Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/95 kr. 1
  • Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Bible Adesua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Bible Adesua
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Fi Bible Adesua Ase—Ɛnnɛ Ne Bere Pa
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • So Woka Bible Adesua ho Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyebɛ—Denam Bible Adesua So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 9/95 kr. 1

Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Bible Adesua

1 Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wiase dedaw yi reba n’awiei. (2 Tim. 3:1-5) Dɛn na eyi kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ nkurɔfo nkwa da asiane mu. Nanso, yebetumi aboa ebinom ma wɔanya nkwa. (Mmeb. 3:27) Esiane eyi nti ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden denneennen sɛ yebefi Bible adesua ase na yɛayɛ.

2 Nneɛma pa pii na afi yɛn nhoma ahorow a egyina Bible so a yɛde mema no mu aba. Nanso nea nkurɔfo hia titiriw ne mmoa ankasa a wobenya denam ofie Bible adesua a yɛne wɔn bɛyɛ no daa so. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔahu no saa?

3 Yebetumi abisa nsɛm a ɛhaw nnipa pii. Nsemmisa a ɛtete saa no betumi atwe adwene asi nea enti a abrabɔ asɛe kɛse, nea enti a abusua asetra asɛe koraa, nea enti a basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi rehaw nnipa saa, nea enti a ɔdɔ Nyankopɔn ma mprempren tebea ho kwan, ne nea ɛkeka ho so. Hu nneɛma ne nsɛm a esisi a nnipa a wɔwɔ mo asasesin mu ani gye ho titiriw no. Twe adwene si Bible mmuae a emu da hɔ pefee a ɛde ma wɔ saa nsemmisa yi ho so. Kyerɛ sɛnea nhoma ahorow a yɛde mema no betumi aboa wɔn ma wɔahu nea Bible no wɔ ka wɔ eyinom ne nsɛm atitiriw foforo a ɛfa yɛn nyinaa ho no ho.

4 Ɛho hia sɛ wode ofiewura no bɛba nkɔmmɔbɔ no mu. Fa w’ani to fam sɛ wubehu nea ɛhaw no. Fa wo nkɔmmɔbɔ no gyina n’anigye anaa ne dadwen ahorow so. Twe n’adwene si asɛm bi a ɛwɔ nhoma, brochure, nsɛmma nhoma, anaa kratawa bi mu a ɛkyerɛkyerɛ adesamma haw ahorow ano aduru a Bible no de ma mu so. Ansa na wubefi hɔ no, bisa asɛm biako anaa abien bi a wugye di sɛ ɛbɛma no ahwɛ wo kwan bere foforo. Sɛ wosan kɔ a, hwɛ hu sɛ wobɛkae no saa nsemmisa yi, na afei fa nhoma no boa no ma onhu mmuae a Bible no de ma.

5 Adesua a yebefi ase na yɛayɛ no daa no betumi asakra nnipa asetra. Ehia sɛ yɛkyerɛ nneɛma a ɛhaw wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka anaa bɔnnɔ so adanse mu no ho anigye. Egye ahosiesie pa na woama wɔn anigye anya nkɔso. Egye boasetɔ na woakɔ so asra wɔn kosi sɛ wubenya wɔn ma wɔadi honhom fam aduan daa. Ɛhwehwɛ sɛ wofi anigye mu kyerɛ nnipa no ankasa ho anigye. Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a efi komam sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔagye wɔn afi ɔsɛe a ɛreba no mu. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn Bible adesua adwuma no yɛ biribi a yefi komam bɔ ho mpae daa.—1 Tes. 5:17.

6 Ɛhyɛ nkuran kɛse sɛ yebehu sɛ nnipa a wɔreyɛ adu ɔpepem biako abɛyɛ asuafo a wɔabɔ wɔn asu wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu. (Mat. 28:19, 20) Mprempren yɛreyɛ Bible adesua bɛboro ɔpepem anan ne fã ɔsram biara, na eyi kyerɛ sɛ yesusuw afoforo nkwa ho. Wo nso ɛ? Worebɔ mmɔden denneennen sɛ wobɛyɛ ofie Bible adesua adwuma no bi? Kae sɛ, yɛne afoforo nkwa gyina nokware a yebedi wɔ eyi mu so.—Hes. 3:17-19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena