Wo Mu Nhwehwɛmu a Yehowa Yɛ—Dɛn Nti na Mfaso Wɔ So?
1 Obiara pɛ akwahosan pa. Ɛma asetra yɛ anigye kɛse. Nanso, nnipa a wɔwɔ akwahosan pa da so ara ma wɔyɛ wɔn nipadua mu nhwehwɛmu bere ne bere mu. Dɛn ntia? Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu akwahosan ho haw bi a wɔrenya sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi ho dwuma. Ɛho hia sɛ yɛbɔ yɛn honhom fam akwahosan ho ban mpo sen saa. Yehowa anim dom a obi benya no gyina ‘ne ho a ɔbɛma ayɛ den gyidi mu’ so.—Tito 1:13.
2 Mprempren ne bere a ɛfata sɛ Yehowa yɛ wo mu nhwehwɛmu. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ Yehowa wɔ n’asɔrefie kronkron mu, na ɔrehwehwɛ nnipa nyinaa koma mu. (Dw. 11:4, 5; Mmeb. 17:3) Te sɛ Dawid no, yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ yɛn mu nhwehwɛmu fefeefe: “[Yehowa,] hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asabo ne me koma.”—Dw. 26:2.
3 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn ho ban wɔ nneɛma a ebetumi afi yɛn mu asɛe yɛn honhom fam akwahosan esiane yɛn honam a ɛtɔ sin nti no ho. Mmebusɛm 4:23 tu fo sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, eyi mu na nneyɛe nyinaa fi.”
4 Wiase a aporɔw ne abrabɔ a asɛe a yɛte mu no nso betumi asɛe yɛn honhom fam akwahosan. Sɛ yɛma kwan na yɛne nhyehyɛe bɔne yi bɔ denneennen dodo a, yebetumi adwen sɛnea ɛyɛ no na yɛanya wiase su horow no bi. Anaasɛ yɛbɛfa wiase asetra kwan bi na wiase honhom no adi yɛn so.—Efe. 2:2, 3.
5 Ebia Satan bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde ɔtaa anaa ɔsɔretia tẽẽ bɛsɛe yɛn honhom mu. Nanso, mpɛn pii no, ɔtaa fa anifere kwan so de wiase afɛfɛde daadaa yɛn. Petro hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛn ani nna hɔ,’ efisɛ Satan “nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan.’—1 Pet. 5:8, 9.
6 Ehia sɛ yɛbɔ yɛn honhom fam akwahosan ho ban denam yɛn gyidi mu a yebekura denneennen na yɛahyɛ no den da biara da so. Ɔsomafo Paulo kamfo kyerɛ sɛ, yɛnkɔ so ara nsɔ yɛn gyidi nhwɛ. Sɛnea yefi nyansam tie afotu pa a oduruyɛfo a ne ho akokwaw de ma yɛn no, saa ara na sɛ Yehowa honhom mu nhwehwɛmu no da ɔhaw bi a ehia nsiesie adi a, yetie No. Eyi tumi ma ɛyɛ yiye sɛ ‘yɛbɛyɛ nsakrae.’—2 Kor. 13:5, 11.
7 Nokwarem no, Yehowa yɛ Nhwehwɛmufo kɛse. Ne nhwehwɛmu yɛ pɛ bere nyinaa. Onim nea yehia pɛpɛɛpɛ. Ɔnam n’Asɛm ne ‘akoa nokwafo’ no so de honhom fam aduan a ahoɔden wom ma yɛn. (Mat. 24:45; 1 Tim. 4:6) Honhom fam aduan a ahoɔden wom yi a yebedi daa wɔ fie anaa asafo nhyiam ahorow ase no boa ma yɛn ho yɛ den honhom mu. Daa honhom fam apɔw mu teɛteɛ wɔ asɛnka adwuma no ne Kristofo dwumadi afoforo mu nso so wɔ mfaso. Enti, yegye daa nhwehwɛmu a Yehowa yɛ no tom, na yenya awerɛhyem sɛ ɔbɛma yɛn honhom fam akwahosan a ɛsen biara.