Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/93 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1993
Yɛn Ahenni Som—1993
km 4/93 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

January 4 besi April 19, 1993 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:

1. Sɛ woreyɛ Bible adesua a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ ɛtɔ mmere bi a woremma nsemmisa a ɛsɔre nyinaa ho mmuae, na mmom wubegyaw binom na moasusuw ho daakye. [6, sg kr. 94 nky. 14]

2. Teokrase Ɔsom Sukuu no atirimpɔw atitiriw no mu biako ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no mu. [7, sg kr. 96 nky. 1]

3. Wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no, ɛsɛ sɛ dwumadi a wɔde ho afotu bɛma no yɛ nea wodii kan ka kyerɛɛ osuani no sɛ onni ho dwuma bere nyinaa. [8, sg kr. 101 nky. 7]

4. Besi nnɛ no, fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma nnyaa biribiara a ɛde bɛfoa 1 Ahene nsɛmmoa. [10, si kr. 65 nky. 4 (1983 de, kr. 65 nky. 4)]

5. Ɛnnɔɔso sɛ ɔfotufo bi bɛka akyerɛ ɔkasafo bi ara kɛkɛ sɛ wayɛ ade anaasɛ ɛho hia sɛ odi ɔkasa su pɔtee bi ho dwuma bio. [11, sg kr. 103 nky. 13 (1971 de, kr. 103 nky. 15)]

6. Mpɛn pii no, mmerɛwyɛ a ɛda adi wɔ apon ano nkɔmmɔbɔ mu ne sɛ nnianim nsɛm no yɛ tenten dodo, na ofiewura no ntumi nhu bere a Ɔdansefo no bɛba asɛm no ankasa so. [13, sg kr. 115 nky. 14]

7. Sɛ asafo bi wɔ akasam afiri a, ɛnde na ɛho nhia sɛ wɔde ɛnne a ɛfata a wɔde kasa ho afotu ma sukuu mu akasafo no. [14, sg kr. 117 nky. 6]

8. Sɛ wɔrema osuani ɔkasa a, gyina a ɔkasafo no gyina home wɔ ɔkasa no mu no ho hia araa ma wɔhyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ mmeae atitiriw a ɔpɛ sɛ ogyina home no nyinaa agyirae wɔ ne kratasin no so mpo. [15, sg kr. 120-1, nky. 20, 23 ]

9. En-Dor samanfrɛfo no nkɔmhyɛ no amma mu wɔ ɔkwan biara so. (1 Sam. 28:19) [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w79 2/15 kr. 6 nso.]

10. Ɛsɛ sɛ Dawid ne Bat-Seba osuahu no si so dua kyerɛ awofo sɛ wɔn nneyɛe betumi aka wɔn mma kɛse. (2 Sam. 12:​13, 14) [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 3/15 kr. 31.]

Bua nsemmisa a edidi so yi:

11. Dɛn mu na Eli ne Saul dii mfomso? [2, si kr. 57 nky. 27 (kr. 57 nky. 27)]

12. Sɛ wokyerɛw nkrataa a, ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ onii a worekyerɛw no no ho anigye? [4, sg nkr. 89 nky. 13]

13. Sɛ yɛrema ɔkasa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi atwe yɛn atiefo adwene akɔ Bible no so ɔkwan a etu mpɔn so? [16, sg kr. 122 nky. 3]

14. Dɛn na 2 Samuel 18:8 kyerɛ, bere a ɛka sɛ: “Na dɔm no mu wɔn a wowui kwae no mu dɔɔso sen wɔn a wowui nkrante ano” no? [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87 3/15 kr. 31 nso.]

15. Hena na ɔmaa Dawid kan Israelfo no? (2 Sam. 24:1) [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 7/15 kr. 5.]

16. Dɛn nti na Salomo kae wɔ 1 Ahene 8:12 sɛ: “Yehowa aka sɛ ɔbɛtra esum kabii mu” no? [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w79 7/15 kr. 31.]

17. Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ nnipa bi a wɔte sɛ Seba hemmaa no wɔ hɔ wɔ yɛn nna yi mu? (1 Ahe. 10: 4, 7) [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ su kr. 149 nky. 8.]

18. Fam a wotutu hwehwɛ tetefo nneɛma ho adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ 1 Ahene 14:​25, 26 yɛ nokware? [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ ce kr. 212 nky. 31 nso.]

19. Dɛn na 1 Ahene 15:14 kyerɛ bere a ɛka sɛ ‘Asa anyi sorɔnsorɔmmea no’? [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80 12/1 kr. 28 ase hɔ asɛm no.]

Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:

20. Sɛ worekyerɛw krataa de adi adanse a, kyerɛw ․․․․․․․ wɔ nhoma kotoku no akyi bere nyinaa. [1, sg kr. 87 nky. 7, 8]

21. Nea ɛbɛyɛ na woakwati w’ankasa wo nsusuwii a wode bedi dwuma bere a woresiesie ɔkasa bi no, ɛsɛ sɛ wode ․․․․․․․ di dwuma na wode wo ho to so. [12, sg kr. 111 nky. 13]

22. Nea ɛbɛyɛ na woatumi adi ɔkasa bi atirimpɔw ho dwuma no, ɛnsɛ sɛ wode nsɛm bi a ɛdɔɔso sen nea ․․․․․․․ di dwuma. [12, sg kr. 112 nky. 19]

23. Bere a 1 Samuel 25:37 ka sɛ Nabal “koma gyenee ne yam” no, nea ɛda adi sɛ ɛkyerɛ ne sɛ ․․․․․․․. [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80 6/15 kr. 30.]

24. Apam a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Samuel 7:​12, 13 no ne ․․․․․․․ no. [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 2/1 kr. 14 nso.]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

25. Ɛda adi sɛ Yeremia kyerɛw 1 Ahene wiei wɔ (1040, 607, 580) A.Y.B. mu. [10, si kr. 64 (kr. 64)]

26. Wɔkyerɛw Samuel Nhoma a Ɛto so Abien no wɔ (bɛyɛ 1180-1078; bɛyɛ 1077-1040; 1040-911) A.Y.B. mu. [3, si kr. 59 nky. 3 (kr. 59 nky. 3)]

27. Ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye sɛ wode (nea atiefo no ani gye ho; nea ɛma wode anigye kasa; nea ɛboa ma atirimpɔw a ɛwɔ wo kasa no mu no da adi) nkutoo bedi dwuma wɔ wo nnianim nsɛm no mu. [13, sg kr. 114 nky. 8]

28. Nnɛyi Abran ne (kankabi nniso horow; asɔfo; Amanaman Nkabom no). (2 Sam. 21:20) [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 1/1 kr. 20 nky. 8]

29. Sɛnea 1 Ahene 6:1 kyerɛ no, Salomo fii ase sii asɔrefi no wɔ (1037; 1034; 1020) A.Y.B. mu. [11, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si kr 285 nky. 8 (kr. 284 nky. 8)]

30. Wɔ 1 Ahene 18:​21-40 no, na ɔsɛmpɔw no ankasa ne sɛ onyame bɛn na (ɔwɔ asomfo a wɔdɔɔso sen biara; atumfoɔ a wɔkorɔn taa n’akyi; ɛsɛ sɛ wɔsom no). [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w84 7/15 kr. 8-9.]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:

2 Sam. 1:26; 6:​6, 7; 13:​14, 15; 1 Ahe. 1:1; Heb. 10:​23-25

31. Ɛyɛ obiara asɛde sɛ ɔkasa wɔ nhyiam ase. [5, sg kr. 92 nky. 7]

32. Adwempa nsakra Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow. [9, si kr. 63 nky. 30 (kr. 63 nky. 30)]

33. Abusuabɔ a biakoyɛ ne ɔdɔ wom na ɛkyɛn so bi da “nguan foforo” no ne nkaefo no ntam. (Yoh. 10:16) [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 1/1 kr. 25-6.]

34. Ka a aberante bi ka kɛkɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma abeawa bi na ɔbɛpɛ sɛ ɔne no da ɔkwan biara so no nkyerɛ ankasa sɛ ɔdɔ no nokwarem. [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ yy kr. 140 nky. 22.]

35. Ɛtaa yɛ den ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔn ho bɛyɛ wɔn hyew. [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g82 6/8 kr. 22 nso.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena