Nnipa Bebree Reba
1 Sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no, nkɔso a Kristofo asafo no renya nnɛ no yɛ nwonwa. (Aso. 2:41; 4:4) Afe a etwaam no, wɔbɔɔ asuafo foforo 366,579 asu, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, 1,000 na wɔbɔɔ wɔn asu da biara! Wɔabɔ nnipa bɛboro ɔpepem biako asu wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu. Nokwarem no, Yehowa akɔ so de agyidifo bebree aba.—Aso. 5:14.
2 Wɔn a wɔyɛ afoforofo no mu pii a wonni Kristofo asetra mu suahu no hia wɔn a wɔyɛ den wɔ gyidi mu no hɔ mmoa. (Rom. 15:1) Wɔ tete Kristofo no mu no, na ebinom ntumi ‘mpere nkɔ onyin mu,’ ɛmfa ho sɛ na wɔabɔ wɔn asu bere tenten no. (Heb. 5:12; 6:1) Enti na Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo no mu no, osii mmeae a ehia sɛ Kristofo nyin wɔ honhom mu so dua no. Eyinom ne dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi de mmoa a ehia no ama?
3 Adesua Ho Su Pa a Yebenya: Nea ɛne Paulo nkyerɛkyerɛ hyia no, osuani pa a obi bɛyɛ no hwehwɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sua ade, yɛ ntimu, na ɔde “aduan a ɛyɛ den” a Yehowa ahyehyɛde de ma no di dwuma. (Heb. 5:13, 14; hwɛ August 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 12-17.) Honhom fam nkɔmmɔ a wo ne wɔn a wɔaba foforo no bɛbɔ na woaka honhom fam nokware a ɛsom bo a wonam nhwehwɛmu a w’ankasa woayɛ so ahu ho asɛm akyerɛ wɔn no, bɛkanyan wɔn ma wɔanya adesua ho su pa. Ɛtɔ mmere bi a wubetumi ato nsa afrɛ nea waba foforo no ma wabɛka wo ho wɔ wo kokoam anaa abusua adesua mu.
4 Nhyiam Ahorow a Wɔbɛkɔ Daa: Wo nhwɛso pa ne nkuranhyɛsɛm bɛboa wɔn a wɔaba foforo no ma wɔakwati su foforo bi a ɛhaw adwene a Paulo kaa ho asɛm no—Kristofo nhyiam a ebinom de ayɛ wɔn ‘su’ sɛ wɔbɛtoto mu. (Heb. 10:24, 25) Boa wɔn ma wonhu sɛ nhyiam ahorow no yɛ honhom fam nsiesie a ɛbɛboa wɔn ma wɔatra asafo no mu. Di kan ma wɔnte nka sɛ yegye wɔn tom sɛ yɛn nuayɛ kuw no mufo.
5 Ahotoso a Yɛde Bɛkɔ Yehowa Anim: Sɛ yebetumi adi honam mu mmerɛwyɛ ne sintɔ ahorow so a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan wɔ mpaebɔ mu, ka yɛn komam nsɛm ne yɛn ahiasɛm kyerɛ no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaba foforo no hu sɛ sɛ wɔrebɔ mpae asrɛ Yehowa hɔ mmoa, sɛnea Paulo hyɛe no a, ɛnsɛ sɛ wohinhim. (Heb. 4:15, 16; 10:22) W’ankasa wo suahu horow a wobɛka akyerɛ wɔ eyi mu no, bɛhyɛ obi a waba foforo no den ma wanya awerɛhyem sɛ Yehowa tie mpae a efi komam no.
6 Bere Nhyehyɛe a Yɛbɛyɛ Ama Ɔsom Adwuma No: Afei nso, Paulo daa no adi sɛ sɛ ‘yɛbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa’ a, ɛhyɛ yɛn den honhom mu. (Heb. 13:15) So wubetumi ato nsa afrɛ ɔdawurubɔfo foforo ma wabɛka wo dapɛn dapɛn asɛnka nhyehyɛe horow no ho? Ebia mo nyinaa betumi asiesie asɛm a mobɛka anaa mubetumi asusuw ɔsom adwuma no afã bi a nea waba foforo no nsɔ nhwɛe no ho.
7 Nnipa bebree a wɔreba no ma yedi ahurusi kɛse. Mmɔden a yɛbɛbɔ de atete wɔn a wɔaba asafo no mu foforo na yɛahyɛ wɔn nkuran no bɛboa wɔn ma wɔanya gyidi a emu yɛ den a ehia na ‘wɔagye wɔn kra nkwa no.’—Heb. 3:12, 13; 10:39.