Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔn a na Wonni Fie no ho Kyerɛwtohɔ?
1 Adansefo awarefo bi siim ntɛm kɔɔ asɛnka da bi. Akyiri yi, wɔsan kɔɔ afie a wɔanto obiara wom wɔ asasesin no mu bio saa da no ara. Ɔbarima bi frɛɛ wɔn kɔɔ dan mu, na ɔyɛɛ aso tiei. Ogyee Tra Ase Daa nhoma no biako na obisae sɛ Adansefo no bɛsan aba anaa. Ná ɔntee Yehowa Adansefo asɛm no bi da, na na ɔwɔ nsemmisa pii a ɔpɛ sɛ wobua ma no; wofii Bible adesua ase. Saa awarefo yi ani gyei sɛ wohuu onipa a ɔte sɛ oguan yi. Wobɛpɛ sɛ wunya osuahu a ɛte saa? Afie a woanto obiara wom ho kyerɛwtohɔ pa a wobɛyɛ na woasan akɔ hɔ ntɛm ara no betumi aboa wo ma woayɛ saa.
2 Wɔahyɛ yɛn nkuran mpɛn pii sɛ yɛnyɛ afie a yɛanto obiara wom ho kyerɛwtohɔ a edi mu, na yɛnsan nkɔ hɔ ntɛm. Sɛnea atifi hɔ suahu no kyerɛ no, sɛ yɛsan kɔ hɔ saa da no ara a, biribi pa betumi afi mu aba. Bere a ebia yɛde besi yɛn ani so sɛ yɛbɛyɛ asasesin a ɛhyɛ yɛn nsa mu adwuma awie no, ebia na yɛmmɔ yɛn ho mmɔden pii sɛ yɛbɛyɛ afie a yɛnto obiara wom no ho kyerɛwtohɔ saa. Ebinom ka sɛ: ‘Yɛyɛ yɛn asasesin mu adwuma wie adapɛn abien anaa abiɛsa biara; ɛho nhia sɛ yenya kyerɛwtohɔ a ɛte saa biara, efisɛ ɛyɛ dɛn ara a, yɛbɛsan akɔ hɔ nnansa yi ara.’ Nanso ɛno nti koraa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ kyerɛwtohɔ. Faako a yɛtaa yɛ asasesin no mu adwuma no, afie a yɛanto obiara wom a yɛsan kɔ hɔ no ma yetumi hwehwɛ wɔn a wɔfata no yiye. Ɔkwan bɛn so?
3 Wɔ mmeae pii no, nnipa ɔha biara mu 50 anaa nea ɛboro saa nni fie awiabere. Enti, sɛ yɛbɛka a, sɛ yɛde yɛn adwene si afie a yɛanto obiara wom no so kɛse a, ɛma yenya nsasesin pii. Sɛ yɛntaa nyɛ asasesin no mu adwuma mpo, na sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛn nsa bɛka obiara ansa na yɛakyerɛw sɛ yɛayɛ asasesin no mu adwuma awie a, yebetumi ama aba a ɛbɛsow no ayɛ kɛse.
4 Mpɛn pii no, yebetumi ayɛ nhyehyɛe akɔ afie a yɛanto obiara wom no mu da foforo, na eye sɛ ɛbɛyɛ dapɛn koro no ara mu. Nnipa pii hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛsakra ɛda ne bere a wɔkɔɔ hɔ nea edi kan no mu. Wubetumi apɛ bere bi Memeneda anaa Kwasida asan akɔ afie a woanto obiara wom wɔ dapɛn no mu no mu. Nea ɛka ho bio no, asafo ahorow pii hu sɛ nsrahwɛ a ɛtete saa a wɔyɛ no anwummere no asow aba. Wobetumi ato nea ɛboro fie hɔfo mu fã wɔ fie.
5 Ɛsɛ sɛ wokyerɛw sankɔhwɛ ahorow hyɛ w’ankasa wo kyerɛwtohɔ no so. Sɛ woantumi ansan ankɔ afie a woanto obiara wom mu a, ɛsɛ sɛ wode ɛho kyerɛwtohɔ a woayɛ no ma onua a odii kuw no anim no na ama kuw foforo a wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma wɔ asasesin no mu adi ho dwuma.
6 Yɛn som adwuma no fã yi a yɛbɛma yɛn ani akũ ho yiye no betumi ama yɛasow aba pii na yɛanya anigye kɛse nso. Ebetumi ama yɛanya abotɔyam wɔ nim a yenim sɛ yɛntoto wɔn a wɔte sɛ nguan a yɛhwehwɛ wɔn boa wɔn no ase no mu.—Hes. 34:11-14.