April Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase April 3
Dwom 203
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Mommɔ “Munsiesie Mo Ho Mma Nkaedi No” ho nkɔmmɔ.
20 min: “Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ wɔ Nea Yɛwɔ no Ho.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ bere ma kwan a, ka nsɛm afoforo a egyina August 1, 1990, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-20, nkyekyem 15-20 so.
15 min: Asemmisa Afã. Nsemmisa ne mmuae.
Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 10
Dwom 212
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ ne ntoboa a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Teokrase Nsɛmmansɛmma ne adaka a ɛfa Nokware nhoma no ho. Kae obiara hia a ɛho hia sɛ wɔboa anigyefo ma wɔba Nkaedi no ase. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmmɔ mmɔden soronko nnya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn yi awiei.
15 min: “Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Nsɛmma Nhoma ma Yɛn Bere a Egye Ntɛmpɛ Yi!” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ka nsɛmma nhoma ahorow ho anisɔ a wɔada no adi ho suahu. (g91 7/22 krat. 9) Ma adawurubɔfo baanu nkyerɛ sɛnea wɔde nyansahyɛ ahorow a wɔde ama no besiesie asɛm a wɔka kyerɛ, na ma wɔn mu biara nyɛ ho ɔyɛkyerɛ nkyerɛ ne yɔnko.
20 min: ‘Yɛwɔ Pii Yɛ wɔ Awurade Adwuma no Mu.’ Nsemmisa ne mmuae a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka nhyehyɛe pii a wɔayɛ ama Ahenni Asɛm titiriw no a yɛbɛkyekyɛ wɔ afie afie no ho asɛm. Ka nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ a mo asafo no de bɛyɛ asasesin a ɛhyɛ mo nsa nyinaa mu adwuma ho asɛm. Kyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ de boa wɔn a wɔyɛ afoforo na ama wɔatumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa nea edi kan. (Hwɛ March 1995 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1.)
Dwom 150 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 17
Dwom 214
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Nkaedi afahyɛ no ho nsɛntitiriw, na kyerɛ akwan a wobetumi afa so de mmoa foforo ama nnipa afoforo a wɔbae no. Hyɛ obiara nkuran sɛ ommetie ɔkasa titiriw no April 23, na afei wɔnhyɛ wɔn a afei na wɔakyerɛ anigye no nkuran ma wɔnsan mmra. Ka asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a wɔayɛ ma wɔde akyekyɛ Ahenni Asɛm no ho asɛm.
15 min: “Yɛn Ahenni Biakoyɛ no a Yebekura Mu.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ.
17 min: “Hwehwɛ Wɔn a Wotumi Kyerɛkyerɛ Wɔn.” Kyerɛ hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ sankɔhwɛ ahorow. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa Bible no nni dwuma. Ma wɔnyɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 24
Dwom 167
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nkɔso a wɔanya wɔ Ahenni Asɛm no a wɔkyekyɛ wɔ asasesin no mu ho asɛm. Ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow a wɔanya bere a wɔkyekyɛɛ Ahenni Asɛm no. Kamfo nsɛmma nhoma ahorow a ɛbɛfata sɛ mode di dwuma wɔ mo asasesin mu kyerɛ. Ka nhyehyɛe biara a wɔayɛ na asafo no anya anwummere anwummere adansedi mu kyɛfa ho asɛm.
12 min: “Wuhu Sɛ Mmoa Ho Hia?” Nsemmisa ne mmuae. Ka botae a mprempren mpanyimfo no rebɔ mmɔden adu ho wɔ wɔn nguanhwɛ adwuma no mu ho asɛm tiawa. Kyerɛ nea ankorankoro betumi ayɛ de aboa.
18 min: Yɛ W’abusua Adesua Daa. Okunu ne ɔyere kyerɛ sɛnea honhom mu nkɔso a wɔn mma nnya no haw wɔn. Okunu no gye tom sɛ wayɛ anibiannaso wɔ abusua no adesua yɛ ho; ɛtɔ da bi a adapɛn pii twam a ɔmfa afotu biara mma abusua no. Wosusuw afotu ne akwankyerɛ a wɔde ama wɔ School Guidebook no nkratafa 37-8, nkyekyem 12-14 no ho. Wɔn baanu nyinaa pene so sɛ wɔbɛma abusua adesua no ahia wɔn asen biribiara dapɛn biara, a wɔmma nneɛma afoforo ntwitware mu.
Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.