May Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase May 5
Dwom 130
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
12 min: “Di Yesu Akyi Daa.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka June 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12 no mu osuahu ahorow nso.
23 min: “Fi Nokwaredi mu Dwen Wɔn a Wɔkyerɛ Anigye Nyinaa Ho.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Si hia a ɛho hia sɛ wɔsan kɔsra wɔn a wɔkyerɛ anigye nyinaa so dua. Kyerɛ anifere kwan ahorow bi a wobetumi afa so agye wɔn a yehyia wɔn wɔ mmɔnten so no fie address sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔtoa so adi wɔn adanse. Ma adawurubɔfo a wɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ a wɔde ama wɔ nkyekyem 6-9 no ho ɔyɛkyerɛ. Ka adaka a wɔato din “Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Sankɔhwɛ Yɛ Mu” a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ March 1997 Yɛn Ahenni Som mu no kratafa 3, ho asɛm. Hyɛ obiara nkuran na ɔmfa bere nsi hɔ dapɛn biara mfa nyɛ sankɔhwɛ ahorow.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 12
Dwom 133
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm amanneɛbɔ. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no ho asɛm.
12 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma.
23 min: “Wubu Mo Ahenni Asa No Dɛn?” Krataa a ɛhyem no nkyekyem 1-18 ho nkɔmmɔbɔ. Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 19
Dwom 139
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa dapɛn no asɛnka nhyehyɛe ho amanneɛbɔ ma.
20 min: “Ofie Bible Adesua a Enya Nkɔanim a Yɛbɛyɛ.” Onua bi a ɔfata ne ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔbɔ mmɔden wɔ adesua yɛ mu, bɔ asɛm no ho nkɔmmɔ. Wɔde Nimdeɛ nhoma no afã horow yɛ nhwɛso de kyerɛ akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a ɛboa wɔn ma adesua no tumi kɔ so yiye na ɛma wotumi hu nea osuani no resua ankasa.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu, nkyekyem 5, 8, 12, ne 21.
20 min: “Wubu Mo Ahenni Asa No Dɛn?” Krataa a ɛhyem no mu nkɔmmɔbɔ, efi nkyekyem 19 kosi n’awiei. Dwom 93 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 26
Dwom 148
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nhoma a wɔde bɛma wɔ June mu ho asɛm. Fa Nimdeɛ nhoma no di dwuma, na kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de nsɛm a ɛwɔ nkratafa 10-11 no nkyekyem 17-19, asiesie asɛm a wɔka kyerɛ tiawa. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa nyɛ ne botae sɛ ɔbɛbɔ mmɔden afi adesua horow ase. Si hia a ɛho hia sɛ wɔboa anigyefo ma wonya nkɔso ntɛmntɛm no so dua.—Hwɛ January 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 13-14.
12 min: “Dɛn Nti na Yɛkɔ So Ara Kɔ Nkurɔfo Nkyɛn?” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa Proclaimers nhoma no mu adaka a ɛwɔ kratafa 570 no mu asɛm ka ho.
18 min: Asafo mu ahiade. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma anaa nkɔmmɔ a mpanyimfo baanu bɔ, a ɛfa asafo no honhom fam ahiade bi ho. Fa Kyerɛwnsɛm mu afotu ne nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wɔanya nkɔanim ma.
Dwom 174 ne mpaebɔ a wɔde wie.