Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/97 kr. 2
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
    Nyan!—1994
  • Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛ Obi Taforo Obi Barima Ho Anaa Ɔbea Bi Ase a, Ɛkyerɛ Sɛ Ɔne No Ada Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 5/97 kr. 2

Asɛmmisa Afã

◼ Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛne obi a ɛsono ne bɔbeasu redi wɔ yɛn som adwuma mu no?

Yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea pɛ sɛ wɔbata abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn sen biara ho wɔ wɔn abrabɔ mu. Nanso, yɛte wiase a ɛho agu fi na ɛma biribiara ho kwan a enni abrabɔ ho mmara pii mu. Bere a ebia yɛwɔ adwempa no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere nyinaa na yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛde ahohorabɔ bɛba anaa yɛde yɛn ho bɛhyɛ biribi a ɛnteɛ mu. Nea ɛka eyi ho ne ahwɛyiye a yɛbɛyɛ bere a yɛreyɛ ɔsom adwuma no.

Mpɛn pii no, yehyia nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔyɛ te sɛ nea wɔwɔ nokware no ho anigye ankasa. Sɛ yɛn nkutoo na yɛkɔɔ fie hɔ, na sɛ obiara nni hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ yebedi adanse wɔ aboboano sen sɛ yɛbɛkɔ dan mu. Sɛ ɔkyerɛ anigye a, yebetumi ayɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ bere a ɔdawurubɔfo foforo ka yɛn ho anaa bere a fie hɔfo afoforo wɔ hɔ. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛdan ofiewura no ama ɔdawurubɔfo a ɔne no kura bɔbeasu biako. Eyi te saa wɔ obi a ɛsono ne bɔbeasu a yɛne no bɛyɛ Bible adesua no nso fam.—Mat. 10:16.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere a yɛrepaw obi a yɛne no bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, adawurubɔfo a ɛsono wɔn bɔbeasu betumi ayɛ adwuma abom de, nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn su, na eyi yɛ papa bere a wɔne kuw bi yɛ adwuma no. Sɛnea ɛte no, bere a yɛreyɛ ɔsom adwuma no mpo no, nyansa nnim sɛ yɛne obi a ɛsono ne bɔbeasu a ɔnyɛ yɛn aware mu hokafo nkutoo bɛnantew. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ onua a ɔhwɛ asɛnka kuw so no de atɛmpa di dwuma bere a ɔrekyekyɛ adawurubɔfo, a mmofra a wɔadu mpanyin afe so ka ho, ma wɔayɛ adwuma abom no.

Atɛmpa a yɛde bedi dwuma bere nyinaa no remma “yɛnto” yɛn ho anaa afoforo “hintidua biara biribiara mu.”—2 Kor. 6:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena