anobue no so. Bere a yehui sɛ wɔn a wɔatra asafo no mu akyɛ a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1920, 1930, 1940, ne 1950 mfe no mu pii da so ara wɔ hɔ a wɔwɔ ahoɔden kɛse a wobetumi abɛhwɛ ɔdan no ano a wobebue no, ɛhyɛɛ yɛn nkuran kɛse. Ná yɛde ahopere kɛse rehwɛ fekuw a yɛne wɔn nyinaa bɛbɔ no kwan.