November Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase November 3
Dwom 48
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. “Asɛmpa Wɔ Internet So” Ka ɔman no ne mo asafo no July asɛnka akontaabu ho asɛm.
15 min: “Ɔpon Kɛse a Adwuma Wom No Abue.” Ɔkasa a ɔpanyin ma, a atiefo nkɔmmɔbɔ ka ho. Hyɛ obiara a obetumi anya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse no nkuran ma ɔnyɛ saa. Fa afotu a ɛwɔ August 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 22 no bi ka ho.
20 min: “Monsan Nkɔ Wɔn a Wɔkyerɛɛ Ahenni Asɛm no Ho Anigye no Nkyɛn.” Nsɛmmisa ne mmuae. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 6 no ho ɔyɛkyerɛ ahorow. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wofi Bible adesua ase wɔ biako mu.
Dwom 144 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 10
Dwom 51
7 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asasesin a aka a ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no wɔ mu no ho asɛm kyerɛ asafo no. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ ɔsatu titiriw yi dapɛn a etwa to yi mu.
15 min: “Monkɔ Anuanom Ahokafo a Wɔnyɛ Adansefo Nkyɛn.” Nkɔmmɔ a mpanyimfo baanu a wodwen nea ɛbɛyɛ a wɔne ahokafo a wonnye nni bɛbɔ na wɔahu wɔn yiye bɔ. Wosusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde mae wɔ May 15, 1989, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 17-18, nkyekyem 6-9 nso ho. Momfa osuahu ahorow a ɛwɔ October 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no, nkratafa 10-11, nkyekyem 11-12 nka ho.
23 min: “1997 ‘Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi’ Ɔmantam Nhyiam.” (Nkyekyem 1-16) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 8, 10, ne 13. Fa Kyerɛwnsɛm no si hia a ehia sɛ yɛde ahwɛyiye kura yɛn Kristofo adwene a yɛde siesie yɛn ho ne yɛn nneyɛe ne yɛn mma a yɛbɛhwɛ wɔn yiye no so dua.
Dwom 162 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 17
Dwom 53
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn awiei no ho asɛm. Ma wɔnka osuahu ahorow a wɔanya wɔ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 ho ɔsatu mu nkyerɛ.
15 min: “Dɛn na Mɛka?” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Kenkan Reasoning nhoma no kratafa 8, nkyekyem a edi kan, a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wɔyɛɛ nhoma no ma aboa yɛn ma yɛde Bible mu nsɛmti ahorow adi adanse yiye. Yɛ ɛho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye biako anaa abien.
20 min: “1997 ‘Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi’ Ɔmantam Nhyiam.” (Nkyekyem 17-23) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 17 ne kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so no. Si ade a wɔyɛ no wɔano wɔano ne tema a wonya ma afoforo, titiriw wɔ baabi a yɛtra, so dua. Ma ɔkasa tiawa fa tĩ “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ Ahorow” mu fa wie.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 24
Dwom 56
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Suban Pa a Yebeyi no Adi Wɔ Asafo Nhoma Adesua Ase. Yɛn ani sɔ ahɔhoyɛ su a mmusua a wɔde wɔn fie ma yɛyɛ nhoma adesua yi no adi no. Eyi gye ahosiesie pii, na ahokyere nso wom. Sɛ yɛrekɔ a, ɛsɛ sɛ yeyi suban pa, obu, ne tema adi, a nea edidi so yi ka ho: (1) Ɛsɛ sɛ yɛpopa yɛn nan ase yiye ansa na yɛakɔ mu, na amma yɛanyɛ fam hɔ anaa kapɛt so fĩ. (2) Ɛsɛ sɛ awofo hwɛ wɔn mma yiye, na wɔhwɛ ma woyi suban pa adi tra baabi a wɔyɛ nhoma adesua no nkutoo. (3) Bere a ebia kuw no mufo rennɔɔso, na tebea no renyɛ soronko biara no, eyi yɛ asafo nhyiam, na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛnea yɛrekɔ Ahenni Asa so. Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ adesua no so no siesie ne ho te sɛ nea ɔreyɛ dwumadi wɔ Ahenni Asa so asɛnka agua so. (4) Ɛnsɛ sɛ yɛkyɛ wɔ hɔ bere a yɛapɔn adesua no, na ama ofiewura no atumi anya kwan ayɛ n’ade. (5) Bere a ɛtɔ da bi a ebia nea wɔyɛ adesua wɔ ne fie no bɛpaw sɛ ɔbɛkyekyɛ anonne bere a yɛapɔn adesua no, ɛsɛ sɛ obiara te ase sɛ eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan, na saa ara na ɛnyɛ n’asɛde.
22 min: Monyɛ Asuafo, Monkyerɛkyerɛ Wɔn. Ɔpanyin ne adawurubɔfo baasa anaa baanan bɔ nkɔmmɔ bisabisa wɔn nsɛm a egyina Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 88-92 so: (1) Dɛn nti na sankɔhwɛyɛ ho hia na ama obi asɛnka adwuma atu mpɔn? Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi agyina sankɔhwɛyɛ mu nsɛnnennen ano? (2) Dɛn nti na yesi Bible adesua ahorow ase a yebefi so dua pii saa? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn ho atumi akokwaw wɔ Bible adesuayɛ mu? (3) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛ adesuafo kwan ba ahyehyɛde no mu? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Wɔn a wɔrebɔ nkɔmmɔ no nso ka sɛnea nnansa yi nkrataa a ɛhyehyɛ July 1996, March ne April 1997 Yɛn Ahenni Som mu no aboa wɔn wɔ eyi yɛ mu ho asɛm.
Dwom 160 ne mpaebɔ a wɔde wie.