Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 10
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 17
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 24
  • DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 31
Yɛn Ahenni Som—1988
km 10/88 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 10

Dwom 79

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a ɛfata ne “Nsiesiei ma Akwampaefo.”

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Creation Nhoma no So.” Nsemmisa ne mmuae; Fa sɛnea wɔde Creation nhoma no bɛma abofra ho ɔyɛkyerɛ tiawa ka ho. Afei nso, yɛ nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem 4-6 mu no ho ɔyɛkyerɛ ntiatiaa. (Fi ɔyɛkyerɛ no ase bere a wɔakenkan Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu kyerɛwsɛm a etwa to no awie no.) Fa mo hɔ osuahu ahorow a ɛfa Creation nhoma no a wɔde ama ho wie.

15 min: Mmofra​—So Mubetumi Ayɛ Bible Adesua? Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Ka mmofra a wonnii mfe 20 a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn mu dodow a wɔne afoforo yɛ adesua ho asɛm kyerɛ asafo no. Munsusuw faako a wobetumi anya nkɔso ho. Mmofra a wonnii mfe 20 no betumi de Creation anaa Youth nhoma ne wɔn mfɛfo sukuufo afi adesua ase. Wubetumi ama mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa aka osuahu ahorow akyerɛ. Paw kakraa bi a ɛfata. (Hwɛ yb88 krat. 58 nky. 1-3: w84 4/1 krat. 30 nky. 4; yb71krat. 150 nky. 1.) Mmofra nkumaa betumi de Bible mu Nsɛm anaa Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no afi ase. (Hwɛ yb75 krat. 13 nky. 4; yb70 krat. 93 nky. 2.) Mmofra betumi abɔ mmɔden sɛ wɔne nnipa a wohyia wɔn asɛnka mu no befi adesua ase. (Hwɛ w82 1/1 krat. 24 nky. 7; yb71 krat. 264 nky. 2.) Sɛ mowɔ eyi ho osuahu ahorow wɔ mo hɔ a, fa yɛ asɛm no ho nhwɛso.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 17

Dwom 128

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Ka ntoboa a wɔde kɔmaa Asafo ti no a wɔakyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kenkan “Ɛbɛba Ɔsram-fã Biara, Ɛne Borɔfo de Behyia!” na ka ho asɛm. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram no mu ho nkuran. Hyɛ nkɔmmɔbɔ nsɛmti a ɛfata ho nyansa sɛnea bere ma kwan.

20 min: “Wie Wo Som Koraa.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ne 4 ho a, dan kɔ Index no mu wɔ “TERRITORY” ase, asɛmti ketewaa “coverage,” asɛmti ketewaa a ɛwɔ mfinimfini “repeated” so pɛ osuahu ahorow a ɛfata a ɛfa mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde afie afie kyerɛwtohɔ di dwuma ho no so. Wubetumi de mo hɔ osuahu ahorow a wɔasiesie adi dwuma.

13 min: Yɛn Asafo no Dwumadi. Ɔhwɛfo guamtrani ne asafo no bɔ asafo no adwuma wɔ ɔsom afe a etwaam no mu ho nkɔmmɔ. Fa Congregation Analysis Report(S-10) no di dwuma sɛ nea wugyina so de kyerɛ faako a munyaa nkɔso ne nea ehia sɛ mode adwene kɔ so. Fa nsɛntitiriw a ɛfata a ɔmansin sohwɛfo kaa ho asɛm wɔ ne nsrahwɛ a etwa to mu no tõa mu.

Dwom 166 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 24

Dwom 194

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

17 min: “Fi Bible Adesua Ase​—Ɛnnɛ ne Bere Pa.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛdefa nkyekyem 3 ho no, ma ɔdawurubɔfo a ɔbɔ mmɔden nyɛ nnianim asɛm a ɛto so abien wɔ “Home Bible Studies” ase wɔ Reasoning nhoma no kratafa 12 no ho ɔyɛkyerɛ. Bere a moasusuw nkyekyem 5 ho awie no, fi ɔyɛkyerɛ foforo a ofiewura de ɔpɔw pow nhoma a wɔde ma no ase. Afei ɔdawurubɔfo bisa ofiewura sɛ ebia wasusuw ho da sɛ nuklea ɔko bɛsɛe asase no anaa na ɔma obua. Afei ɔdawurubɔfo no ka sɛ ɔbɛsan aba ma wɔasusuw asɛm no ho. Ɔhyɛ nyansa sɛ ofiewura nkyerɛw kyerɛw nsɛm ahorow bi na ɔnkenkan ansa na waba. Ɛsɛ sɛ onua a ɔredi ɔfã yi ho dwuma no da ɔhyew ne anigye adi, na ɔto nsa frɛ obiara sɛ onnya Bible adesua adwuma no mu kyɛfa.

13 min: Dɛn na Yɛreyɛ wɔ Bible Adesua Dwumadi Mu? Asafo no dwumadi ho nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka Bible adesua a wɔyɛ dodow. Ɛyɛ anigye sɛ yehu sɛ anigyefo regye nokware no atom. (Aso. 11:18; 15:3) Te abusua adesua a wɔabu ho akontaa fi mu na kyerɛ Bible adesua dodow a wɔyɛ wɔ asasesin no mu. Fa nsɛmma nhoma ne nhoma a wɔde ama dodow toto sankɔhwɛ a wɔyɛ ho. So eyi yɛ baabi a wobetumi anya Bible adesua? Fa Bible adesua nkyekyem (a abusua adesua ahorow ka ho) toto ɔman no nyinaa nkyekyem ho. Fa nkamfo ne nkuranhyɛ a ɛfata ma. Wubetumi de Bible adesua asefi ne ne yɛ ho osuahu ahorow aka ho.

10 min: Monyɛ Abusua Adesua. Ɛsɛ sɛ abusua ti a wobu no di ho dwuma. Kae awofo wɔ wɔn asɛyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no ho. (Efe. 6:4) Wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛboa ama wɔ August 1, 1986 Watchtower, kratafa 28, ne April 1987 Ɔwɛn-Aban kratafa 24. Kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi abu mmofra a wɔmmɔɔ wɔn asu a wɔne wɔn yɛ abusua adesua ho akontaa no mu. (km 12/83, Asemmisa Afã, nky. 2) Bisabisa ɔwofo bi a wanya nnepa afi ne mma a ɔne wɔn sua ade daa mu no nsɛm.

Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 31

Dwom 143

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Munsiesie mo ho mma nsɛmma nhomakra a efi ase dapɛn awiei a ɛreba no. Yɛ sɛnea wɔde ne kra bɛtõa Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no mu ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnka nsɛmma nhomakra ho asɛm ɔsram no Kwasida a edi kan.

10 min: Akwampae Adwuma mu Anigye Ahorow. Bisabisa daa akwampaefo a wɔakɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no sɛnea sukuu no ho baa wɔn mfaso. (Sɛ daa akwampaefo a wɔakɔ sukuu no bi nni hɔ a, wubetumi abisabisa akwampaefo anaa wɔn a wɔayɛ akwampaefo aboafo nnansa yi asɛnka mu osuahu ahorow.)

13 min: “Bu Asɛnka ho Akontaa Pɛpɛɛpɛ.” Asafo ɔkyerɛwfo ne atiefo bɔ ho nkɔmmɔ.

10 min: Asafo mu ahiade anaasɛ ɔkasa a egyina “Ɔsomfo a Wɔahyɛ no a Wobɛyɛ​—wɔ Onyankopɔn Kwan So” a ɛwɔ June 15, 1988 Watchtower, nkratafa 28-31 so.

Dwom 196 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena