Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/97 kr. 2
  • December Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 1
  • Dapɛn a Efi Ase December 8
  • Dapɛn a Efi Ase December 15
  • Dapɛn a Efi Ase December 22
  • Dapɛn a Efi Ase December 29
Yɛn Ahenni Som—1997
km 12/97 kr. 2

December Ɔsom Nhyiam Horow

MONHYƐ NO NSOW: Wɔayɛ nsiesiei ama simma 25 a wɔde betĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ Ɔsom Nhyiam ase wɔ dapɛn a efi ase December 29 no mu. Asafo ahorow a wɔbɛkɔ wɔn nhyiam wɔ saa dapɛn no mu anaa ɛno akyi no betumi ayɛ nsakrae ahorow na ama wɔatumi ayɛ ntĩmu a ɛte saa dapɛn a edi hɔ no. Ɛsɛ sɛ wodi kan de da biara da dwumadi no mu nsɛntitiriw ntĩmu a wɔasiesie no yiye hyɛ anuanom baanu anaa baasa nsa. Ɛsɛ sɛ nsɛm ne osuahu ahorow a atiefo no ka yɛ ntiantiaa na esi asɛm no so.

Dapɛn a Efi Ase December 1

Dwom 57

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa adaka “Dɛn na Yɛyɛe Wɔ August Mu?” no mu nsɛm ka ho.

15 min: “Ka Yehowa Ho Asɛm Da Biara.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ woreka nkyekyem 4 ho asɛm a, fa School Guidebook no adesua a ɛto so 16, nkyekyem 14-16 mu nsɛm ka ho.

20 min: “Bible—Onyankopɔn Akwankyerɛ Ma Nnipa Nyinaa.” Ɔpanyin ka ho asɛm kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ obiara nkuran ma ɔhwehwɛ Bible no mu. Bisabisa adawurubɔfo baanu nsɛm tiawa fa sɛnea wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3-8 no bedi dwuma ho. Fa eyinom mu biako yɛ nsrahwɛ a edi kan ho ɔyɛkyerɛ na fa biako nso yɛ sankɔhwɛ.

Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 8

Dwom 58

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

20 min: Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woka Nneyɛe Bɔne Ho Asɛm Kyerɛ? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina August 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 26-30 so.

15 min: “Afoforo Ani Gyina Wo!” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Ka nnipa dodow a wɔtaa ba mo asafo no nhyiam horow ase. Ma atiefo no bi nka nea enti a asafo nhyiam horow ase a wɔne wɔn nuanom bom hyia no ma wonya abotɔyam.

Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 15

Dwom 63

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa sɛnea wɔde anifere begye wiase nnapɔnna nkyia ahorow so ho nyansahyɛ ahorow ma. Ka December 25 ne January 1 asɛnka nhyehyɛe titiriw ho asɛm.

10 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akyerɛkyerɛfo, Ɛnyɛ Asɛnkafo Kɛkɛ.” Nsɛmmisa ne mmuae. Sɛ woreka nkyekyem 11 ho asɛm a, kenkan School Guidebook no adesua a ɛto so 15, nkyekyem 11 no.

Dwom 174 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 22

Dwom 138

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

17 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 1998.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Ka akwan a obiara betumi afa so anya sukuu no mu mfaso akosi ase wɔ afe a ɛreba no mu ho asɛm. Hyɛ anuanom nkuran ma wɔnkenkan “Bible Akenkan Nhyehyɛe Foforo” no dapɛn biara.

20 min: Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara. Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde nsɛmmisa a edidi so yi susuw Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 92-7 ho: (1) Dɛn nti na yɛn nhoma a yɛde di dwuma no boa ma asɛmpa no mu trɛw? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nhoma wɔ baabiara? (2) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ bɔnnɔ so adansedi ho? Akwan a yebetumi afa so adi bɔnnɔ so adanse no bi ne nea ɛwɔ he? (Ma adawurubɔfo bi nka osuahu ahorow a wɔanya wɔ bɔnnɔ so adansedi mu nkyerɛ.) (3) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo no bɔ mmɔden yɛ n’asasesin mu adwuma fefeefe? Baabi a asasesin no yɛ kɛse no, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ obiara benya n’asasesin? (4) Ɔkwan bɛn so na yenya mfaso wɔ kuw adansedi nhyehyɛe no mu? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yɛn asɛnka adwuma ho nhyehyɛe, na yɛahwɛ ahu sɛ yɛde yɛn bere redi dwuma yiye?

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 29

Dwom 181

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae wɔn na obiara mfa n’asɛnka akontaabu mmra. Sɛ mo asafo no bɛsesa mmere a mode kɔ asafo nhyiam ahorow wɔ afe foforo no mu a, fi ayamye mu hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmra nhyiam ahorow no daa wɔ mmere foforo no mu.

12 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma January ho asɛm. Fa nhoma dedaw a mo asafo no wɔ pii kyerɛ, na ka nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛbɛboa ma wɔasiesie nsɛm a wɔka kyerɛ. Yɛ ɔyɛkyerɛ biako ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden sɛ yebefi adesua ahorow ase wɔ Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma no mu.

25 min: Ɔmantan nhyiam dwumadi mu nsɛntitiriw mu ntĩmu. Anaa ɔkasa a egyina asɛm “Fa Hokwan Soronko Yi Di Dwuma” a ɛwɔ November 15, 1996 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 21-23 no so.

Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena