Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma October: Life—How Did It Get here? By Evolution or by Creation? de agye ¢380. November: Afe biako Nyan! anaasɛ Ɔwɛn-Aban anaasɛ n’abien no nyinaa kra. December: New Translation Bible no ne “Kingdom Come” nhoma no. January: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. Wɔ Ga mu no mubetumi de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama.
● Asafo ahorow a wɔwɔ nhoma ahorow a ekura nkratafa 384 te sɛ “Nneɛma a Onyankopɔn Ntumi Nni mu Atoro,” “The Nations Shall Know That I Am Jehovah”—How? ne nea ɛkeka ho a wotintimii wɔ krataa a ɛnyɛ papa biara so no betumi de amema de agye bo a wɔatew so a ɛyɛ ¢100. Akwampaefo betumi agye bi ¢50. Yɛsrɛ mo monkae sɛ mode Remittace and Credit Request nkratasin (S-20) a ɛsonsonoe a ɛkyerɛ nea akwampaefo gyei ne nea adawurubɔfo gyei bɛmana sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahu nea ɛsɛ sɛ wɔtew fi mo ka so no yiye.
● Asafo ahorow ne akwampaefo a wɔreyɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma no betumi ama wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ bere a wɔde bɛyɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma no mu.
● Yɛn nsa nnya nkaa asafo ahorow binom Congregation Analysis Report ne Pioneer Information Report no. Yɛrekae asafo ahorow a ɛtete saa no ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhyehyɛ nkratasin no ntɛm ara na wɔmfa nea edi kan no mmana Asafo ti no. Anka ɛsɛ sɛ edu ha ansa na September 6 adu.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase gyigye wɔn a wɔpɛ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1989 no bi no din afei. Monhyehyɛ nea wɔbɛkra no wɔ Literature Order kratasin (S-14) a wɔde di dwuma daa no so na momfa mmana mma ɛmmɛka Asafo ti no nsa ansa na October, 1988 aba awiei. Mo nsa bɛka eyi bi wɔ Ghana baa dwumadibea ha wɔ Engiresi, Twi, Ewe, ne French kasa mu. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ Kyerɛwsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1989 a ɛwɔ Twi, Ewe ne French kasa mu a wɔbɛkra no “Other Language Publications” ase wɔ krataa a wɔde kra no so, na wɔkyerɛ dodow a wɔpɛ wɔ kasa no biara mu ne afe 1989 no nso. Eyi yɛ controlled stock nneɛma enti ɛnsɛ sɛ mokra gu hɔ. Mmom no, monkra nea wobebisa nkutoo. Wɔde eyi bɛka mo nhoma ka ho a biako yɛ ¢50 a ɛyɛ adawurubɔfo bo. Daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw a woni ase ansa na July 1, 1988 reba no betumi agye biako kwa. Wobetumi agye bi aka ho wɔ akwampaefo bo a ɛyɛ ¢50 so. Yɛsrɛ mo momfa kratasin foforo a mode rekra bi ama akwampaefo kwa mmra. Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw so “FREE COPIES FOR PIONEERS.” Afei monkyerɛw akwampaefo a wɔfata sɛ wogye bi kwa no nyinaa din wɔ S-14 kratasin no so baabiara a mubenya kwan. Wɔremfa nea mobɛkra ama akwampaefo no nka mo ka ho koraa. Yɛde nea moakra no bɛto hɔ akosi sɛ yɛn nsa bɛka nhomawa no enti sɛ ɛkyɛ a ɛho nhia sɛ mosan kra. Sɛ MUHIA BI AKA HO a. mubetumi de kratasin foforo aba nanso monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw so “ADDITIONAL ORDER.” Yebedi nea morekra aka ho no ho dwuma mpɛn dodow a yɛda so wɔ bi wɔ hɔ no.
● Wɔafi adwuma a edi nhyiam anim no ase dedaw wɔ Accra, Kumasi ne Sekondi de reyɛ ahoboa ama “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam nhyiam horow no. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wobɛtoto wo nneɛma na woakɔboa adwuma a edi nhyiam anim no kɛse.
● Wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔba Betel nyinaa, a akwampaefo atitiriw ne ahwɛfo akwantufo ka ho, di kan kɔ faako a wogye ahɔho no na wofi hɔ hwehwɛ sɛ wobedi wɔn ahiade ho dwuma.
● Yɛn telefon nɔma foforo no yɛ 7124569. Yɛsrɛ mo munsusuw mfa telefon no nni dwuma. Sɛ ɛnyɛ asɛm bi a egye ntɛmpɛ a, yɛpɛ mmom sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔne ankorankoro a wɔwɔ Betel kasa no frɛ wɔn anwummere 5:30 ne 9:00 ntam hɔ.
● Nhoma a Ebi Aba Bio:
Kenkan Mfiase nhoma—Twi, Ga, Ewe
Bible mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ—Twi
Kasɛt Forofo a Ebi wɔ Hɔ:
Hesekiel—Engiresi