Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! May ne June: Ɔwɛn-Aban kra. Baabi a wɔantumi ankra bi no, fa nsɛmma nhoma no abien ne brochure biara (gye Sukuu brochure) no ma. July: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara Literature Order Form (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Krataa bi a Asafo ti no kyerɛw no March 14, 1992, de kɔmaa asafo ahorow nyinaa kaa 1993 Nhyiam Foto bi a wɔde bɛboa asɛmpatrɛwfo ma wɔakɔ wɔn man mu na wɔakɔ afe yi ɔmantam nhyiam horow no mu biako ho asɛm. March ne ɔsram a etwa to a na ɛsɛ sɛ wɔde ntoboa a nsa aka no brɛ Asafo ti ma wɔde to 1993 Nhyiam Foto yi mu. Yɛn ani sɔ mo yam a muyi boaa nhyehyɛe yi yiye.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, mpanyimfo no nyɛ nhyehyɛe mmoa wɔn. Sɛ mopɛ eyi ho nyansahyɛ ahorow a, monsan nkenkan Asafo ti nkrataa (S-201) a wɔkyerɛw no November 2, 1992, ne November 18, 1991, no. Afei, monhwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 12-20.