Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 8
Dwom 57
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ nsɛm a ɛfata a wɔbɛka de nsɛmma nhoma a aba foforo ama ho nyansa, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya nsɛmma nhoma adwuma Memeneda a ɛto so abien wɔ August mu mu kyɛfa.
20 min: “Nyi Wo Nsa Mfi Ho.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ne atiefo susuw asɛm no ho. Hyɛ akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔwɔ ahoɔden nyinaa nkuran sɛ wonsusuw kyɛfa a wobenya wɔ ɔmantifi asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma titiriw no mu no ho. Dɛn na asafo no reyɛ de ahyɛ nkuran na wɔde aboa ama pii aso ɔsom hokwan yi mu? Bisabisa nnipa baanu anaa baasa a wɔwɔ mo asafo no mu a wɔanya saa ɔsom yi mu kyɛfa bere a atwam mu no nsɛm, sɛ ebi wɔ hɔ a. Afei nso, so mo asafo no wɔ asasesin a wɔntaa nyɛ mu adwuma? Dɛn na wobetumi ayɛ de ayɛ mu adwuma fefeefe ne wɔ ano wɔ ano? Ma asɛm no mfa mo asafo no ho.
15 min: Nya Ɔsom Adwuma Kyerɛwtohɔ Pa. Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa onua foforo a ɔfata ma. Akwantu ne tebea afoforo a ɛba mpofirim betumi atwitware ɔsom adwuma nhyehyɛe pa ananmu. Boa anuanom ma wonhu hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ asɛnka daa bere a wɔatu kwan mpo no. Fa nyansahyɛ ahorow a eye ma. Wobetumi aboa wɔn a wɔyare mpo ma wɔabu asɛnka ho akontaa. Kamfo anuanom no sɛ wɔayɛ wɔn ade fɛfɛ wɔ asɛm “Ka Asɛm Daa, Fa W’akontaabu ma Ntɛm Ara” a epuei wɔ May Yɛn Ahenni Som mu no ho. Nea efii mu bae ne sɛ yenyaa dodow nkɔanim foforo May mu. Monkɔ so saa ara. Hyɛ nhyiamkɔ ne asɛnka a wɔbɛkɔ bere a wɔatu kwan rekɔyɛ adwuma bi anaasɛ wɔrekogye wɔn ahome no ho nkuran. Afei nso, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ sɛnea wɔde nhoma a yɛde rema mprempren no bɛma wɔ afie afie adwuma mu no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 15
Dwom 72
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de a wɔapaw. Sika akontaabu. Kyerɛ asafo no sika fam mmoa ho anisɔ. Fa ntoboa biara a mo asafo no de akɔma Asafo ti no a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka no ho.
20 min: “Ma a Wobɛma Animtew mu sɛ Ɔkwampaefo.” Nsemmisa ne mmuae. Fa simma anum a edi akyiri no bisabisa adawurubɔfo a wɔrefi ase ayɛ akwampaefo aboafo ɔsram yi anaa nea ɛbɛba no mu no nsɛm. Anaasɛ bisabisa daa akwampaefo a wofii ase sɛ akwampaefo aboafo no nsɛm. Dɛn na ɛboaa saa adawurubɔfo yi ma wɔde wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu?
15 min: Asafo mu ahiade. Sɛ ahiade pɔtee biara nni hɔ a, ɔhwɛfo guamtrani anaa ɔsom adwuma sohwɛfo betumi de mo asafo no ɔsom adwuma nkɔso ho amanneɛbɔ ne ɔkasa a ɛhyɛ nkuran ama. Fa asasesin mu adwumayɛ, nnɔnhwerew nkyekyem, adesua ahorow a wɔyɛ ne adesua afoforo a wɔahyɛ ase, dodow a wɔayɛ akwampae adwuma wɔ ɔsom afe no mu, ne nea ɛkeka ho ka ho. Kamfo anuanom no wɔ adwuma pa a wɔreyɛ no ho. Momfa mo akontaabu mmra ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de aka afe awiei ɔsom akontaabu no ho.
Dwom 192 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 22
Dwom 26
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Nsɛm a ɛfata a wɔbɛka de nsɛmma nhoma ama Memeneda yi ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien anaa abiɛsa. Atiefo betumi de nkɔmmɔbɔ nsɛm bi ho nyansahyɛ aka ho sɛnea bere ma kwan.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Afie Afie.” Nsemmisa ne mmuae. Fa mo hɔ osuahu tiawa bi a wɔasiesie no yiye yɛ asɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 3 mu no ho nhwɛso. Bere a moasusuw nkyekyem 4 ho awie no, ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔasiesie wɔn ho nka sɛnea wɔn ankasa anya mfaso afi afie afie adwuma no a wɔde wɔn ho hyem no mu nkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnhyehyɛ bere dapɛn biara mma afie afie adansedi na wɔmfa nhoma mma daa.
15 min: “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma.” Ɔkasa a emu yɛ hyew a akwan a wɔbɛfa so de saa nsɛm yi a epue wɔ Ɔwɛn-Aban mu no adi dwuma no ho nhwɛso ka ho. So awofo de nsɛm yi reboa mmofra ma wɔanyin wɔ Yesu ho dɔ ne anisɔ ma nea ɔyɛ maa adesamma no mu? Mpanyimfo nso nya mfaso fi saa nsɛm yi ho a wosusuw no mu. Sɛnea bere ma kwan no, ma wɔnka osuahu ahorow a wɔapaw a ɛfa nsɛm yi a wɔde dii dwuma no ho nkyerɛ.
Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 29
Dwom 71
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Hyɛ adawurubɔfo no nkuran ma wɔnkɔ asɛnka Kwasida a edi kan September mu. Ma wɔnka osuahu ahorow a ɛfa nhoma dedaw ahorow a wɔde memae wɔ afie afie no ho a wɔadi kan apaw nkyerɛ.
20 min: “Nya Reasoning Nhoma no mu Mfaso Horow no Bi.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa mo hɔ osuahu ahorow ntiantia frafra mu fa yɛ Reasoning nhoma no dwumadi a wɔahyɛ ho nyansa no ho nhwɛso. Sɛnea bere ma kwan no, ma adawurubɔfo nka sɛnea Reasoning nhoma no a wɔde di dwuma no ama wɔanya nkɔso wɔ wɔn asɛnka adwuma mu no ho asɛm.
15 min: “Mmofra Bisa Sɛ . . .” Ɔpanyin hwɛ adawurubɔfo mmofra bi a wɔyɛ nhwɛso pa nkɔmmɔbɔ a ɛfa sɛnea saa nsɛm yi a epue wɔ Nyan! mu no som bo ho no so. Wobetumi de sɛnea wɔn ankasa anya mfaso afi saa nsɛm yi mu anaasɛ sɛnea wɔde aboa afoforo no ho nsɛm aka ho.
Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.