Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/96 kr. 2
  • October Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • October Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 7
  • Dapɛn a Efi Ase October 14
  • Dapɛn a Efi Ase October 21
  • Dapɛn a Efi Ase October 28
Yɛn Ahenni Som—1996
km 10/96 kr. 2

October Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase October 7

Dwom 47

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no June ɔsom akontaabu ne adawurubɔfo dodow a ɛsen biara a wɔanya ne mo asafo no akontaabu ho asɛm.

15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a ɔfata ne atiefo susuw asɛm no ho.

20 min: “Siesie W’ankasa Nsɛm a Wobɛka De Nsɛmma Nhoma Ama.” (Nkyekyem 1-7) Bisa nkyekyem 1-4 mu nsɛm, na afei ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien anaa abiɛsa mfa nkyerɛ sɛnea wobetumi de nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkyekyem 5-7 no adi dwuma ma wɔakra nsɛmma nhoma no bi. Fa March 1, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 17, nkyekyem 8-9 mu nsɛm ka ho.

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 14

Dwom 39

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: “Asɛmpa a Eye Kyɛn So Ho Dawuru a Wɔbɔ.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka nsɛntitiriw bi a apue wɔ Ɔwɛn-Aban mu ho asɛm.—Hwɛ March 1, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 13.

20 min: “Siesie W’ankasa Nsɛm a Wobɛka De Nsɛmma Nhoma Ama.” (Nkyekyem 8-11) Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nyansahyɛ ahorow anan a ɛwɔ January 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 24-5, nkyekyem 18-21 mu nsɛm ka ho. Bere a wode September/October nsɛmma nhoma redi dwuma no, kyerɛ sɛnea wosiesie asɛm a wɔka kyerɛ: (1) Paw asɛm bi a afoforo ani betumi agye ho wɔ w’asasesin no mu, (2) hwehwɛ anigyesɛm bi a wobɛka, (3) susuw asɛmmisa bi a wobetumi de atwe adwene asi saa asɛm no so ho, (4) paw kyerɛwsɛm bi a sɛ ɛba sɛ hokwan bue a wobɛkenkan, na (5) siesie wo nnianim nsɛm ne nea wobɛka afa nsɛmma nhoma no ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhyɛ ofiewura no nkuran ma wakra bi. Ma adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata mu biara nyɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ. Fa abofra bi ka ho a ɔbɛyɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ tiawa.

Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 21

Dwom 169

15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so nya wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa mu: (1) Yɛ nea wode ma biara ne asɛm a mususuw ho no ho kyerɛwtohɔ, (2) yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan de nea ɛbɛba no bi abrɛ no, na (3) fa bere bi si hɔ wɔ wo dapɛn dapɛn asɛnka nhyehyɛe no mu fa yɛ saa nsrahwɛ yi. Baabiara a ɛbɛyɛ yiye no, ma wɔnkra bi, na kae sɛ wobɛyɛ wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa a wosan kɔ wɔn nkyɛn no mu biara ho kyerɛwtohɔ sɛ sankɔhwɛ.

15 min: “Yɛ W’asasesin Mu Adwuma Fefeefe.” Munsusuw asɛm no ne mo asafo no nhyehyɛe ma adwumayɛbea ahorow mu adwumayɛ ho. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔyɛɛ adwuma wɔ sotɔɔ ahorow a ɛwɔ wɔn asasesin mu no.

15 min: Asafo mu ahiade. Anaa ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina asɛm a ɛne “Munkura Mo Ahotoso Mu Pintinn Nkodu Awiei,” a ɛwɔ May 1, 1996, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 21-4 mu no so.

Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 28

Dwom 27

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Bere a wiase no nnapɔnna reba wɔ December mu, na ebia ɛbɛma moanya kwan wɔ honam fam adwuma ne sukuu mu no, hyɛ obiara nkuran ma wonsusuw sɛnea wobetumi de wɔn ho ahyɛ akwampae aboafo adwuma mu ho. Hyɛ obiara nkuran ma wɔmfa October asɛnka ho akontaabu mmara dapɛn yi awiei.

20 min: “Sɛnea Wɔtɔ Bere a Ɛfata.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa December 1, 1989, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-17, nkyekyem 7-11 mu nsɛm ka ho.

15 min: Munsusuw Nhoma a Wɔde Bɛma wɔ November mu no ho. Yɛde Nimdeɛ nhoma no na ɛbɛma, na yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko akɔ wɔn a yɛmaa wɔn bi nyinaa nkyɛn, a adwene no ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ahorow ase. Adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata ka mfaso a ɛwɔ nhoma no so ne sɛnea wobetumi de adi dwuma ho asɛm. Emu nsɛm no fa nnipa ahorow nyinaa asetram nsɛm ho. Ɛka Bible mu mfitiasesɛm ne nnyinasosɛm a ehia sɛ wɔn a wɔyɛ foforo te ase ansa na wɔabɔ wɔn asu no ho asɛm. Sɛ yɛma adesua no kɔ so sɛnea ɛsɛ a, osuani no betumi anya nkɔanim ntɛmntɛm. Munsusuw sɛnea wɔfa ɔkwan tẽẽ so fi adesua ase ho, na monyɛ ho ɔyɛkyerɛ: Munsusuw mfonini ne mfonini ho nsɛm a ɛwɔ nkratafa 4-5 no ho; kyerɛkyerɛ ɔkwan a yɛfa so sua ade no mu; munsusuw ti 1 no mu nkyekyem anum a edi kan no ho tiawa; yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan aba akyiri yi abɛtoa nkɔmmɔbɔ no so, abebua asɛmmisa, So daa nkwa yɛ adaeso ara kwa? no. Si anigye a ofie Bible adesua a yɛyɛ de ba no so dua.

Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena