Yi Ntoboa Fa Boa Ghana Baa Dwumadibea No
1 Sɛ́ ɔsɛmpatrɛwfo no, ɔsomafo Paulo amfa ne som adwuma no anyɛ aguadi. (2 Tes. 3:7-9) Mpanyimfo ne asafo mu asomfo suasua saa nhwɛso yi, na wonnye akatua wɔ asafo ahorow a wɔsom wom no mu. Mmom no, wɔhwɛ wɔn mmusua te sɛ nnipa afoforo nyinaa, titiriw denam honam fam adwuma a wɔyɛ so. Bere nyinaa akwampaefo asomfo nso hwɛ wɔn ho. Afe biara Adansefo binom de wɔn ankasa sika tu kwan kɔka asɛm wɔ akyirikyiri mmeae a wɔntaa nka asɛmpa no wɔ hɔ no. Enti Adansefo no som adwuma no nyɛ aguadi ɔkwan biara so.—2 Kor. 11:7.
2 Hia a Ntoboa ho Hia: Ɛnde, wohia ntoboa de ayɛ dɛn? Wɔ nnansa yi mfe du du mu no, Yehowa Adansefo adɔɔso ntɛmntɛm. Saa ara na tebea no te wɔ yɛn man yi mu. Wɔ mfe du a atwam ni mu no, wɔahyehyɛ asafo ahorow 217, na wɔabɔ adawurubɔfo afoforo 21,376 asu. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi nkɔso a ɛreba ntɛmntɛm yi ho dwuma no, ɛsɛ sɛ asafo biara ne baa dwumadibea no nso de sika pii di dwuma.
3 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu asɛm no ani so yiye no, momma yɛmfa 1994 ɔsom afe no sɛ nhwɛso. Sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɛka a baa dwumadibea no bɔe wɔ Betel adan no, Betel abusua no mufo 80, akwampaefo atitiriw 142 ne ahwɛfo akwantufo 37 ne wɔn yerenom, akanea ne nsu, pɛtro ne kar asiesie (lɔre a ɛkɔkyekyɛɛ nhoma, amantam so ahwɛfo lɔre a wɔde kyin yɛ amansin nhyiam, ne afoforo), Yɛn Ahenni Som 60,000 a ɔsram biara wɔde maa kwa, Ahenni Asa ho bosea ahorow, Asomfo Ntetee Sukuu ho dwumadi, ne nea ɛtete saa ho no yɛ sidi ɔpepem 50 ɔsram biara.
4 Saa bere no ara mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ntoboa a wonya fii Ghana asafo ahorow ne adawurubɔfo nyinaa hɔ ɔsram biara no si ₵1,206,000. Eyi yɛ ɛka a wɔbɔɔ no ɔsram biara no ɔha biara mu nkyem 2.4! Nea eyi kyerɛ ne sɛ, sɛ Ghana baa dwumadibea no de ₵1,000.00 biara di dwuma a, anuanom a wɔwɔ ɔman yi mu ntoboa a ɛwɔ mu yɛ ₵24.00! Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ asafo kakraa bi pɛ na wɔwɔ ntoboa a wɔde kɔma Accra baa dwumadibea no ho “tirimbɔ a wodi so daa.” Afei nso, adawurubɔfo kakraa bi pɛ na wɔde sika mena Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no tẽẽ. Yehowa nnɛyi asomfo afi wɔn pɛ mu ayi ntoboa bere nyinaa. Nanso ɛtɔ da bi a, ebinom mfa hokwan a wɔwɔ sɛ wɔde ntoboa bɛboa Onyankopɔn adwuma no nni dwuma nkosi ase. Ɛnde dɛn na wobetumi ayɛ?
