Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/88 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 14
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 21
  • DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 28
Yɛn Ahenni Som—1988
km 11/88 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 7

Dwom 193

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a ɛfata. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi ɔsram no Memeneda a ɛto so abien ho nkuran. Hyɛ nkɔmmɔbɔ nsɛmti a ɛfata ho nyansa sɛnea bere ma kwan.

18 min: “So Wode Atirimpɔw bi na Ɛreka Asɛm No?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ a atirimpɔw ne sɛ wobefi Bible adesua ase no so dua. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, ma wɔnyɛ sɛnea wobetumi aka nsɛmma nhomakra ho asɛm wɔ sankɔhwɛ mu no ho ɔyɛkyerɛ.

17 min: Mmofra​—Mommma Wɔnnnaadaa Mo. Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa. Satan de n’ani asi mmofra so titiriw. Ɔpaw wɔn a wonnyaa osuahu pii no, ɔdaadaa wɔn sɛnea ɔyɛɛ Hawa no. (Gen. 3:1) Ɔde bradato, nnaadaa, ne sɔhwɛ ahorow na ɛdaadaa mmofra. Ɔma adwene a ɛne sɛ mmofra a wɔwɔ nokware no mu no rehwere ade no nya nkɔso. (Gen. 3:4, 5) Ɔma obi nya pɛsɛmenkominya akɔnnɔ sɛ ɔbɛyɛ nea n’ankasa pɛ, obesi nea eye ne nea enye ho gyinae. Satan ma wiase no akwan te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe, sigaretnom, nnubɔnenom, wɔn a wɔnyɛ gyidifo fekubɔ, ne wiase anigyede yɛ te sɛ nea ɛyɛ fɛ. Ɔma eyinom yɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho, sɛnea duaba a na ɛwɔ dua no so no yɛe wɔ Hawa ani so no. (Gen. 3:6) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra nya wɔ saa nneɛma yi ho, na dɛn ntia? (1 Yoh. 2:15-17) Esiane sɛ wiase yi retwam nti, botae ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ mmofra di akyi? (Mat. 6:33; 24:14; 28:19, 20) Yehowa yɛ nsiesiei a ɛbɛbɔ mmofra ho ban na wɔannaadaa wɔn: Youth nhoma no, School nhomawa no, Nyan! mu asɛm “Mmofra Bisa Sɛ,” nhyiam horow, awofo, ne mpanyimfo. Dɛn nti na obi nkwa nna nyinaa a ɔde som Yehowa no ne asetra kwan a eye sen biara? (Mmeb. 27:11; Ɔsɛnk. 12:1) Sɛnea bere ma kwan no, bisabisa mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa biako anaa baanu a wɔanya akɔnnɔ ahorow a eye nsɛm. Bisa nea aboa wɔn ma wɔagyina nhyɛso ahorow a ebetumi ama wɔagyae wɔn ho mu wɔ sukuu mu no ano. Si hia a ɛho hia sɛ afoforo boa mmofra ma wɔkɔ so di nokware na wiase no annaadaa wɔn no so dua.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 14

Dwom 129

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma, ne sika akontaabu. Afei nso, “Nsɛmma Nhomakra.” Kenkan nkyekyem no nyinaa na fa nsɛm a ɛfata hyehyɛ mu.

20 min: “Yɛ Bible Adesua a Enya Nkɔso.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wobetumi agyae Bible adesua bi yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ Bible adesua dodow a wɔyɛ wɔ asafo no mu. Nkɔso bɛn na wɔanya? Fa ɔhyew hyɛ wɔn a wɔyɛ adesua nyinaa nkuran ma wɔnhwehwɛ nea efi ebiara mu ba no mu sɛnea saa asɛm yi kyerɛ no. Obiara a ohia mmoa no betumi ne ɔsom adwuma sohwɛfo anaasɛ nhoma adesua sohwɛfo no akasa.

13 min: “So Woreyɛ Betel Nsrahwɛ ho Nhyehyɛe?” Ɔhyew mu, adamfofa kwan so ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata, sɛ ɛbɛyɛ yiye a obi a wakɔ Betel foforo no mu nnansa yi, ma. Boa asafo no wɔ ayamye mu ma wonhu hia a ɛho hia sɛ wodi akwankyerɛ a wɔde ama no akyi bere a wɔkɔsra Betel no.

Dwom 161 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 21

Dwom 92

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma adwuma ɔsram no Memeneda a ɛto so anan no mu kyɛfa.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nnamyɛ so, Nanso wɔ Anifere Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ma wɔnyɛ nhwɛso a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 3 mu no biako ho ɔyɛkyerɛ a wɔde Reasoning nhoma no di dwuma.

20 min: “1988 ‘Ɔsoro Atɛntrenee’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 1-16 ho.

Dwom 2 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE NOVEMBER 28

Dwom 106

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

18 min: “Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔafi Ɔkra Nyinaa mu Asom Yehowa.” Nkɔmmɔbɔ a ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma. Ma daa ɔkwampaefo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔne Bible suani bi a ɔba nhyiam horow daa nanso ɔmpɛ sɛ ogye asubɔ kasa wɔ ɔkwan a ɛka koma so ho ɔyɛkyerɛ. Fa April 1, 1982 Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Ɛdɛn na Esiw Me Asubɔ ho Kwan?” no di dwuma. Bisabisa nnipa biako anaa baanu a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu nsɛm, bisa wɔn onii a ɔhyɛɛ wɔn nkuran na ɔboaa wɔn ma wɔyɛɛ nsakrae yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Bisa wɔn botae afoforo a wɔrepere adu ho.

22 min: “1988 ‘Ɔsoro Atɛntrenee’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 17-29 ho. Boa anuanom ma wonhu sɛ wɔhwɛ abrabɔ ne ahosiesie pa kwan fi obiara a ɔwɔ asafo no mu nkyɛn. Mubetumi aka mo hɔ nsɛnnennen biara a ɛfa nhyiam ho no ho asɛm. Sɛnea bere bɛma kwan no, munsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” no ho.

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena