Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye ne Happiness—How to Find It abien nyinaa de agye ₵1,000. September: True Peace and Security—How to Find It ne “Let Your Kingdom Come” abien nyinaa. October: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban kra. November: New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa wɔn ɔsram biara “Literature Order Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi.
◼ Efi September 1993 no, Yɛn Ahenni Som ma Ghana ne United States de no bɛba bere koro mu. Wɔ nnansa yi mfe no mu no, United States de no di Ghana de no anim ɔsram biako.
◼ Eyi ne ɔsom afe no ɔsram a etwa to. Wɔhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma ntɛm ara wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ hu sɛ ebedu September 6 no, na ɔde wɔn asafo no asɛnka akontaabu amana Asafo ti no.
◼ Asafo ti no wɔ grade-two English Braille mu nhoma ahorow bi a wobetumi atɔ anaa wɔafɛm. Sɛ anuanom anaa mo asasesin no mu anigyefo bi a wonhu ade yiye betumi akenkan Braille na wɔpɛ sɛ wonya nhoma no bi a, ɔkyerɛwfo no betumi akyerɛw baa dwumadibea no BRAILLE DESK de abisa ho nsɛm pii.
◼ Asafo biara nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin abiɛsa, na ɛsɛ sɛ wɔkan ɔsatu nhoma dodow a wɔwɔ. Yɛsrɛ sɛ monhyehyɛ nkratasin no nwie na momfa biako mmana yɛn September 6, 1993, akyɛ koraa no. Momfa biako nto mo file so. Yɛde nea ɛto so abiɛsa reka ho na mode adi dwuma bere a mokan no.
◼ Asafo no ɔkyerɛwfo bɛboaboa asɛnka akontaabu no ano na wahyehyɛ wɔ “Congregation Analysis Report” kratasin (S-10) no so. Ɔde ahwɛyiye nso bɛkyerɛkyerɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo biara a ebia ɔbɛboa no ma waboaboa akontaabu no ano no. Eyi bɛma wahyehyɛ nsɛm a wohia afi Asafo Mu Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ nkratasin (S-21) no so no pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ “Congregation Analysis Report” (S-10) no pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ fɛ, na ɔsom boayikuw no hwɛ mu yiye ansa na wɔde amana September 10, akyɛ koraa no.
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba Bio:
Twi: Kenkan Mfiase
Ewe: Kenkan Mfiase