Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE MAY 8
Dwom 10
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ dapɛn awiei yi nsɛmma nhoma adwuma ho nkuran. Monyɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma wɔ anibu 30 kosi 60 mu ho ɔyɛkyerɛ. Kae adawurubɔfo ma wɔnka Ɔwɛn-Aban kra ho asɛm wɔ hokwan biara mu wɔ May mu.
18 min: “Yɛn Asɛnka Adwuma mu Atirimpɔw no a Yɛremma Yɛn Werɛ Mfi.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Monyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien anaa abiɛsa a egyina Reasoning nhoma no nkratafa 13-15 so wɔ “Nna a Edi Akyiri,” “Bere a Nnipa Pii ka sɛ: ‘Mewɔ M’ankasa me Som,’” ne “Bere a Nnipa Pii ka sɛ: ‘Minni Adagyew’” ase. Hyɛ anigye a wɔde benya nsɛmma nhomakra mu kyɛfa ho nkuran.
15 min: “Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn ma Wɔanya Honhom mu Nneɛma ho Anisɔ.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔ nkyekyem 7 akyi no, ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔto nsa frɛ Bible suani ma onya asɛnka mu kyɛfa ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 15
Dwom 91
12 min: Asafo nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata. Sika akontaabu. Fa ntoboa ahorow a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka ka ho na kamfo anuanom wɔ honam fam mmoa a wɔde ma asafo no ho. Ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ nsɛmma nhomakra ho ɔyɛkyerɛ a ɔde toa asɛm a edi akyiri wɔ Yesaia 48:17, 18, sɛnea Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no kyerɛ no mu.
15 min: Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Kristofo di Nokware. Ɔkasa a egyina February 15, 1988 Watchtower mu nsɛm a edi anim no so.
18 min: “Bere a Yɛde Besi hɔ Ama Teokrase Nsiesiei.” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo nka sɛnea wobetumi ahyɛ anigyefo afoforo nkuran ma wɔasiesie wɔn ho yiye ama wɔn dapɛn biara Bible adesua no. Fa kyerɛw nsɛm a wɔafa aka no ho nsɛm ka ho.
Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 22
Dwom 203
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Asemmisa Afã. Fa wɔn a wɔatumi anya nsɛmma nhomakra wɔ May mu no osuahu ka ho. Hyɛ nsɛmma nhoma adwuma dapɛn awiei yi ho nkuran.
18 min: Ɔkwan Bɛn so na Yebetumi Aboa Yɛn Akwampaefo No? Ɔkasa a egyina krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu ne March 1, 1982 Watchtower mu asɛm a ɛne “Yehowa Hwɛ Ne Bere Nyinaa Asomfo Dɔm No” no mu nsɛntitiriw so. Akwampaefo hia yɛn mmoa na wɔkyerɛ ho anisɔ. Si nea mo asafo no betumi ayɛ de nkuranhyɛ ne mmoa ama no so dua.
15 min: Ɔsom adwuma sohwɛfo bisabisa anuanom a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so no nsɛm. (om-TW krat. 124) Ma wontĩ wɔn dwumadibea no adwumayɛ mu tiawa. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa biakoyɛ ho hia no mu. Hyɛ nneɛma atitiriw bi a wɔkra a wɔbɛkra afa asafo no so mmom sen sɛ wɔbɛkra afi Asafo ti no hɔ tee, nsɛmma nhoma a wɔahyɛ a wobegye daa, nsɛmma nhoma a wogye mu nsakrae biara a wobedi kan abɔ ho amanneɛ ntɛm, ne nea ɛkeka ho ho nkuran. Fa adwuma a asafo mu asomfo yɛ ma asafo no ne adawurubɔfo no biakoyɛ wɔ nsɛm a ɛho hia yi mu no ho nsɛm a wɔde kyerɛ anisɔ ka ho.
Dwom 233 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE MAY 29
Dwom 130
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo a ‘yɛde bɛma dapɛn yi a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ tiaa. Fa biako biara mu asɛm bi a ɛbɛkanyan anigye wɔ mo mpɔtam hɔ di dwuma. Hyɛ June mu Kwasida a edi kan mu asɛnka ho nkuran.
18 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkratawa a Yɛde Bedi Dwuma wɔ Hokwan Biara mu So.” Fa nkratawa a wɔde di dwuma wɔ bɔnnɔ so adansedi wɔ sukuu ne adwumam ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa ka ho.
15 min: “Ka Asɛm Daa, Fa W’akontaabu Ma Ntɛm Ara.” Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo di ho dwuma.
Dwom 55 ne mpaebɔ a wɔde wie.