July Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase July 6
Dwom 110
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no March asɛnka adwuma ho akontaabu ho asɛm. (Si ɔman no adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo no so dua). Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Hwɛ Ye a Eye Sɛ Yɛbɛkɔ Daa!” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa November 8, 1988, Nyan!, nkratafa 23-25 mu nsɛm ka ho fa hyɛ mmofra nkuran ma wɔmmra asafo nhyiam ahorow daa.
20 min: “Ehia sɛ Yɛn Afipamfo Te Asɛmpa No.” Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata nka nyansahyɛ ahorow a wɔnam so de nhomawa ahorow a mo asafo no wɔ no bi bɛma ho asɛm. Kyerɛkyerɛ nea enti a ebetumi ayɛ adwuma yiye wɔ mo mpɔtam hɔ no mu. Si botae a ɛne sɛ wɔde Ahwehwɛde nhomawa no anaa Nimdeɛ nhoma no befi Bible adesua ase no so dua. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan mu ho ɔyɛkyerɛ, na fa sankɔhwɛ toa so, na yɛ adesua ho nhyehyɛe.
Dwom 73 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 13
Dwom 116
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Hyɛ obiara nkuran ma onsusuw akwampaefo boafo a ɔbɛyɛ wɔ August mu, bere a yebenya dapɛn awiei anum no ho anibere so.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: So Wiase Honhom Redi Wo Awu? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina October 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-9 so.
Dwom 182 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 20
Dwom 18
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka adaka mu asɛm a ɛne “Mpem Aduonum Awotwe!” no ho asɛm.
12 min: “Nsrahwɛ a Ebetumi Ayɛ Nhyira.” Mpanyimfo baanu nkɔmmɔbɔ. Monkyerɛkyerɛ ɔhwɛ adwuma no atirimpɔw mu sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ September 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-3 no. Hyɛ asafo no nkuran anigye so ma wɔnhwɛ mpanyimfo no nsrahwɛ kwan.
25 min: “Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?” (Nkyekyem 1-14) Ɔsom adwuma sohwɛfo de nnianim asɛm tiawa ma, na ɔhyɛ obiara nkuran ma osusuw daa akwampae adwuma no ho anibere so. Afei ɔka asɛmmisa 1 no ho asɛm, na ɔde “Akwampae Honhom a Ɛyɛ Anigye” a ɛwɔ 1998 Yearbook, nkratafa 104-5 no mu nsɛm ka ho. Asafo no mufo baanu anaa baasa a wɔwɔ akwampae adwuma no mu osuahu bɛka ne ho wɔ asɛnka agua no so ma wosusuw asɛmmisa a ɛto so 2 no ho. Wɔka sɛnea akwampaefo betumi anya wɔn honam fam nneɛma wɔ ɔkwan a ɛfata ankasa so ho asɛm. Afei awofo baanu bɛka kuw no ho ma wosusuw asɛmmisa a ɛto so 3 no ho. Wɔkyerɛ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ mmofra susuw wɔn ho a wɔde bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma mu no ho anibere so no. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmmra dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam ase, bere a yebesusuw nsɛmmisa a aka no ho no.
Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 27
Dwom 155
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara ma ɔmfa ne July asɛnka akontaabu mmra. Ka asɛnka adwuma ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn a edi kan wɔ August mu ho asɛm, na hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa ne ho nhyɛ mu. Ka “Nhyiam Asa Ho Ahiade” no ho asɛm.
30 min: “Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?” (Nkyekyem 15-25) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔpanyin di ho dwuma. Di kan yɛ nhyehyɛe ma akwampaefo ne wɔn a wɔayɛ akwampae adwuma bere bi a atwam no mfi komam mma nsɛmmisa 4-5 ho mmuae. Wosi hia a ɛho hia sɛ wonya bere nhyehyɛe pa na wodi so so dua, na wɔma dapɛn dapɛn asɛnka bere nhyehyɛe ahorow a wotumi de yɛ adwuma ankasa ho nhwɛso ahorow. Ɔpanyin no ma ɔkasa a ɛka koma a ɛma asɛmmisa a ɛto so 6 no ho mmuae de wie. Ɔsom afe a efi ase September 1 no yɛ bere pa a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo no betumi afi wɔn bere nyinaa som adwuma no ase. Wobetumi agye akwammisa nkrataa no bi afi Asafo Ɔsom Boayikuw no muni biara hɔ.
Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.