Ɔsom Nhyiam Ma April
Dapɛn a Efi Ase March 29
Dwom 105
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ. Kae wɔn nyinaa sɛ wɔnto nsa mfrɛ anigyefo ne Bible asuafo mmra Nkaedi afahyɛ no ase. Fa nkrataa a yɛde to nsa frɛ afoforo no di dwuma yiye. Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔnkyerɛw Nkaedi bere no ne faako a wɔbɛyɛ no ngu nkrataa no so fɛfɛɛfɛ.
10 min: “Kɔ so Ka Sɛ: ‘Bra!’” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nsi Adiyisɛm Awiei nhoma no ti 42, nkyekyem 6-10 a ɛka Adiyisɛm 21:4-6 ho asɛm no mu nsɛntitiriw kakra so dua.
15 min: “Owu a Ɛde Daa Nkwa ho Anidaso Ma ho Fã a Yɛbɛhyɛ.” Ɔkasa a ɔhwɛfo guamtrani ma. Fa adaka “Ahosiesie ma Nkaedi No” no mu asɛm ka ho.
10 min: “Wɔn a Wɔada Anigye Adi Nyinaa a Yɛbɛboa Wɔn.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa bi. Munsusuw kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho sɛnea bere ma kwan. Si sɛnea ehia sɛ yɛsan kodi wɔn a wɔbɛba bere a edi kan no anigye ho dwuma so dua.
Dwom 87 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 5
Dwom 128
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Bɔ akwampaefo aboafo a wɔapene so dedaw sɛ wɔnyɛ akwampae adwuma wɔ April mu no dodow. Hyɛ wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe ayɛ akwampae adwuma wɔ ɔsram a edi hɔ no mu nkuran sɛ wɔmfa wɔn akwammisa nkratasin no mma ntɛm.
20 min: ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fi.’ Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 1-8 ho. Momfa bere tiaa bi nsusuw nhoma a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 7 no ho. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sɛnea wɔbɛboa ɔfoforofo ma wɔate nea enti a wɔahyehyɛ yɛn sɛ asafo ahorow no ase. (wTW 5/85 kr. 27, nky. 6, 7) Si yɛn nhyiam mu nneɛma a ɛne asɔre ahorow a Kristoman yɛ no bɔ abira koraa no so dua. Hyɛ wɔn a wɔreyɛ Bible adesua no nkuran sɛ wɔmfa nkɔmmɔbɔ tiawa a ɛbɛboa osuani no ma wanya ahyehyɛde no ho anisɔ kɛse, na wahu sɛnea ehia sɛ ɔyɛ emuni nka ho dapɛn biara.
20 min: Yɛn Bible Asuafo a Yɛbɛboa Wɔn. Atiefo nkɔmmɔbɔ a esi sɛnea ehia sɛ yɛde mmoa foforo ma Bible asuafo de ka adesua a yɛne wɔn yɛ no ho. (1 Tes. 2:8) Gye bere foforo fa kanyan ɔpɛ a efi komam na wɔaba nhyiam horow na wɔde wɔn ho ahyem. Ma wɔnkyerɛ ahyehyɛde no ne amanaman ntam onuayɛ no ho anisɔ denam amansin nhyiam, da koro nhyiam atitiriw, ne amantam nhyiam horow a wobɛkyerɛkyerɛ mu no so. Mubetumi abom ahwɛ Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name ne Purple Triangles video ahorow, na bisa asuafo no ma wɔnka nea wɔasua afi eyi mu. Kyerɛ wɔn sɛnea wobetumi aka nea wosua no ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ bɔnnɔ so no nkakrankakra. Ɛsɛ sɛ woboa Bible asuafo a wodu ahwehwɛde ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98 ne 99 no ho, na wɔpɛ sɛ wonya baguam ɔsom adwuma no mu kyɛfa no ma wɔbɛyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu. Ehia sɛ wugye bere de boa asuafo no wɔ adesua no mu ne akyi ma wonya ɔpɛ sɛ wobehyira wɔn ho so ma wɔabɔ wɔn asu. Wubetumi de mfonini anaa nsɛmma nhoma mu nsɛm a ɛfa yɛn nhyiam ase asubɔ ho akyerɛ asuafo no. Ɔyɛkyerɛ: Ɔdawurubɔfo boa ne Bible suani wɔ bɔnnɔ so adansedi ho. Ɔpaw asɛnka mu asɛm fi Tra Ase Daa nhoma no mu ka sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka saa asɛm no akyerɛ w’abusuafo ne w’afipamfo no mu binom. Wubetumi aka akyerɛ wɔn sɛ wusuaa biribi a na wunnim fii Bible no mu.” Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wɔmmoa wɔn Bible asuafo, na womfi ɔdɔ mu nnwen wɔn ho wɔ wɔn asubɔ akyi mpo.
Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 12
Dwom 9
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Twe adwene si nhoma a aba foforo ne nea ɛwɔ hɔ dedaw no so. Twe adwene si ebiara a ebia mo asafo no ani begye ho titiriw so. Teokrase nsɛmmansɛmma mu nsɛntitiriw, si sɛnea Yehowa ahyira ne nkoa wɔ wiase afã horow so dua. Wubetumi de mo asafo no mu osuahu ahorow nso aka ho sɛnea ɛfata.