5 Kristofo Nyinaa Asɛyɛde: Yehowa ne ne Ba, Kristo Yesu, na wodii kan fi animtew mu maa ade. (Mmeb. 8:30, 31; Kol. 1:13-17; Aso. 14:17; 17:25; Yoh. 3:16; Mat. 20:28) Ná Israelfo no wɔ hokwan ne asɛyɛde sɛ woyi ntoboa ma wɔde si adan a wodi nokware som ho dwuma wom yeyɛ emu nneɛma. Wɔde nneɛma mae ma wɔde yɛɛ ntamadan no ne emu nneɛma, na akyiri yi, wodii Ɔhene Dawid nhwɛso pa akyi fii wɔn pɛ mu de sika, kɔbere, ne nneɛma afoforo a ɛsom bo mae sɛ wɔmfa nsi Yerusalem asɔrefi no. (1 Be. 29:1-9) Wɔ mfehaha no mu no, Israelfo no nyaa hokwan boaa ntamadan no, asɔrefi a wosisii akyiri yi no si, ne ɔsom adwuma a asɔfo ne Lewifo no yɛe wɔ hɔ no. Sɛ nhwɛso no, wɔ Nehemia bere so no, Yudafo no bɔɔ wɔn tirim sɛ wobeyi ntoboa de aboa ɔsom kronn esiane sɛ na wonim sɛ ɛnsɛ sɛ wobu wɔn ani gu Onyankopɔn fie so nti.—Neh. 10:32-39.
6 Ɛwom sɛ tete Kristofo no amfa prɛte amfa nkurɔfo anim annyigye sika anaa ntotoso du du amfa anni ɔsom ho dwuma de, nanso wofi wɔn pɛ mu de wɔn honam fam ahode mae de boaa Ahenni nneɛma. (Rom. 15:26; 2 Kor. 9:13) Asafo mũ nyinaa, te sɛ nea na ɛwɔ Filipi no de wɔn honam fam nneɛma dii dwuma wɔ saa kwan yi so. (Fil. 4:15-17) Bere a Paulo regyigye ntoboa akɔma ahiafo a wɔwɔ Yudea no, wantwa bo pɔtee bi anto hɔ. Mmom no ɔkae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”—2 Kor. 9:7.
7 Nhwɛso horow a yɛaka ho asɛm yi kyerɛ sɛ Yehowa asomfo agye asɛyɛde a wɔwɔ sɛ woyi ntoboa de boa nokware som no atom bere nyinaa. (Mmeb. 3:9, 10) Bere a wogye tom sɛ honam fam ahode a wɔwɔ nyinaa fi Yehowa hɔ no, wobu ntoboa a wofi wɔn pɛ mu yi sɛ ɛyɛ ɔkwan foforo a wɔfa so da no adi sɛ wɔn ani gye Yehowa adwuma no ho na wɔboa. (Fa toto 1 Beresosɛm 29:11, 14 ho.) Ɛnnɛ, adema honhom a ɛte saa ara na ɛka Adansefo ne anigyefo ma wɔboa adwuma no sika fam. Boa a wɔboa ma asafo a wɔwom no tua ɛka a wɔbɔ akyi no, wɔboa wiase nyinaa adwuma no nso denam ntoboa a wɔde kɔma Watch Tower Bible and Tract Society a wɔde fa ne baa dwumadibea ahorow so no so.
8 Ahia Yɛn Dodo Sɛ Yebeyi Ntoboa?: Ná Lewifo no nni agyapade biara, na mmom Israelfo afoforo na woyii “ntotoso du du” de hwɛɛ wɔn. Nanso, na wɔhwehwɛ sɛ wɔn nso woyi “ntotoso du du” a wonyae no mu “ntoso du” ma ɔsɔfo panyin no.—Num. 18:26-28.
9 Nhwɛso a Yosef ne Maria yɛe bere a wɔwoo Yesu Kristo wɔ afeha a edi kan mu no nso wɔ hɔ. Ná Mose mmara no hwehwɛ sɛ Maria de odwennini kumaa bɛkɔ akɔma sɛ ahodwirade. Ɛwom sɛ na wɔn sikasɛm mma wontumi nyɛ eyi de, nanso wɔyɛɛ nea wobetumi, de nnomaa nketewa abien kɔmae.—Lev. 12:6-8; Luka 2:22-24.
10 Yesu buu mman abien a ɛnsom bo pii a okunafo hiani no yii no sɛ ‘ɛyɛ bebree sen nea wɔn a aka no nyinaa yii no’ esiane n’ayamye a efi koma nyinaa mu no nti. (Marko 12:41-44) Wamfa hia a na ahia no wɔ sika fam no anyi ne ho ano. Mmom no, ɔboaa nhyehyɛe a na Yehowa de asi hɔ ama ɔsom kronn no sɛnea obetumi biara.—2 Kor. 8:12.
