Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bedi dwuma October: Yɛbɛma wɔakra Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban. Bɔ mmɔden kɛse sɛ wode nsɛmma nhoma bɛma. November: Fa New World Translation ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no ma. December: “Let Your Kingdom Come.” January: Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wonnya nkraa atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no bi nyɛ saa wɔ wɔn daa ɔsram “Literature Request Form” (S-14) a edi hɔ no so.
◼ Nea ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no ne “Theocratic Ministry School Schedule for 1996” no, na ɛsɛ sɛ mode sie na mode adi dwuma wɔ 1996 mu nyinaa.
◼ Mo asafo no de 1996 “Special Annual Literature Order Form” (S-14 Special) no amena? Yɛsrɛ mo, monkae sɛ sɛ moamfa saa krataa soronko a wɔde kra nneɛma yi amma a, mo nsa renka Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1996 no ne nhoma foforo a wɔkra ma wɔn a wobisa nkutoo no.
◼ Mormon som ho nsɛm bɛba November 8 Engiresi Nyan! no mu. Yegye di sɛ Mormon abakɔsɛm ne nkyerɛkyerɛ ho nhwehwɛmu yi bɛboa komapafo ma wɔahu baabi a nokware hann wɔ ankasa. Mubetumi akra bi aka nea daa mogye no ho ntɛm ara.