15 min: “Dannan Wo Nsɛm mu wɔ Ɔsom Adwuma no Mu.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa bi. Fa ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien ka ho bere a moresusuw nkyekyem 3-5 ho no. Sɛ moreyɛ nkyekyem 4 ne 5 mu asɛm no ho ɔyɛkyerɛ a, kyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo a wɔanyin ne abofra betumi abom ayɛ adwuma wɔ afie afie ɔsom adwuma mu sɛnea wɔada no adi wɔ asɛm no mu no. Si sɛnea ehia sɛ wonya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu a nea efi mu ba mfa ho so dua.
20 min: ‘Momma Yɛnkɔ Yehowa Fie.’ Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 9-14 ho. Bere a mode nkyekyem 12 ne 13 mu nyansahyɛ ahorow no redi dwuma no, ma ɔdawurubɔfo nyɛ sɛnea wɔkasa kyerɛ obi a ɔtwentwɛn ne nan ase ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 32 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 19
Dwom 66
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ ɔsom adwuma mu kyɛfa kɛse a wobenya wɔ May mu ho nhyehyɛe.
20 min: Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔbɛhwɛ Wɔn. Anuanom baanu ntam nkɔmmɔbɔ ne nsɛm a wobisabisa. “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase no, ɔkasa a ekura afã horow kaa asɛmti “Hwɛ a Mobɛhwɛ Mo Ho Mo Ho wɔ Kristofo Fie Mu.” Nea etwa to, “Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim no a Wɔbɛhwɛ Wɔn” no sii mmoa kɛse a wɔn a wɔn mfe akɔ anim no de ma abusua no ne asafo no so dua. (Mmeb. 16:31) Akwan bɛn so na yebetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no? Abusua no na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw. (1 Tim. 5:3, 4, 8, 16) Boasetɔ ne ayamhyehye ho hia. Wɔn mma ne wɔn mmanana a wɔanyinyin wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ mfe pii a wɔn awofo ne wɔn nananom de dɔɔ wɔn, de yɛɛ adwuma hwɛɛ wɔn wɔ bere a atwam no mu ho anisɔ. (wTW 9/87 13-18) Asafo no nso betumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ aniim no. Munyi ahɔhoyɛ su adi nkyerɛ wɔn denam nsa a mobɛto afrɛ wɔn ma wɔne mo abedidi na wɔaba apontow ase no so. (Rom. 12:13) Mommoa wɔn wɔ asɛnka mu. Momfa kar nkɔfa wɔn mmra adesua ne nhyiam horow. Munkodi gua na munsiesie wɔn fi mfa mmoa wɔn. (wTW 9/87 4-7) Monkyerɛ obu mma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bere nyinaa. (1 Tim. 5:1, 2) Bisabisa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu biako anaa baanu a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Si sɛnea wonya ayamye a wɔn mmusua ne asafo no yi adi no mu mfaso so dua.
15 min: Ɔpanyin bisabisa adawurubɔfo baasa anaa baanan a wɔyɛ akwampaefo aboafo anaa wɔayɛ bi wɔ bere a atwam no mu nsɛm. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ akwampae adwuma no? Nhyehyɛe ahorow bɛn na wɔayɛ ama daakye a enni akyiri no? Ɔkwan bɛn so na akwampaefo aboafo adwuma aboa wɔn ankasa? Hyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ ɔsram a edi hɔ no mu nyinaa nkuran sɛ wonnye akwammisa nkratasin na wɔmfa mma ntɛm.
Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 26
Dwom 72
8 min: Asafo mu nkaebɔ, a sika akontaabu ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm ka ho.
15 min: “Mpanyimfo—Momfa Bi Nhyɛ Afoforo Nsa!” Ɔhwɛfo guamtrani ne ɔkyerɛwfo ntam nkɔmmɔbɔ a egyina October 15, 1992 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-23 so wɔ asɛnka agua so. Wogye tom sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔde asɛyɛde bɛhyɛ anuanom a wɔbɔ mmɔden nsa wɔ bere a atwam no mu, nanso mmɔtohɔ amma wɔantumi anyɛ. Ɔhwɛfo guamtrani kae ɔkyerɛwfo sɛ ɔnkyerɛw anuanom mmarima a wɔbɔ mmɔden no din mma wonsusuw wɔn ho wɔ mpanyimfo nhyiam a wɔyɛ no asram abiɛsa biara no ase. Ɔhwɛfo guamtrani hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonyi wɔn yam nyɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn no de nkɔmmɔbɔ no ba awie.
12 min: “Hwɛ Wo Ho So Yiye wɔ Awaefo Ho!” Ɔkasa a egyina April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, kratafa 31 mu asɛm so. Fa September 1, 1986 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 12-15, asɛmti ketewa “Mo Ne Awaefo Nyɛ Hwee” mu nsɛm ka ho.
10 min: Ɔwɛn-Aban a yɛde bedi dwuma wɔ May mu. Si nsɛm pɔtee a wobetumi aka ne nsɛmti a mubetumi de adi dwuma wɔ ɔsram yi mu so dua. Wɔmma wɔn ani nna hɔ sɛ wɔbɛtwe adwene asi nsɛmma nhoma no mu nsɛm so bere biara.
Dwom 114 ne mpaebɔ a wɔde wie.