Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/95 kr. 7
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1995
Yɛn Ahenni Som—1995
km 10/95 kr. 7

Asemmisa Afã

◼ Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛne ofiewura bi bɛbɔ mpae wɔ afie afie asɛnka mu?

Yɛde nyansahyɛ ahorow mae wɔ October 1994 Yɛn Ahenni Som no Asemmisa Afã de kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ yɛka bere a ofiewura bi ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae ansa na yɛaka yɛn asɛm no. Yebetumi de nsɛm a ɛwɔ Tra Ase Daa nhoma no kratafa 230 ne Reasoning nhoma no kratafa 295 adi dwuma ma asow aba. Yebetumi nso ne no asusuw kyerɛw nsɛm te sɛ Mateo 10:7, 12; 1 Timoteo 2:8, 11, 12, ne 1 Korintofo 14:34, 35 ho de adi nsɛm a ɛte saa ho dwuma.

Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ ɛnyɛ sɛ yɛkɔ obi a yennim no fie de mpaebɔ kofi ase bere a onii no abisa—a ebia ofiewura no fa n’ankasa kwan so bɔ mpae wɔ ɛno akyi—na afei yɛaka yɛn asɛm no. Sɛ ɔdawurubɔfo no hu sɛ ofiewura no pɛ sɛ wɔyɛ baguam adeyɛ bi kɛkɛ anaa ɔrebɔ mmɔden ama ɔno (ɔdawurubɔfo no) de ne ho ahyɛ gyidi afrafra mpaebɔ bi mu a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ ɔne saa onipa no remmɔ mpae, ma ɛne nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:5, 6 ne 2 Korintofo 6:14-18 no hyia.

Nanso, nea yɛaka yi nkyerɛ sɛ enye koraa sɛ yɛne obi a yehyia no wɔ afie afie asɛnka mu bɛbɔ mpae. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ nea Bible no ka wɔ mpaebɔ ho mu kyerɛ ofiewura no, na sɛ ɔka sɛ yɛmmɔ mpae a ɛne nkɔmmɔbɔ no hyia a, mfomso biara nni ho sɛ yɛbɛyɛ saa. Yɛremmɔ mpae mfa nyɛ guasodeyɛ, nanso sɛ ɛba sɛ Yehowa ho asɛm a yɛka kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu no ka wɔn ma wɔka sɛ yennyina wɔn ananmu mmɔ no mpae a, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa.

Bere a wɔrehyira asɔrefie no so no, na ɛyɛ adesrɛ a ɛka Salomo mpaebɔ ho sɛ, sɛ ahɔho te Yehowa din ne ne nnwuma ho asɛm na sɛ wɔdan wɔn ani kyerɛ ne fie no bɔ mpae a, Ontie wɔn adesrɛ no. (2 Be. 6:32, 33) Nokwarem no, ebia na obi a wahaw a ɔte nka sɛ ohia Onyankopɔn mmoa denneennen no nnim mpae bɔ. Sɛ ɔdawurubɔfo no hu adanse a ɛfata a ɛkyerɛ sɛ n’ani gye ho ankasa, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, mfomso biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ n’abisade no, na ɔne no abɔ mpae.

Ɛmfa ho sɛ yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ɔsom mu guasodeyɛ biara anaa gyidi afrafra mu no, yɛmma yɛn ani mpa so sɛ yɛbɛbɔ Onyankopɔn mpae ama komapafo a wofi nokwaredi mu hwehwɛ Onyankopɔn akwankyerɛ ne mmoa no.—Yes. 66:2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena