Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/98
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 8/98

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Yebetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu. Baabi a ɛfata no yebetumi de nhomawa ahorow yi Amansan Nhoma, Our Problems​—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? ama. September: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! November: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu.

◼ Yɛde akwankyerɛ foforo a wɔnam so kra service forms amena asafo ahorow nyinaa. Ɛsɛ sɛ Ɔsom Boayikuw ahorow hwɛ di akwankyerɛ ahorow yi akyi. Yɛsrɛ sɛ monkae mfa service forms no nyɛ adwuma a wɔakyerɛ sɛ momfa nyɛ no nkutoo.

◼ Asafo biara nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) no abiɛsa. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no ne nhoma sohwɛfo no hyia ntɛm wɔ August mu na wɔhyɛ da a wɔbɛkan nhoma a asafo no wɔ wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ wɔkan nhoma a ɛwɔ hɔ nyinaa ankasa, na wɔkyerɛw dodow no wɔ “Literature Inventory” kratasin no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a ɛwɔ hɔ no dodow afi nsɛmma nhoma sohwɛfo no hɔ. Yɛsrɛ sɛ momfa nea edi kan mmena Asafo ti, akyɛ koraa, September 6. Momfa biako nto mo file so. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ ma wɔhyehyɛ krataa no, na ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ mu bere a wɔahyehyɛ awie no. Ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no nyinaa de wɔn nsa bɛhyɛ ase.

◼ Ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw daa akwampae adwuma ne bere tiaa mu akwampae titiriw akwammisa nkratasin nyinaa ho ntɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔsom boayikuw no kora akwammisa kratasin no so de hwɛ sɛ ebia nea ɔrebisa hokwan no betumi adu nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no ho ansa. Asafo ti no betumi asesa da a ɔdawurubɔfo no kyerɛ wɔ akwammisa kratasin no so sɛ obefi ase no bere a wɔn nsa anka no ntɛm no. Wɔmmma obi mmfi ase ansa na wɔapaw no gye sɛ tebea ahorow bi a emu yɛ den a ɛho hia wɔ hɔ ansa. Sɛ tebea ahorow a ɛte saa wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa ka akwammisa kratasin no ho.​—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu, nkratafa 24-6.

◼ Sɛ yesua W’ahenni Mmra nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase wie a, yebesua nhomawa ahorow. May 1998 Yɛn Ahenni Som no mu nkaebɔ bi kae sɛ, efi September 21 dapɛn no rekɔ no yebesua Ahwehwɛde nhomawa no. Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw​—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? ne So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? na ebedi hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena