Ɔsom Nhyiam Ma July
Dapɛn a Efi Ase July 5
Dwom 162
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ bɔnnɔ so adansedi ho nkuran. Yɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde nsɛmma nhoma bɛhyɛ wɔn nneɛma mu na wɔde adi dwuma wɔ bɔnnɔ so adansedi mu ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Boa Afoforo ma Wonsua Onipa a Ɔsen Biara no ho Asɛm.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ma atiefo nka sɛnea wɔn ani agye nhoma no a wɔresua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase ho no ho asɛm sɛnea bere ma kwan.
20 min: “Fa Nkratawa Da Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Adi.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ abien. Ɛsɛ sɛ nea edi kan no de nkyekyem 2 no mu nyansahyɛ di dwuma. Fa nnianim asɛm a ɛfata na etu mpɔn di dwuma na ɛnyɛ “Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako,” a ayɛ nnianim asɛm a wɔde di dwuma dodo no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien no de asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 4 no di dwuma. Fa nnianim asɛm foforo a ɛfata na etu mpɔn di dwuma, na afei toa nkɔmmɔbɔ no so sɛnea wɔahyɛ ho nyansa no.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 12
Dwom 196
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Fa nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm a ɛfata a wobetumi aka wɔ asɛnka mu dapɛn yi ho nyansahyɛ ma.
15 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Da asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ ade ɔkwan a ɛfata so bere a wɔrebɛbɔ yɛn asu no adi. Fa January 1992 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã mu nsɛm a ɛfata ka ho.
20 min: “Nea Enti a Nkratawa Som Bo Kɛse wɔ Yɛn Som Adwuma mu Nnɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Bere a moawie nkyekyem a etwa to no, ma wɔnyɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔde kratawa bedi dwuma wɔ bɔnnɔ so adansedi mu ho ɔyɛkyerɛ tiawa bi.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 19
Dwom 79
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka April Ɔsom Akontaabu mu nsɛntitiriw. Afei ka kyɛfa a mo asafo no nyae wɔ saa ɔsram no asɛnka akontaabu no mu. Ka sika akontaabu ho asɛm na kenkan ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ho asɛm. Kyerɛ ayamye mu a wofi de sika boa mo asafo no ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho anisɔ.
15 min: “Bible Adesua a Wubefi Ase wɔ Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Muwie nkyekyem 2 a, yɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ nhoma no mu ho ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo no kenkan nhoma no ti 111 nkyekyem abiɛsa a edi kan no de fi ase, na afei ɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔde ho nyansahyɛ ama wɔ nkyekyem 2 no di dwuma.
20 min: “Mmofra a Wɔboa Wɔn ma Wonya Nhyiam Horow Mu Mfaso.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Mususuw asɛm no ho wie a, bisabisa mmofra baasa a ɛsono mfe a wɔn mu biara adi nsɛm wɔ asɛnka agua no so. Ɔwofo bisa abofra a osua koraa wom no n’adwene wɔ nea enti a ehia sɛ ɔda kakra ansa na wakɔ nhyiam horow no ho; afei nso nea obetumi ayɛ na wankɔ faako a wogyaw wɔn anan no mpɛn pii. Ɔwofo ma abofra a wanyin kakra no kae nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ abofra no bɛka nea osuae wɔ nhyiam horow ase akyerɛ. Ɔwofo ma abofra no ka baguam ɔkasa a etwa to anaa Ɔwɛn-Aban Adesua anaa nhoma adesua a etwa to mu nsɛntitiriw. Ɔwofo no bisa abofra a wanyin sen wɔn nyinaa no sɛnea nhyiam horow aboa no ma watumi adi n’ankasa nsɛnnennen, anaa abrabɔ a ɛwɔ sukuu mu, nnamfo a wɔpaw, ɔkasa a ɛho tew, anaa abrabɔ pa, ne nea ɛkeka ho so. Fa anigye hyɛ mmofra nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ komm ntie asɛm wɔ nhyiam horow ase.
Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 26
Dwom 130
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Twe adwene si nsɛmma nhoma a aba foforo mu nsɛm kakra a wobetumi de adi dwuma wɔ afie afie asɛnka anaa wɔ bɔnnɔ so adansedi mu so.
20 min: “Kɔ Asɛnka Daa.” Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa onuabarima bi a ɔfata ma. Ka Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no nkratafa 106-10 mu asɛm sɛnea bere ma kwan. Si hia a ehia sɛ obiara yɛ asɛnka adwuma daa na ɔde n’asɛnka akontaabu ma ntɛm wɔ ɔsram no awiei so dua.
15 min: Mo asafo no ahiade. Mubetumi asusuw mo asafo no ahiade ho nsɛm ho sɛnea wɔdaa no adi wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ a etwa to mu no. Baabi a ehia sɛ munya nkɔso no, monka nea mubetumi ayɛ wɔ ho ho asɛm yiye.
Dwom 71 ne mpaebɔ a wɔde wie.