Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma August: Nhoma ketewa biara a wotintimii ansa na 1980 reba anaasɛ wɔ saa afe no mu de agye bo a ɛwɔ Cost List so no fã. Yɛhyɛ nyansa sɛ fa abien ma fa gye ¢150. Akwampaefo betumi agye bi ¢50 wɔ ɔsatu no mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no kae sɛ wobebisa nea adawurubɔfo gyei a ɛsɛ sɛ wɔtew fi wɔn ka so no ma asono nea akwampaefo gyei. Yɛsrɛ mo momfa Remittance and Credit Request (S-20) nkratasin a ɛsono nni dwuma. September: Nhomawa a ɛwɔ nkratafa 32 a ne kɛse te sɛ nsɛmma nhoma a edidi so yi mu biara de agye ¢50: Nya Asetra mu anigye wɔ Asase so Daa!, The Divine Name That will Endure Forever, anaasɛ Nniso a Ɛde Paradise Bɛba. Sɛ́ nea wɔpɛ a wobetumi de ama no, asafo ahorow a wɔwɔ nhoma dedaw a ekura nkratafa 384 no biara te sɛ Daa Nkwa—Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu, “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni mu Atoro,” “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How?, “Babilon the Great Has Fallen!” God’s Kingdom Rules!, ne “Then Is Finished the Mystery of God” no betumi de ama de agye bo a wɔatew so a ɛyɛ ¢100. Akwampaefo betumi agye bi ¢50. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no de Remittance and Credit Request (S-20) nkratasin abien mana a wɔahyehyɛ nea akwampaefo gyei ne nea adawurubɔfo gyei wɔ ɔsatu a ɛwɔ atifi hɔ no mu no biara nko wɔ so. Ɛsɛ sɛ wɔde nea wobebisa sɛ wɔntew mfi wɔn ka so no ba September awiei. Bo a wɔatew so no fa nhoma dedaw ahorow a wotintim no krataa a ɛnyɛ papa biara so no nkutoo ho. Wɔresan atintim nhoma ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no mu bi wɔ krataa a eye so. Ɛnsɛ sɛ wɔde eyinom ma wɔ bo a wɔatew so no so. October: Life—How Did It Get Here! By Evolution of by Creation? de agye ¢380. November: Afe biako Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaa n’abien no nyinaa kra.
● Asafo biara nsa bɛka Literature Inventory nkratasin abiɛsa na ɛsɛ sɛ mokan nhoma a mowɔ nyinaa. Ɛsɛ sɛ wodi ne kan no ho dwuma ntɛm ara September 1. Yɛsrɛ mo monhyehyɛ nkratasin no nyinaa na momfa nea edi kan no mmana Asafo ti no ansa na September 6, 1988 adu. Momfa nea ɛto so abien no nsie mo nneɛma mu. Yɛde nea ɛto so abiɛsa no rebrɛ mo na mode adi dwuma bere a moreyɛ ho adwuma no.
● Ɛsɛ sɛ ɔsom boayikuw no hyehyɛ Congregation Analysis Report kratasin (S-10) no na wɔde nea edi kan no mana Asafo ti no ansa na September 6 adu. Yɛsrɛ mo monhwɛ sɛ mode amana ntɛm. Monhwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ, na munni akwankyerɛ a ɛwɔ kratasin no so no so pɛpɛɛpɛ. Nea edi kan no nkutoo na momfa mmana Asafo ti no. Momfa nea ɛto so abien no nsie mo nneɛma mu.
● Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ 1988 ɔsom afe no mu. Hwɛ sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa na wode w’akontaabu aba ntɛm. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ sɛ ɔde asafo no akontaabu no amana ntɛm September 6 denam “SPECIAL EXPESS” nhyehyɛe no so, sɛ ɛnyɛ nea obi de bɛba a. Fa w’akontaabu bra ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde wo de no bɛka 1988 Afe Akontaabu no ho.—Yɛsrɛ mo monhwɛ May 1988 Yɛn Ahenni Som no kratafa 2.
● Wɔkyerɛ sɛ nsa aka asafo ahorow no ntoboa biara a wɔde ma sɛ wɔmfa ntrɛw Ahenni adwuma no mu ne Asafo ti Ahenni Asa Ntoboa anaasɛ ntoboa titiriw biara a wɔde di atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma no wɔ Asafo ti no sika akontaabu a wɔde mana asafo ahorow nyinaa ɔsram biara no so. Nsɛm a wɔde kyerɛ anisɔ ka eyinom a wɔkyerɛ sɛ nsa aka no ho. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani hwɛ eyi na ɔma wɔka ho asɛm kyerɛ asafo no bere a wɔde sika akontaabu rema no. Asafo ti no pɛ sɛ anuanom no hu sɛ nsa ka wɔn ntoboa horow no na wɔkyerɛ ho anisɔ.