Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
May 3 besi August 23, 1993, adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:
1. Nkɔm a wɔhyɛ too hɔ bɛboro mfe 300 sɛ Yosia bebubu Yeroboam afɔremuka a ɛwɔ Betel no agu no nyaa mmamu a ɛyɛ nwonwa. [1, sg kr. 68, nky. 25 (1983 de, kr. 68 nky. 25)]
2. Ahene Nhoma a Ɛto so Abien no ka mmere a efi ase fii Salomo ahenni so wɔ 1037 A.Y.B. mu besi bɛyɛ 580 A.Y.B. mu ho asɛm. [2, si kr. 69 nky. 2 (kr. 69 nky. 2)]
3. Sɛ wokenkan Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi wiei a, ɛtaa yɛ nea ɛdɔɔso sɛ wobɛka ho asɛm kɛkɛ de ada nea ɛkyerɛ adi. [3, sg kr. 129 nky. 20]
4. Ɛwom sɛ ntim yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so kyerɛkyerɛ de, nanso ntim a enhia betumi ama ɔkasa bi mu nsɛmfua adɔɔso dodo na ayɛ nea anigye nnim. [4, sg kr. 131 nky. 11)]
5. Sɛ wuhu sɛnea wɔhwɛ krataa a wɔhyehyɛ ɔkasa wɔ so so ma ɔkasa a, na woanya nkɔanim kɛse sɛ baguam ɔkasafo. [7, sg kr. 140 nky. 10]
6. Obi ntumi nkenkan nkyekyem ahorow ma ɛnyɛ sɛ nea ɔrema ɔkasa a ɔnhwɛ krataa mu. [11, sg kr. 146 nky. 21]
7. Nsɛm a obi si so dua kyerɛ sɛ ohu nsɛmfua atitiriw a ɛwɔ asɛm no mu, na afei ɔma ɛda adi wɔ nsɛmfua a atwa ho ahyia no mu. [16, sg kr. 159 nky. 3]
8. Ná wonnim nnuru a wɔde keka aniwa ho wɔ Bible mmere mu? [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g77 9/22 kr. 20.]
9. Fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu adanse foa Bible kyerɛwtohɔ a ɛwɔ 2 Ahene 17:6-18, a ɛka Israel kusuu fam ahemman a Asiriafo sɛee no ho asɛm no nsɛmmoa yiye. [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ gm nkr. 47-8.]
10. Dawid nsɛm a ɛwɔ 1 Beresosɛm 16:31 no kyerɛ sɛ Yehowa ahenni fii ase fii adebɔ mfiase de, nanso ɔyɛ n’ahenni ho nhwɛso pɔtee wɔ mmere horow mu ma wɔka ne ho asɛm sɛ ‘wadi Hene’ wɔ bere pɔtee bi mu. [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 7/86 kr. 20.]
Bua nsemmisa a edidi so yi:
11. Bere a ofiewura bi akenkan kyerɛwsɛm bi awiei no, wobɛyɛ dɛn atumi asi emu nsɛntitiriw so dua? [3, sg kr. 128 nky. 13]
12. Sɛ ɔkasafo bi ntumi mfa ne nipadua nsi nsɛm so dua sɛnea ɛfata a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? [4, sg kr. 133 nky. 20]
13. Dɛn na wubetumi ayɛ de ama w’ano a ɛfofom wɔ akenkan mu no agyae? [8, sg kr. 143 nky. 7]
14. Dɛn nti na wɔkyerɛw Beresosɛm nhoma no? [10, si kr. 75 nky. 2 (kr. 75 nky. 2)]
15. Ɔkwan titiriw bɛn na wobɛfa so ahyehyɛ wo nsɛm nnidiso nnidiso sɛnea ɛsɛ? [13, sg kr. 151 nky. 11]
16. Ná dɛn ne “adanse” a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Ahene 11:12 no? [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 2/1 kr. 31.]
17. Nea ɛne 2 Ahene 19:32, 33 hyia no, ɛyɛɛ dɛn na wɔamma Asiria hene antumi amma Yerusalem? [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 2/15 kr. 28.]
18. Dɛn na yebetumi asua afi Dawid ne Hanun ntam asɛm a wɔka ho asɛm wɔ 1 Beresosɛm 19:2-4 no mu? [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 4/74 kr. 94.]
