Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 6
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 13
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 20
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 27
  • DAPƐN A EFI ASE JULY 4
Yɛn Ahenni Som—1988
km 6/88 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JUNE 6

Dwom 186

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa ɔsram no mu Memeneda a ɛto so abien. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo bɛma anibu 30 kosi 60 mu ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Anigye Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ɛdefa nkyekyem 3 ho no, yɛ ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw a ɔreboa obi a ɔyɛ foforo ma wasiesie asɛm a ɔbɛka akyerɛ a ɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ne Reasoning nhoma no di dwuma ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: “Bɔ Ɔsom Kronn ho Mmɔden.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ne 4 ho a, yɛ sɛnea wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a yɛde rema no di dwuma ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 13

Dwom 23

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de.

20 min: “Kyerɛ Adesuafo Sɛnea Wɔde Bible no Bedi Dwuma.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Wɔ nkyekyem 3 akyi no, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɔdawurubɔfo bi reboa Bible suani ma wahwehwɛ kyerɛw nsɛm ahorow. Dan kɔ Bible nhoma a wɔahyehyɛ so na kyerɛkyerɛ sɛnea wɔhwehwɛ no mu. Kyerɛ no faako a Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm no fi ase na ewie ne sɛnea wɔakyekyɛ Bible nhoma ahorow no mu ayɛ no atiri ne nkyekyem no. Kyerɛ no faako a Genesis ne Adiyisɛm ne Nnwom wɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde “Bible Words Indexed” (NW) no di dwuma no mu.

15 min: “So W’adema yɛ Afɔrebɔ?” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 1, 1987 Watchtower, nkratafa 28-31 no so.

Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 20

Dwom 139

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba foforo mu no ho. Yɛ anibu 30 kosi 60 mu ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔasiesie no yiye abien, wɔde Ɔwɛn-Aban di dwuma biako mu na wɔde Nyan! di dwuma wɔ foforo no mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma adansedi Memeneda yi mu kyɛfa.

20 min: “Boa Mmofra ma Wonnya Mfaso Pii Mfi Nhyiam Horow Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa mmofra a wobisabisa wɔn nsɛm ka ho. Dɛn na wosua wɔ nhyiam horow ase ne wɔ wɔn kokoam adesua mu? Osuahu ahorow bɛn na wɔanya wɔ asɛnka mu? Kyerɛ mfaso horow a ɛwɔ mmofra a wɔde wɔn kɔ nhyiam horow ase, wɔne wɔn sua ade na wɔde wɔn kɔ asɛnka so no.

15 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Nhomakorabea.” Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ne atiefo bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ na wɔma asɛm no fa mo asafo no ho.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 27

Dwom 30

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa nsɛm a wɔde kyerɛ asafo no sika fam mmoa ho anisɔ ka ho. Kenkan ntoboa biara a wɔde kɔmaa Asafo ti no a wɔkyerɛ sɛ nsa aka no.

15 min: Ɔkasa a egyina “Fafiri ho Asuade” a ɛwɔ March 1, 1988 Watchtower, nkratafa 8 ne 9 no so. Ma ɛmfa mo asafo no ho.

20 min: Asafo mu ahiade. Sɛ ahiade bi a egye ntɛmpɛ nni hɔ a, munsusuw mo Ahenni Asa no tebea ho. So wɔasiesie no kama? So emu ne ɛho tew? So moresi bi? Ɔkwan bɛn so na wotua adwuma no ho ka? So ntoboa no ba daa?

Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JULY 4

Dwom 65

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Afei nso, Asemmisa Afã.

20 min: “1988 ‘Ɔsoro Atɛntrenee’ Ɔmantam Nhyiam.” Fa asemmisa ne mmuae susuw nkratafa abien krataa a ɛhyem no ho. Ɛsɛ sɛ nhyiam nsɛm sohwɛfo di ho dwuma. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw no nkutoo. Kanyan Tamale nhyiam no ho anigye.

15 min: Nhoma a yɛde bɛma June ne July. Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo a ɔyɛ nsi ne atiefo bɔ nea yɛde bɛma no ho nkɔmmɔ, ɔhyɛ nsɛntitiriw a ɛfata ma mo asasesin no ho nyansa, na ɔde simma anum yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛnea wɔde nea yɛde rema no bɛtõa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a wɔahyɛ ho nyansa June mu no mu.

Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena