Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
May 4 besi August 24, 1998 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:
1. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Paulo kɔɔ Korinto mprɛnsa. [si-E kr. 214 nky. 3]
2. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ a yɛde hyɛ yɛn komam no na efi anammɔn a yetu kɔ Kristofo asubɔ ho no ase. [kl-TW kr. 173 nky. 7]
3. Ntease a ɛwɔ Efesofo 5:13 mu ne sɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm toto wiase nneyɛe ho a, ɛma ɛda adi sɛ wiase nneyɛe yɛ bɔne, na yehu sɛnea ɛte ankasa. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ it-2-E kr. 254 nky. 3.]
4. Yɛnam Yehowa Nyankopɔn som so betumi anya nkwa sɛ akatua. [kl-TW kr. 182 nky. 4]
5. Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Galatifo 5:26 no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo nya agumadi ne agodie biara a akansi wom mu kyɛfa. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g95-E 12/8 kr. 15 nky. 8.]
6. Ɛwom sɛ Yosef a ofi Arimatea de akokoduru kɔsrɛɛ Yesu amu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde bɛkɔ akɔto ɔdamoa mu de, nanso na ɛsɛ sɛ odi Yudafo a wonnye nni no ho suro a ɔwɔ no so. [it-2-E kr. 112 nky. 8]
7. Paulo na ɔkyerɛw krataa a wɔde kɔmaa Filipifo no wɔ bere a ɔhyehyɛɛ asafo wɔ Filipi no akyi asram kakraa bi, na nsɛnnennen a ɛsɔree wɔn mu na ɛma ɔkyerɛwee. [si-E kr. 224 nky. 3]
8. Sɛnea wɔaka wɔ 1 Timoteo 3:16 no, wobuu Yesu “bem honhom mu” denam tra a wɔma ɔtraa ase honhom mu wɔ ne wusɔre akyi no so; eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn kae sɛ Yesu yɛ ɔtreneeni ankasa, na ɔfata sɛ ɔma no nnwuma akɛse foforo. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 1/15 kr. 13 nky. 12.]
9. Ɛda adi sɛ “mitutu ha” a wɔaka wɔ Filipifo 1:23 no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na Paulo wɔ anidaso sɛ ɔne Kristo bɛkɔ akɔtra ntɛm ara wɔ ne wu akyi. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w95-TW 3/1 kr. 30 nky. 4.]
10. Paulo kyerɛw 1 Timoteo wɔ bere a woyii no fii n’afiase nna a edi kan wɔ Roma ne n’afiase nna a etwa to ntam hɔ. [si-E kr. 234 nky. 2]
Bua nsɛmmisa a edidi so yi:
11. Ɔkwan bɛn so na na Korintofo binom redi nkae aduan no “sɛnea ɛnsɛ” bere a na wohyiam wɔ Kristo wu Nkaedi ase no? (1 Kor. 11:27) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 2/15 kr. 19 nky. 17.]
12. Henanom na na wɔaba Korinto asafo no mu a na wɔresɛe asafo no asomdwoe a enti Paulo kyerɛw ne krataa a ɛto so abien kɔmaa Korintofo no? [si-E kr. 214 nky. 2]
13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛhyɛ biribiara a ebia ne som nti yɛbɛhwere no ananmu? [kl-TW kr. 169 nky. 20]
14. Dɛn na afi nokware som ho nsɛm a wɔde akɔdan asɛnnibea akɛse no mu aba? [jv-E kr. 683 nky. 4]
15. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a Paulo de dii dwuma no yɛ nhwɛso fɛfɛ ma Kristofo asomfo nnɛ? [si-E kr. 217 nky. 19]
16. Dɛn na na ɔsomafo Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ wɔde Mmara no ‘kaa ho na ama n’atotõatotõ ada adi’ no? (Gal. 3:19) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ uw-TW kr. 147 nky. 3-4.]
17. Wɔ Filipifo 1:3-7 no, dɛn ho na Paulo kamfo anuanom no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya wɔn nhwɛso no so mfaso? [si-E kr. 225 nky. 12]
18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo asomfo nyinaa di afotu a ɛwɔ Kolosefo 4:6 no akyi? [si-E kr. 228 nky. 13]
19. Dɛn na na ɔsomafo Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ mmea “de ahobrɛase adwene siesie wɔn ho” no? (1 Tim. 2:9, NW) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g90-E 6/22 kr. 19 nky. 2.]
20. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo tie Paulo kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Timoteo 6:4, NW, a ɛfa “nsɛmfua ho akyinnyegye” ho no? [si-E kr. 236 nky. 15]
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:
21. Wɔ afe __________________________ mu no, __________________________ ne Nasi Germany de wɔn nsa hyɛɛ apam bi ase, na Hitler tuu sa sɛ ɔbɛtɔre __________________________ ase wɔ Germany. [jv-E kr. 659 nky. 2]
22. Mfaso kɛse a yenya wɔ Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw Korintofo no so ne sɛ ɛma __________________________ a ɛfa mu nsɛm ka mpɛn pii no mu ntease a yɛwɔ no yɛ kɛse. [si-E kr. 213 nky. 23]
23. Paulo daa no adi wɔ krataa a ɔkyerɛw Galatifo no mu sɛ, Kristo Yesu mu __________________________ so na wɔnam bu onipa bem, na ɛnyɛ __________________________ nnwuma mu, enti __________________________ ho nhia Kristofo. [si-E kr. 218 nky. 6]
24. Paulo krataa a edi kan a ɔkyerɛw Tesalonikafo mu no, ɔkaa Yesu Kristo __________________________ ho asɛm mpɛn anan, na ɛda adi sɛ na asafo no ani gye saa nkyerɛkyerɛ yi ho. [si-E kr. 231 nky. 15]
25. __________________________ na ɔkyerɛw Tesalonikafo krataa a ɛto so abien no bere a na ɔwɔ __________________________ wɔ afe __________________________ mu. [si-E kr. 232 nky. 4]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Bere a Paulo reka hokwan a ɔwɔ sɛ odidi asɛmpa no ho no, na ɔreka (Talmud; Mishnah; Mose Mmara) a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ wosiw mmoa a wɔde wɔn yɛ adwuma ano no ho asɛm, na (Lewifo; Netinimfo; Aaron asɔfo abusua) a na wɔyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ nso nyaa wɔn kyɛfa wɔ afɔremuka no so. [si-E kr. 213 nky. 24]
27. Paulo krataa a ɔkyerɛw Galatifo no kyerɛkyerɛ Yesaia 54:1-6 mu, na ɛda Yehowa ɔbea no adi sɛ ɔne (asase so Yerusalem; ɔsoro Yerusalem; Yerusalem Foforo). (Gal. 4:21-26) [si-E kr. 219 nky. 16]
28. “Afisiesie” a wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 1:10 no yɛ (Mesia Ahenni no; Sodikuw no; Onyankopɔn kwan a ɔnam so di ne fie so). [si-E kr. 221 nky. 8]
29. (Yudafo; Kristoman mu asɔfo; Babilon Kɛse) ne “onipa a onni mmara” a wɔaka ne ho asɛm wɔ 2 Tesalonikafo 2:3 no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 1/15 kr. 18 nky. 11.]
30. Sɛ wunni obi mu ahotoso koraa wɔ nantew a edi aware anim mu a, adeyɛ a nyansa wom sɛ woyɛ ne sɛ (wobɛma anigye a moanya sɛ mobɛware no akata ne mu ahotoso a wunni no so; mubetwa nhyehyɛe no mu; wubebu w’ani agu mfomso a anibere wom no so aware, na woahwɛ kwan sɛ nneɛma bɛyɛ yiye). [fy-TW kr. 23 nky. 19]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Num. 16:3; 1 Kor. 10:11, 12; 2 Kor. 4:7; 2 Kor. 8:14; Yuda 1
31. Sɛ obi de Kristofo som adwuma di kan wɔ n’asetram a, onya Onyankopɔn tumi. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w90-E 3/1 kr. 29 nky. 5.]
32. Ɛsɛ sɛ yetie Israelfo a na wɔne Mose nam kɔkɔbɔ nhwɛso no, na yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa mmɔdenbɔ so. [si-E kr. 213 nky. 23]
33. Akyɛde a Kristofo a biribi wɔ wɔn nsam fi ayamye mu de ma wɔn a wɔte mmeae a wodi hia no betumi adi wɔn ahiade ho dwuma, na wɔn a wodi hia no nso nsiyɛ ne wɔn boasetɔ betumi ama adekyɛfo ani agye, na ahyɛ wɔn nkuran. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w93-TW 12/15 kr. 21 nky. 20.]
34. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nya ɔpɛ sɛ wɔbɛma ɔdɔ ne biakoyɛ atra wɔn ntam; anwiinwii betumi asɛe wɔne afoforo ntam abusuabɔ pa. [it-2-E kr. 184 nky. 6]
35. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa honam fam abusuabɔ so anhwehwɛ dibea. [it-2-E kr. 132 nky. 1]