11 Bere a ɛyɛ nokware sɛ Yehowa Adansefo kakraa bi na wɔyɛ honam fam adefo wɔ ɔman yi mu no, nhwɛso abiɛsa no kyerɛ sɛ yɛn mu biara nni hɔ a obetumi de ohia ayi ne ho ano sɛ ɛno nti na onyi ntoboa mfa mmoa Ahenni adwuma no. Ɛwom sɛ ebia Adansefo a wonni bi no de sika kakraa bi na ɛbɛma de aboa ma Ahenni nneɛma anya nkɔso de, nanso sɛ wɔkeka wɔn ntoboa ahorow no bom a, ɛsɔ ani.—Dw. 102:17; fa toto Mateo 18:10 ho.
12 Ɛtɔ da bi a ntoboa a yentumi nyi no daa mfa mmoa honhom fam nnwuma no fi nneɛma a ehia a yɛmfa nni kan. Momma yemmisa yɛn ho sɛ: Ɔsram biara mpɛn ahe na mekɔ ayi na mebɔ nsaa? Bere a ɛnyɛ mfomso sɛ obi bɛkɔ ayi akɔkyekye wɔn a wɔn biribi awu werɛ no, sɛ Kristoni bi di n’asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ ayi ase bere nyinaa, nanso onyi ntoboa mfa mmoa Ahenni adwuma daa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔde nneɛma a ɛho hia redi kan? (Fa toto Yohane 6:25-27; 1 Timoteo 4:8 ho.) Ayi na yɛde ayɛ nhwɛso wɔ ha, nanso yebetumi de nnyinasosɛm no adi dwuma wɔ asetram dwumadi afoforo mu.
13 Yɛn Nyinaa Bɛyɛ Dɛn Atumi Ayi Bi?: Asafo biara betumi de ntoboa adaka bi asi Ahenni Asa so a wɔakyerɛw ho kɛse sɛ “NTOBOA MA ASAFO TI NO WIASE NYINAA ADWUMA NO—MATEO 24:14.” Ɔsram biara asafo no bɛboaboa adaka yi mu ntoboa nyinaa ano de sika no nyinaa akɔma baa dwumadibea no de aboa ma wɔde adi nneɛma ho dwuma.
14 Asafo bi betumi nso anya “tirimbɔ a wodi so daa” sɛ ɔsram biara wobeyi asafo no sika dodow pɔtee bi akɔma Watch Tower Society, Ghana Branch. Sɛ wɔyɛ eyi a, ɔsram biara, onua a ɔhwɛ sikasɛm so no de sika yi ne sika afoforo te sɛ nhoma ne nsɛmma nhoma de bɛkɔ akɔma Asafo ti no. Eye sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ saa tirimbɔ a wodi so daa no mu bere ne bere mu esiane nneɛma bo a ɛkɔ soro nti.
15 Ankorankoro betumi de sika anaa nneɛma foforo a ɛsom bo akɔma Watch Tower Bible and Tract Society, Ghana Branch, Box 760, Accra, tẽẽ de aboa Ahenni adwuma wɔ ɔman yi mu. Nea ɛka ho bio no, anuanom ankorankoro betumi ne wɔn sikakorafo ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔsram biara wonyi sika dodow bi mfi wɔn foto mu nkogu Watch Tower Society sikakorabea foto mu. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa no nkɔ asafo no kyerɛwfo hɔ nkogye Asafo ti no sikakorabea foto nɔma. Sɛ ɛho behia a, wobetumi nso akyerɛw baa dwumadibea a ɛwɔ Accra no abisa eyi ho asɛm.—Hwɛ December 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19 nso.
16 Ntoboa a yeyi de boa Ahenni nneɛma no nyɛ ɔkwan a yɛfa so tua Yehowa, a ɔyɛ nneɛma nyinaa wura no ka anaa yɛma no yɛ yiye. (1 Be. 29:14-17) Nanso, adema a ɛte saa no ma yenya hokwan de da ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi. Ntoboa a wɔde ma, a emfi pɛsɛmenkominya mu anaa wɔmfa nhwehwɛ din ne ayeyi, na mmom efi animtew mu na wɔde boa nokware som no, ma nea ɔde ma no nya anigye ne Yehowa nhyira. (Mat. 6:1-4; Aso. 20:35) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛn soro Agya no papa a wayɛ yɛn no ka yɛn ma yɛde animtew ma ade. Ɛnde, momma yɛmfa komam anisɔ nyɛ nea yebetumi nyinaa mfa mmoa mma yɛn Nyankopɔn, Yehowa a ne yam ye, a odii kan fi animtew mu maa ade no adwuma nkɔ so.—1 Kor. 16:2.