19. Ɔkwan bɛn so na asɔfo a wɔkyekyɛɛ wɔn mu akuw 24 no boa yɛn ma yɛte nnipa ko a “mpanyimfo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 4:4 yɛ no ase? (1 Be. 24:4) [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 10/73 kr. 240.]
20. Ɔkwan bɛn so na yɛte ase sɛ 1 Beresosɛm 29:5 anya mmamu wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu? [17, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW90 7/1 kr. 31.]
Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:
21. Ɔkasa biara hia ․․․․․․․ na ama anya atirimpɔw na aka n’afa horow atoatoam wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. [5, sg kr. 133 nky. 1]
22. Ɔkasafo a ne ho akokwaw nnyae n’atiefo ․․․․․․․ denam ne krataa mu a ɔbɛhwɛ akyɛ dodo anaa wɔ bere a ɛnsɛ mu no so. [7, sg kr. 138 nky. 1]
23. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa akyerɛ sɛ onni ne nkoa a ɔde wɔn di dwuma a wobu wɔn animtiaa ho koma no, ɔtwee mmofrabɔne a wodii Yehowa diyifo ․․․․․․․ ho fɛw no aso ntɛm ara. [9, si kr. 74 nky. 34 (kr. 74 nky. 34)]
24. Sɛ ɔkasafo no, wo na ɛyɛ w’asɛyɛde bere nyinaa sɛ wubetumi abua asemmisa a ɛne “․․․․․․․” [14, sg kr. 155 nky. 7]
25. Mateo ne Luka de ․․․․․․․ no mu anato ahorow no dii dwuma de kyerɛɛ pefee sɛ Yesu ne Mesia no. [17, si kr. 78 nky. 23 (kr. 78 nky. 23)]
26. Wɔ ɔkasa dodow ara mu no, nsɛm a edidi so sɛnea ɛsɛ hia asɛm a ɛma wɔde asɛntitiriw biako ․․․․․․․ foforo so. [12, sg kr. 149 nky. 2)
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
27. Sɛ wuhu wo ɔkasa asɛmti wiei a, nea edi hɔ a wobɛyɛ ne sɛ wobɛpaw (kyerɛw nsɛm; mfatoho ahorow; nsɛntitiriw) a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma no. [6, sg kr. 135 nky. 9]
28. Sɛ wobɛkɔ so ama atiefo ne wo ayɛ adwene wɔ wo kasa mu a, ɛsɛ sɛ (wokasa ma emu da hɔ yiye; woma adwene a atiefo kura no tra w’adwenem; woda anigye adi. [15, sg kr. 156 nky. 17]
29. “Yotam afe a ɛto so aduonu” no kyerɛ (ne nkwa nna; n’ahenni ankasa; bere a atwam fi bere a ɔbɛyɛɛ ɔhene no) afe a ɛto so 20. (2 Ahe. 15:30) [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80 9/15 kr. 8.]
30. Wɔn a wɔbaa ‘Dawid nkyɛn sɛ wɔrebɛboa no’ no yɛ wɔn a (pɛsɛmenkominya na ɛkanyan wɔn; wofii wɔn koma nyinaa mu sɛ wobegyina Dawid ahenni no akyi; wɔfaa ɔkwan a ɛremma wɔmmrɛ so). (1 Be. 12:22) [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w83 3/1 kr. 18.]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:
1. Ahe. 22:19-22; 2 Ahe. 1:2, 7, 8; 5:1-5; 25:27-30; 1 Be. 9:26, 27
31. Sɛnea yesiesie yɛn ho betumi ama wɔde yɛn afra nnipakuw bi mu. [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w72 kr. 666.]
32. Ná Lewifo apon ano ahwɛfo kura adwuma a ɛhwehwɛ ahotoso a ɛda nsow. [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88 12/1 kr. 21.]
33. Ɛwom sɛ mpanyimfo betumi ate nka sɛ wonim sɛnea wodi tebea horow ho dwuma de, nanso ɛsɛ sɛ wosua biribi fi Yehowa nhwɛso no mu, na wotie nea afoforo ka na wodwen ho yiye. [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w74 kr. 436.]
34. Fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma foa nokwasɛm a ese awiei koraa no woyii Yudafo hene bi fii afiase na wɔmaa no aduan da biara da no nsɛmmoa. [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ gm kr. 48.]
35. Mmofra betumi akanyan mpanyimfo ma wɔayɛ biribi. [3, Da biara Bible akenkan; hwɛ wTW 1/75 kr. 13.]