Nkaebɔ Horow
● Nhoma a yɛde bɛma February: Nhoma nketewa dedaw a mo asafo no wɔ no mu abien de agye ntoboa ¢150. Wɔ ɔsram a etwaam no mu no, pii hui sɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔde anan bɛma de agye ¢300. March: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? April: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. May ne June: Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu.
● NKAEDI: Asafo ahorow no betumi asan de Nkaedi ɔkasa a wɔde dii dwuma wɔ 1981 mu (S-31 10/85) no adi dwuma bio. 1988 Nkaedi da no bɛyɛ Fida, April 1, bere a owia akɔtɔ. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ asafo nhyiam foforo biara saa da no. Wobetumi de nhyiam biara a wɔyɛ no Fida no ahyɛ dapɛn no mu da foforo bi. Ɔmansin so ahwɛfo nso bɛyɛ nsakrae wɔ wɔn nhyehyɛe mu saa dapɛn no ma ɛne no ahyia.
● BAGUAM NHYIAM TITIRIW: Wɔ 1988 mu no, baguam nhyiam titiriw no bedi Nkaedi no akyi. Ɛda no ye Kwasida. April 10. N’asɛmti ne sɛ “Dɛn Nti na ɛsɛ sɛ Wode Bible Gyinapɛn Ahorow Tra Ase?” Wɔde ɛho kratasin no abien remana asafo biara. Asafo ahorow a wɔwɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ April 10 no mfa baguam nhyiam titiriw no nhyɛ Kwasida a edi hɔ. April 17. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔyɛ wɔn baguam nhyiam dapɛn no mu (Dwoda kosi Memeneda) no yɛ wɔn baguam nhyiam titiriw no April 11 kosi 16 mu hɔ baabi.
● Yɛwɔ anidaso sɛ ɔhwɛfo guamtrani ne ɔsom adwuma sohwɛfo no ne daa akwampaefo no nyinaa yɛɛ wɔn nhyiam no wɔ December anaa January mu, sɛnea Asafo ti no krataa a wɔkyerɛwee October 27, 1987, de kɔmaa mpanyimfo akuw horow nyinaa no de akwankyerɛ mae no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonnyaa nyɛɛ saa no yɛ nhyiam yi February mu ɔkwan biara so.
● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔkyekyɛ Medical Directive ne Identity card no bi wɔ February 14 dapɛn no Ɔsom Nhyiam no mfiase. Onua a ɔredi nkaebɔ ahorow ho dwuma no betumi aka nkratasin no dwumadi ho asɛm. Wɔhyɛ anuanom nkuran sɛ wɔnhyehyɛ nkratasin no ntɛm ara na wɔnhwɛ sɛ wɔde nsa ahyɛ ase na wɔabɔ date wɔ so sɛnea ɛfata.
● ƆMANSIN NHYIAM HOROW
February 13, 14: Ɔmansin 12A wɔ Nkawkaw
February 13, 14: Ɔmansin 15 wɔ Nsawam
February 20, 21: Ɔmansin 12B wɔ Tease
February 27, 28: Ɔmansin 7 wɔ Mampong-Ashanti
February 27, 28: Ɔmansin 23 wɔ Suhum
● BETEL ADWUMAYƐ BERE: Afei de wobue Betel ɔsram no mu Memeneda biara, efi anɔpa 8:00 kosi awia 12:00. Yemmue Memeneda awiabere. Wɔ dapɛn no mu no yebue fi anɔpa 8:00 kosi awia 12:00 ne afei awia 1:00 kosi anwummere 5:10. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no, wɔato Betel dedaw a ɛwɔ Osu no mu. Enti ɛsɛ sɛ ahɔho nyinaa ba Betel foforo a ɛwɔ Nungua no.
● Yɛrehyɛ asafo ahorow a wonnya mfaa wɔn sika nkɔtoo sikakorabea no nkuran sɛ wɔnyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn sika a wɔde rebrɛ yɛn no afa sikakorabea. Eyi ma yɛn adwuma no yɛ mmerɛw kɛse na ɛtew asiane a ɛwɔ hɔ sɛ esiane nsɛmmɔnedi nti mo sika a mode rebrɛ yɛn no betumi ayera no so.