Yɛn Asɛnka Adwuma Mu Atirimpɔw No A Yɛremma Yɛn Werɛ Mfi
1 Wɔ mmeae pii nnɛ no ebia ɔdawurubɔfo bi bedi dɔnhwerew biako anaa nea ɛboro saa wɔ asɛnka mu a ɔrenhyia obiara a n’ani gye ho ankasa anaasɛ ɔremma nhoma biara. Ebia na nnipa kakraa bi na wɔwɔ fie, anaasɛ sɛ obi wɔ fie mpo a ebia ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ ɔwɔ n’ankasa asɔre na n’ani nnye ho sɛ ɔbɛyɛ nsakrae biara. Ebia ɔfoforo bɛka sɛ: “Moreyɛ adwuma pa, nanso me som no ma me nhoma a mihia nyinaa.” Sɛ ɛba saa a, so yɛka sɛ “Meda wo ase” ara kwa na yɛkɔ ɔpon a edi hɔ no ano, anaasɛ anyɛ yiye koraa no yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ atirimpɔw a enti yɛkɔe no mu?
2 Yesu hyiaa nsɛnnennen a ɛtete saa ara wɔ ne som adwuma no mu. Bere a Farisifo no asuafo bi kae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ woyɛ ɔnokwafo, na wokyerɛ Onyankopɔn kwan nokware mu” no, wantwentwɛn ne nan ase sɛ obedi adanse a etu mpɔn na nea ɔkae no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wamma wɔn adɛfɛdɛfɛsɛm no ansiw adanse a obedi akokoduru so no kwan.—Mat. 22:15-22.
EGYE NTƐMPƐ KƐSE NNƐ
3 Da bi yɛbɛkɔ wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no nkyɛn nea etwa to. Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa a saa nsusuwii yi wɔ yɛn adwenem. (2 Kor. 6:2; Yes. 55:6) Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ Yehowa “aweredi da” no abɛn, na ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ma wohu nkwagye kwan koro pɛ no.—Yes. 61:1, 2; Hes. 33:8, 9.
4 Sɛ wode nhoma a yɛde rema mprempren no rema, woreyɛ nsɛmma nhoma adwuma, anaasɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, nnyae sɛ wode nidi, anifere, ne su pa bɛka nokware no ho asɛm. Kyerɛ obu a ɛfata ma ofiewura no bere nyinaa, na wɔ bere koro no ara mu no, yɛ nea ntease wom a wubetumi nyinaa fa boa ofiewura no ma ɔnte atirimpɔw a enti wobaa hɔ no ase.
YƐN ATIRIMPƆW NO HO A YEBEDU WƆ MAY MU
5 Wo nsɛm a edi kan no ho hia kɛse. Nea woka wɔ wo nnianim asɛm no mu taa kyerɛ sɛ ebia wubenya ofiewura no adwene na woatumi atoa nkɔmmɔbɔ no so anaa. Nyiyiano a abu so wɔ mo mpɔtam hɔ no bi ne nea ɛwɔ he? Ebia eye sɛ wobɛbɔ eyi mu biako so wɔ wo nnianim asɛm no mu.
6 Sɛ nhwɛso no, sɛ nkurɔfo a wɔwɔ mo asasesin no mu no ani wɔ nyamesom so na wɔtaa yɛ asasesin no mu adwuma a, wubetumi aka sɛ: “Ɛda adi sɛ wunim sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Sɛ wokɔ asɔre ahorow a ɛwɔ ha yi mu bi a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ yɛtaa ba mo nkyɛn no. [Ma ɔnkasa.] Asɛnnennen biako a ɛho asɛm haw yɛn ne abusua a asɛe wɔ wiase nyinaa no. World Book Encyclopedia kae sɛ: ‘Anibuei horow anya nkɔso anaasɛ akɔ fa, esiane sɛ ebia na abusua nhyehyɛe no mu yɛ den anaasɛ emu nyɛ den nti.’” Efi ɛno so no, dan kɔ Genesis 1:27, 28 so.
7 Wɔka abusua mu nsɛnnennen ho asɛm wɔ April ne May Watchtower, ahorow no mu. Enti, bere a woakenkan Yesaia 48:17, 18 akyi no, si no pi sɛ Ɔwɛn-Aban aboa mmusua ɔpepem pii ma wɔanya asetra a anigye ne abasow kɛse wom. Ebia wobɛpɛ sɛ woka sɛnea aboa w’ankasa no ho asɛm. Ka nsɛntitiriw a ɛwom no biako mu asɛm tiawa na ma onipa no nhu sɛ obetumi anya Ɔwɛn-Aban no ma afa n’adaka mu afe mũ a ne bo yɛ ¢600.00 pɛ.
8 “Bere a aka no so ahuan.” (1 Kor. 7:29, NW) Yennim hokwan dodow a aka a yɛde behu wɔn a wɔte sɛ nguan a wɔaka no. Ɛho hia sɛ wɔbɔ wɔn a wɔnkyerɛ nokware no ho dɔ no kɔkɔ. Bere a anibiannaso aka wiase no, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ne gyidi ka nokware no ho asɛm bere a bere da so wɔ hɔ yi. (Aso. 4:29, 31; 14:3) Sɛ yɛyɛ yɛn fam de de du yɛn som adwuma atirimpɔw no ho a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ “nguan” no betie Oguanhwɛfo Pa no nne.—Yoh. 10:4, 27.