Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/90 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EDI KAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
  • DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
  • DAPƐN A ƐTO SO ANAN
  • DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Yɛn Ahenni Som—1990
km 12/90 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EDI KAN

Dwom 180

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Nkaebɔ a wɔapaw afi krataa yi mu. Si nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm pɔtee a wobetumi di adwuma so dua. Kae anuanom sɛ wɔmfa wɔn Onyankopɔn Apɛde nhomawa mmra Ɔsom Nhyiam ase dapɛn a edi hɔ no.

20 min: “Onyankopɔn Asɛm a Yɛbɛkamfo Akyerɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ne 4 ho a, ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo no ho ɔyɛkyerɛ.

15 min: New World Translation Reference Bible no so Mfaso. Nkɔmmɔbɔ. Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔde Reference Bible no adi dwuma ma mfaso afi mu aba susuw nhoma yi so mfaso ho. Munsusuw New World Bible Translation Boayifo no asɛm a wɔaka wɔ kratafa 5 no ho. Si ase hɔ nsɛm, kyerɛw nsɛm afoforo a wɔtwe adwene si so, concordance (nsɛnkorɛnkorɛ a wɔahyehyɛ) abien, ne nkekaho no so mfaso so dua. Si nhoma yi a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn kokoam adesua ne yɛn ho a yesiesie ma asafo nhyiam horow no mu so mfaso so dua.

Dwom 46 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIEN

Dwom 6

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kenkan Asafo ti krataa a ɛkyerɛ sɛ nsa aka ntoboa a mode mae wɔ Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho, ne nea mode bɛtoo Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu no. Afei nso, da honam fam mmoa a mo asafo no de ma no ho anisɔ adi. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkɔ so mfi ayamye mu nyi ntoboa mmɛto Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu.

20 min: “Wo Fam De a Ɛsɛ sɛ Woyɛ wɔ Adansi Adwuma ma Daakye no Mu.” Krataa a ɛhyɛ eyi mu no mu nsɛm ho nsemmisa ne mmuae. Kamfo anuanom wɔ ntoboa a wofi ayamye mu de bɛto Asafo Ti Ahenni Asa Foto no mu ne mmoa biara a wɔn mu biara de ama mo asafo no denam wɔn fie a wɔama kwan ma mode yɛ akuw nhyiam wɔ bere a emu yɛ den yi mu no so ho.

17 min: “Bible Asuafo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Yehowa Ahyehyɛde no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 3 ho a, ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa Onyankopɔn Apɛde nhomawa no nkratafa 14 ne 15 mu nsɛm pɔtee bi nni dwuma nyɛ sɛnea wobetumi ahyɛ osuani nkuran ma waba asafo nhyiam horow ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 36 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA

Dwom 101

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Mpaebɔ So.” Ɔkasa a emu yɛ hyew a ɛkanyan anigye. Si sɛnea ehia sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae de bisa akwankyerɛ ne nhyira gu yɛn som adwuma no so no so dua.

22 min: Awofo, Monnhyɛ Mo Mma Abufuw. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a egyina January 22, 1990. Awake! nkratafa 16 ne 17, ne Abusua Asetra nhoma no ti 11 no mu nsɛmti nketewa a ɛne “Nkuran a Wobɛhyɛ Wo Ba ma Wakasa” ne “Nea Mmofra a Wɔrebɛn Mpanyin Afe so Hia a Yɛbɛte Ase” so. Si sɛnea ehia sɛ awofo te wɔn mma no mu biara ase, na wɔboa wɔn ma wonyin honhom mu ne wɔ nneɛma afoforo mu so dua. Wɔ Bible adesua awiei no, yɛ sɛnea ɔwofo kamfo ne mma wɔ wɔn mmɔdenbɔ ho ho ɔyɛkyerɛ. Ɔnam nkuranhyɛ ne mmoa a ɔde ma wɔ nneɛma a wohyia ɔhaw wom no so kyerɛ wɔn sukuu dwumadi ho anigye. Oguamtrani si sɛnea ehia sɛ wodwen abofra ahiade ho bere nyinaa so dua.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANAN

Dwom 161

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

25 min: “‘Asɛmpa no a Yɛbɛbɔ ho Ban wɔ Mmara Mu.’” Momfa nsemmisa ne mmuae nsusuw ho. Monkenkan Kyerɛw nsɛm a ɛwom nyinaa. Monkenkan nkyekyem atitiriw sɛnea bere ma kwan.

15 min: “Yɛn Bo Ase a Yɛtɔ Esiane Nkwa Nti.” Ɔkasa a egyina Yɛn Som Adwuma nhoma no ti 14 so. Si nsɛmti nketewa abien a etwa to no so dua kɛse.

Dwom 113 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A ƐTO SO ANUM

Dwom 197

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Si nhoma a yɛde bɛma January so dua. Tra Ase Daa anaa Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm mu nsɛntitiriw bɛn na yebetumi de adi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so wɔ yɛn asasesin mu? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsiesie wɔn ho sɛ wɔde nhoma yi biako anaa abien bɛma.

18 min: Nnapɔnna mu adansedi. Ɔyɛkyerɛ abiɛsa a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ Reasoning nhoma no so mfaso ne sɛnea wɔde bedi dwuma. Ka sɛnea ehia sɛ yebesiesie yɛn ho abua anoyi ahorow ne nnapɔnna pɔtee bi ho nsemmisa a ntease wom ho asɛm tiawa. (nkr. 176-82) Yɛ sɛnea wɔde (1) “Date of the Celebration” a ɛwɔ nkratafa 176-7; (2) “Is there may objection to sharing in celebrations that may have unchristian roots as long as it is not done for religions reasons?” a ɛwɔ nkratafa 178-9; ne (3) “Are New Year’s celebrations objectionable for Christians?” a ɛwɔ kratafa 180 ase bedi dwuma ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔyɛkyerɛ biara mfa tebea soronko ho.

17 min: Yɛn Asafo Mu Asomfo ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ. Bisabisa anuanom mmarima a wɔhwɛ asɛnka agua ne akasam mfiri, sika, nhoma, nsɛmma nhoma so, ne wɔn a wɔn adwuma ne sɛ wogye ahɔho no nsɛm. Ka wɔn nnwuma pɔtee no, ne sɛnea adawurubɔfo betumi aboa wɔn ma wɔn adwuma no ayɛ anigye kɛse no ho asɛm. Ma ɛne mo asafo mu ahiade nhyia.

Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena