Teokrase Ɔsom Sukuu Nhomakorabea
1 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Timoteo sɛ ‘ɔmmata akenkan, afotu ne ɔkyerɛkyerɛ ho, ɔmmɔ eyinom ho mmɔden na ɔnkeka ne ho wɔ ho na ne nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.’ (1 Tim. 4:13, 15) Ɔkwan biako a yebetumi afa so de saa afotu yi adi dwuma ne denam yɛn ankasa adesua ne nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ so. Teokrase nhomakorabea pa betumi aboa yiye wɔ eyi yɛ mu. Eye sɛ yebenya yɛn ankasa nhomakorabea wɔ fie. Nanso ebia Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so benya nhwehwɛmuyɛ nhoma afoforo, titiriw ama afoforofo a wɔn ankasa nni nhoma dedaw ahorow bi no.
2 Wɔ 1944 mu no wɔhyɛɛ asafo ahorow nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea wɔ Ahenni Asa so. Ná nhomakorabea no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa asuafo ma wɔn nsa aka Asafo ti no nhoma ne nhoma afoforo a wɔde yɛ nhwehwɛmu a eye ma nhwehwɛmuyɛ ne Bible sua a nsa rentumi nka bi wɔ ɔkwan foforo bi so no.—Aso. 17:3.
NEA WƆDE BƐKA HO
3 Nhoma bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde gu Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea hɔ? Esiane sɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa yɛn wɔ Bible sua mu nti, ɛsɛ sɛ wɔde Asafo ti no nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren ne Bible nkyerɛase ahorow ahorow ka ho. Afei nso, wobetumi de nsɛm asekyerɛ nhoma a eye aka ho. (Hwɛ Asemmisa Afã, September 1972 Ahenni Som mu.) Watch Tower Publications Index 1930-1985 a wɔasiesie ama nhwehwɛmuyɛ ne adesua no yɛ ade titiriw wɔ teokrase nhomakorabea. Nanso, wonni nhoma ahorow a wɔdan adwene kɔ so wɔ Index no mu no nyinaa wɔ Ahenni Asa pii so. Nea ɛbɛyɛ na nsa aka nneɛma pii nti no, Asafo ti no reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsan atintim Watchtower bound volume ahorow fi 1960 kosi 1979 mfe no mu wɔ Engiresi mu nkutoo. Eyi bɛma wɔanya nea eye pii aka Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea a wonni eyinom bi dedaw no ho.
4 Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo no na nhomakorabea no hyɛ ne nsa. Wobetumi de ahyɛ asafo mu ɔsomfo bi nsa ma waboa no wɔ ɛsohwɛ mu. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no ani gye ho sɛ ɔbɛboa afoforofo ma wɔasua sɛnea wɔde nhomakorabea no bedi dwuma de anya mfaso kɛse. Ɛsɛ sɛ ɔma n’ani da hɔ na ohu sɛ wɔde nhoma afoforo a ɛfata aka ho ne sɛ wɔahyɛ nhoma no nsow yiye sɛ ɛyɛ asafo no agyapade. Ɛsɛ sɛ obiara boa sukuu sohwɛfo no ma nhomakorabea no mu tew na ɛyɛ nea wɔahyehyɛ no kama. Sɛ wowɔ nhoma bi a wopɛ sɛ wode kyɛ nhomakorabea no a, ɛnde wubetumi ama sukuu sohwɛfo no ahu nea wowɔ no.
MONHWƐ SO YIYE
5 Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ nhyehyɛe ahwehwɛ nhomakorabea no mu bere ne bere mu de ahwɛ sɛ biribiara ye ne sɛ wɔadi nea ɛsɛ sɛ wosiesie anaasɛ wɔde bi hyɛ ananmu biara ho dwuma. Fa nhomakorabea no mu nhoma biara di dwuma ansa na wɔafi nhyiam ase anaasɛ ɛno akyi a wunsuro. Nanso ɛnsɛ sɛ wɔfa nhoma biara fi Ahenni Asa no so kɔ. Sɛ ahiade titiriw bi wɔ hɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ wɔne sukuu sohwɛfo no susuw asɛm no ho. Sɛ nea ɛboro asafo biako na wohyia wɔ Ahenni Asa bi so a, ɛsɛ sɛ asafo biara nya n’ankasa Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea.
6 Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea no di atirimpɔw bi a mfaso wɔ so ho dwuma. Bere a yɛde saa nsiesiei yi di dwuma de yɛ nhwehwɛmu no, yebetumi anya Onyankopɔn Asɛm a ɛma nimdeɛ, nyansa, ne ntease no mu ‘akorade a ahintaw’ a yebuebue so no mu anigye.—Mmeb. 2:4-6.