Wo Nso Wubetumi Anya Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Anigye!
Adawurubɔfo binom wɔ hɔ a ɛkame ayɛ sɛ wonya nsrahwɛ anaa sankɔhwɛ bi a ɛyɛ anigye ho osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran ka kyerɛ afoforo bere nyinaa. Osuahu a ɛyɛ anigye ntaa mma kwa. Emu dodow no ara fi nsiyɛ ne mmɔden a wɔkɔ so bɔ. Ɛnhyɛ da nyɛ ade a adawurubɔfo a wonim kasa anaa wɔn a wɔn ho akokwaw kɛse nkutoo na wonya.
Nneɛma a wɔahyɛ no nsow wɔ wɔn a wɔtaa nya bi ho no bi ni: (1) Wɔkɔ asɛnka daa, mpɛn pii wɔ dapɛn no mu, na ɛma wonya hokwan pii hyia anigyefo; (2) wɔkɔ so nya afiewuranom ho adwempa, na wonni kan nnya adwene sɛ wɔrentie; (3) wɔpɛ nnipa, na wɔda nokware anigye a ɔdɔ wom adi kyerɛ wɔn a wotie no; (4) wɔyɛ nsi na wɔkɔ so si nketekrakye kɔyɛ sankɔhwɛ hwehwɛ nkurɔfo a wɔanto wɔn wɔ fie no; na (5) wɔde yɛ wɔn botae sɛ wobefi Bible adesua ahorow ase.
Sɛ wohwehwɛ wo dwumadi mu hwɛ a, ebia wubetumi ahu ɔkwan a wobɛfa so anya saa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a ɛboa kɛse ma ɔsom adwuma no sow aba na ɛma akomatɔyam no pii. Sɛ wowɔ osuahu a ɛyɛ anigye bi a, yɛsrɛ wo, kyerɛw brɛ Asafo ti no.