July Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase July 3
Dwom 194
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
17 min: “Monwɛn.” Nsemmisa ne mmuae.
18 min: “Fa Brochure Ahorow Di Dwuma Wɔ Wo Som Adwuma Mu.” Wo ne atiefo mmɔ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho nkɔmmɔ. Ka nneɛma a ɛyɛ anigye wɔ brochure ahorow no mu ho nsɛm kakra. Ma wɔnyɛ sɛnea wobetumi de ama ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien anaa abiɛsa.
Dwom 213 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 10
Dwom 110
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: “Yehowa Nkaesɛm Rekanyan Yɛn Honhom Mu?” Nsemmisa ne mmuae.
20 min: Dɛn na Afipamfo no Besusuw? Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ a egyina April 1, 1974, Ɔwɛn-Aban (Engiresi de), nkratafa 201-3 so. Ma ɔkasa a ɛfa nea enti a yɛn afipamfo wiasefo taa de nhyɛso ba yɛn so ho. (Ka kratafa 201 ne nkyekyem a edi kan wɔ kratafa 202 no mu nsɛm.) Afei ma wɔnyɛ Bible adesua a awarefo bi a wɔn ho akokwaw ne abusua bi a wɔakyerɛ anigye foforo a wɔn afipamfo wiasefo a wɔsɔre tia Bible a wɔne Yehowa Adansefo sua rehunahuna wɔn no reyɛ ho ɔyɛkyerɛ. (Ka asɛm no fã a aka no mu nsɛntitiriw.) Si nea enti a ɛnsɛ sɛ abusua a wɔakyerɛ anigye foforo no aba mu bu anaa wɔpa abaw so dua.
Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 17
Dwom 192
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “San Kɔ Wɔn a Woma Wɔn Brochure Nyinaa Nkyɛn.” Onua a wɔde ɔfã yi hyɛ ne nsa no ne adawurubɔfo baasa bɛbɔ nea enti a ɛho hia sɛ wɔsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye ne wɔn a wogye nhoma no ho nkɔmmɔ. Wosusuw asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho na wɔyɛ ɔkwan a wobetumi afa so de ato gua ho ɔyɛkyerɛ kyerɛ wɔn ho wɔn ho.
15 min: “1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw.” Krataa a ehyem no. Ɔkasa a egyina nkyekyem 1-8 so a ɔhwɛfo guamtrani ma. Si mfaso kɛse a ɛwɔ nsakrae a wɔayɛ a enti wɔnyɛ aduanma ho nhyehyɛe a ɛkɔ akyiri biara no so dua.
Dwom 210 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 24
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asemmisa Afã. Nsemmisa ne mmuae.
15 min: Ofie Bible Adesua a Yɛbɛyɛ. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔyɛ Bible adesua ahorow a enya nkɔanim ma. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden kɛse mfi Bible adesua ahorow ase. Ka nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no nkratafa 90-91 no. Wubetumi aka mo asasesin no mu osuahu ntiantiaa nso.
20 min: “1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw.” Krataa a ehyem no. Nsemmisa ne mmuae a egyina nkyekyem 9-19 so a asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Dan adwene kɔ nkaesɛm a wɔde ama wɔ adaka a ɛwɔ asɛm no awiei mu no so. Si so dua sɛ wɔmfa anifere nyɛ wɔn ade, mfa nnuan ne ɛho nneɛma a ɛho behia nkutoo mmra nhyiam no ase.
Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 31
Dwom 136
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Hyɛ Afoforo Den.” Nkɔmmɔbɔ ne ɔkasa a ɔpanyin bi di ho dwuma.
20 min: Ka Nhoma a Yɛde Bedi Dwuma August ho asɛm. Bobɔ brochure ahorow a ekura nkratafa 32 a yebetumi de ayɛ adwuma no din. Ma adawurubɔfo nka brochure ahorow a wɔde ama wɔ July mu ho osuahu a ɛyɛ anigye biara a wɔwɔ. Yɛ sɛnea wɔde So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no fi Bible adesua ase ho ɔyɛkyerɛ. Bisa asɛm a ɛwɔ Ɔfã 1 no nkyekyem 1 no. Ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene wɔ nsɛm a wɔaka wɔ nkyekyem 2-4 no ho. Kyerɛkyerɛ mu sɛ brochure no da no adi sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho ankasa, na yebetumi anya asetra a amanehunu biara nnim mu anigye wɔ ne wiase foforo a ɛreba no mu. Ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne no abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.
Dwom 179 ne mpaebɔ a wɔde wie.