Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/92 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Ma April

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Ma April
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase March 30
  • Dapɛn a Efi Ase April 6
  • Dapɛn a Efi Ase April 13
  • Dapɛn a Efi Ase April 20
  • Dapɛn a Efi Ase April 27
Yɛn Ahenni Som—1992
km 4/92 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Ma April

Dapɛn a Efi Ase March 30

Dwom 139

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonsusuw akwampaefo aboafo adwuma ho wɔ April mu. Ka nnipa a mobɛto nsa afrɛ wɔn abetie April 5 ɔkasa titiriw no ho nhyehyɛe ne wɔn dwumadi a wɔbɛtrɛw mu wɔ April mu ho asɛm.

20 min: “Adiyisɛm—Wɔate Ahintasɛm Ahorow no Ase.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Twe adwene si asɛm a wɔbɛka akyerɛ a mubetumi de adi dwuma wɔ mo mpɔtam hɔ bere a mode Revelation Climax nhoma no rema no so. Fa ɔyɛkyerɛ ntiantiaa a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi adi anoyi ahorow a wɔtaa de ma ho dwuma ka ho. Sɛ ofiewura no ka sɛ: “Yɛwɔ yɛn ankasa asɔre” a, fa anifere bisa sɛ: “So moasusuw Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm no ho nnansa yi wɔ mo asɔre no mu?” Ma nkɔmmɔbɔ no nkosi Adiyisɛm 1:3 akenkan so. Asɛm foforo a wubetumi abisa ne sɛ: “Adwene bɛn na mo asɔre no kura wɔ Adiyisɛm nhoma no ho?”

15 min: “Ma Wonhu Yehowa Nneyɛe.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Fa anigye hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa mma April nyɛ dwumadi ɔsram titiriw.

Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 6

Dwom 101

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka asɛnka adwuma kɛse a wɔbɛyɛ wɔ April mu nyinaa ho nhyehyɛe ho asɛm.

15 min: “Monyɛ Eyi Mfa Nyɛ Me Nkae.” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani ma a atiefo nya mu kyɛfa. Fa asɛm a ɛwɔ adaka no mu ka ho.

20 min: “Anisɔ a Wubenya Ama Kristo Wu No.” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Bere a moasusuw nkyekyem 9 ho awie no, yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo betumi ato nsa afrɛ ne Bible suani aba Nkaedi ase ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 13

Dwom 197

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Fa ntoboa a Asafo ti kyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho. Kamfo anuanom wɔ nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 16:17 a wɔde di dwuma no ho.

15 min: “Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Wotie.” Nkɔmmɔ a ɔpanyin a ɔwɔ osuahu ne akwampaefo/anaasɛ adawurubɔfo baanu anaasɛ baasa bɔ. Munsusuw akwan horow a mubetumi afa so ayɛ saa wɔ mo asasesin no mu ho.

20 min: Ɔpanyin ne adawurubɔfo baasa anaasɛ baanan a wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ April mu anaasɛ wɔayɛ bi wɔ bere a atwam no mu bɔ nkɔmmɔ. Ma wɔnka nea akanyan wɔn ma wɔyɛ akwampaefo adwuma no, nhyehyɛe a wɔayɛ wɔ April mu, ne osuahu ahorow bi a ebia wonyae wɔ bere a atwam no mu bere a na wɔreyɛ akwampaefo aboafo adwuma no nkyerɛ. Bobɔ wɔn a wɔapene so sɛ wɔnyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no din.

Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 20

Dwom 193

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Yɛ sɛnea wobetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm pɔtee bi adi dwuma wɔ Memeneda nsɛmma nhoma adwuma mu ho nhwɛso.

15 min: Asafo no mu ahiade anaa ɔkasa a ɛyɛ anigye a egyina September 15, 1991 Ɔwɛn-Aban mu asɛm a ɛne “Mfatoho Ahorow—Ɔkwan a Wɔfa so Du Komam” so. Fa mfatoho ahorow a wobegyina nsɛm a yɛka kyerɛ mprempren no so atumi de adi dwuma wɔ mo asasesin no mu ho nyansahyɛ ma.

20 min: “Yɛ Den Honhom Mu, Ma Wo Ho Ntew mma Yehowa Som.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho. Si sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nyinaa kɔ so kura yɛn honhom mu yiyedi mu na yɛn ho atew wɔ abrabɔ ne honhom fam so dua.

Dwom 213 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase April 27

Dwom 209

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa wɔ Ɔwɛn-Aban kra ɔsatu a yɛbɛyɛ wɔ May ne June mu no ho. Faako a wɔankra no, wobetumi de nsɛmma nhoma abien ne brochure biara (gye Sukuu brochure no) ama.

20 min: “Dɛn na Metumi Aka na Akanyan Anigye Pii?” Yɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasua no yiye abien anaasɛ abiɛsa. Wɔ emu biara akyi no, ma atiefo nkyerɛ nea enti a wɔte nka sɛ asɛm a wɔka kyerɛe no betumi ama ofiewura no akɔ so anya anigye.

17 min: Reasoning nhoma nkratafa 29-32 asɛm a ɛne “Ancestor Worship” ho nkɔmmɔbɔ. Ɛwom sɛ ebia nnipa pii bɛka sɛ nnipa mu fã kɛse no ara nsom wɔn nananom a wɔawuwu no de, nanso wɔyɛ nneɛma pii wɔ nnɛyi mmusua mu de di awufo ni. Wɔda so som nnipa bi te sɛ nea wɔda so ara te ase. Wɔde nkaedum, mfonini, ne obi nkwa nna mu nsɛm ho nhoma ahorow kae nnipa atitiriw. Yɛ agya bi a ɔne ne ba a onnii mfe aduonu rebɔ nkɔmmɔ ho ɔyɛkyerɛ. Ɔwofo de asɛm a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 30 di dwuma. Osi nsɛmti nketewa abien a edi kan no mu nsɛm so dua de kyerɛ abofra no nea enti a asiane wɔ sini a ahude a ɛkamfo ahonhonsɛmdi anaasɛ adwene a ɛne sɛ awufo ba beyi wɔn ho adi kyerɛ ateasefo kyerɛ a wɔbɛhwɛ no mu. Ɔkyerɛkyerɛ tebea a awufo wom no mu, kyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn adwene wɔ awufo ho. Abofra da ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛkwati anigyede a ɛkamfo ahonhonsɛmdi kyerɛ no adi.

Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena