Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma May: Yɛbɛma nkurɔfo akra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Yebetumi nso de brochure biara (gye Sukuu brochure no) ama wɔ asasesin a yɛtaa yɛ mu adwuma mu. June: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? July ne August: Yebetumi de brochure a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no bi nyɛ saa wɔ wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no so.
◼ Sɛ ebedu ɔsram no da a ɛto so 20 na ɔhwɛfo guamtrani no nsa nkaa asafo no Yɛn Ahenni Som a edi hɔ a, ɔne Asafo ti no nni ho nkitaho wɔ telefon so.
◼ Esiane sɛ wɔatew Tra Ase Daa akɛse no so aba ₵1,000 ama adawurubɔfo ne ₵700 ama akwampaefo nti, ɛsɛ sɛ mohyehyɛ nhoma yi dodow a akwampaefo gyee a morebisa ma wɔatew so ama mo no baabi foforo wɔ “Other Items (Describe)” afã wɔ “Remittance and Credit Request” (S-AB-20) kratasin no so.