November Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase November 6
Dwom 93
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw.
15 min: “Nhyira Akɛse a Wonya Fi Teokrase Nhyiam Horow Mu.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Hyɛ obiara nkuran na ɔmmɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam a yɛrebɛyɛ yi ne teokrase nhyiam horow a yɛbɛyɛ daakye no, na yɛanya Yehowa nhyira pii.
20 min: “Kyerɛw Nyinaa Ye ma Nkyerɛkyerɛ.” Munsusuw New World Translation afã horow ho, na kyerɛ nea enti a ɛkyɛn afoforo no. Kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔde nnɛyi kasa na akyerɛw no mu. (Hwɛ “All Scripture” nhoma no, kratafa 328, nkyekyem 4-6.) Ma wɔnyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ abien ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 2 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 13
Dwom 33
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sika ho amanneɛbɔ. Munsusuw dapɛn no mu asɛnka adwuma nhyehyɛe ahorow ho.
15 min: “Nhyiam a Yɛbɛkɔ Daa—Ɛho Hia na Yɛagyina Pintinn.” Ɔkasa ne nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ.
20 min: “Ma Wo Suban Mfata Asɛmpa No.” Nsemmisa ne mmuae. Fa nsɛm foforo a egyina June 15, 1989, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 16-17, nkyekyem 5-9 so ka ho.
Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 20
Dwom 45
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
20 min: “1995 ‘Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 1-16 ho.
20 min: “Boa Afoforo Ma Wonhu Bo a Bible no Som.” Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa susuw nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ sankɔhwɛ ahorow na yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebefi Bible adesua ase ho. Munsusuw ho na afei mommobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ sankɔhwɛ mu a wɔahyɛ ho nyansa no so.
Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 27
Dwom 96
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
10 min: “Fa W’adwene Si Ɔsoro Nneɛma So.” Ɔkasa.
20 min: “1995 ‘Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa ne mmuae a wɔde susuw nkyekyem 17-28 ho. Munsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” ho. Munsusuw nsɛm a ɛho hia a ɛwɔ “1995 Ɔmantam Nhyiam Ase Nnwuma a Wɔma Ɛyɛ Mmerɛw,” a epuee July 1995 Ahenni Som mu no ho, sɛnea bere bɛma kwan.
10 min: “Kingdom Come” Nhoma no a Yɛde Bɛma Wɔ December Mu. Munsusuw nhoma no mu nsɛm a ɛyɛ anigye ho—nsɛmti a ɛkanyan adwene ne mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛwɔ nkratafa 4-5, 180-1 no ho, na kyerɛ sɛnea yebetumi de eyinom afi nkɔmmɔbɔ ase. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa asɛm a wɔka kyerɛ tiawa nkyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ wɔ asase so mu. Hyɛ obiara nkuran ma onnye bi mfa nyɛ adwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi awiei.
Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.