August Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase August 7
Dwom 118
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Da nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ mu adi.
15 min: “Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?” Nsemmisa ne Mmuae.
20 min: “Monyɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Akyerɛkyerɛfo—Denam Brochure So.” Ɛsɛ sɛ onua a wɔde ɔfã yi hyɛ ne nsa no ne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ brochure ahorow no mu nneɛma atitiriw ho nkɔmmɔ. Afei wɔmmobɔ asɛm a wɔbɛka akyerɛ so nkyerɛ wɔn ho wɔn ho.
Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 14
Dwom 124
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Asemmisa Afã.
15 min: Nya Sukuu so Mfaso a Ɛsen Biara. Ɔpanyin bi yɛ sɛnea ɔwofo betumi ne ne babarima anaa ne babea a onnii mfe aduonu aka sukuu adesua ahorow a ɔbɛpaw ho asɛm ho ɔyɛkyerɛ. Munsusuw hia a ɛho hia sɛ ɔpaw adesua a ɛbɛboa no ma ɔde ɔsom adwuma no ayɛ n’adwuma ho.—Hwɛ November 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 16-18, nkyekyem 3-11.
15 min: “Awofo a Wodi Ahurusi!” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Ka August 15, 1987 Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 13-15, nkyekyem 14-23 nso mu nsɛm.
Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 21
Dwom 148
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw adaka a ɛne “Yɛn Akontaabu” ho.
15 min: “Sankɔhwɛ a Edi Mu Gye Nkyerɛkyerɛ a Etu Mpɔn.” Ka nsɛntitiriw no na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa biako anaa abien.
20 min: “Komam a Yebefi De Yɛn Ho Ama Ayɛ Adwuma Pa Biara.” Nsemmisa ne mmuae a ɔpanyin bi de di ho dwuma. Ka asafo no ahiade ne akwan a obiara betumi afa so aboa ho asɛm.
Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase August 28
Dwom 173
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm.
15 min: “Kristofo Abrabɔ Wɔ Sukuu Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ awofo nkuran sɛ wɔne wɔn mma nsusuw July 15, 1991 Ɔwɛn-Aban (Vol. 112, No 14) no nkratafa 23-6 ho, titiriw afã a ɛka nsɛm a mmofra betumi ahyia ho asɛm no.
20 min: Fa Tra Ase Daa Nhoma no Ma September. Kyerɛ sɛnea nhoma yi di dwuma titiriw wɔ Yehowa atemmu nsɛm a wɔde to gua mu no. (Hwɛ April 1, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-6, nkyekyem 17-18.) Ka osuahu a ɛwɔ April 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no kratafa 15, nkyekyem 3-4 no. Dan adwene kɔ mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ nhoma no nkratafa 3, 11-13, ne 156-8 no so. Ka akwan a wobetumi afa so de mfonini ahorow yi afi nkɔmmɔbɔ ase. Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw mfa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛwɔ nkratafa 156-8 no biako nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ tiawa ho ɔyɛkyerɛ. Si botae a ɛne sɛ wobefi Bible adesua ahorow ase no so dua. Kae obiara sɛ onnye bi mfa nkɔyɛ adwuma dapɛn yi awiei.
Dwom 178 ne mpaebɔ a wɔde wie.