Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/99 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 3/99 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko de afi ofie Bible adesua horow ase.. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kra. Ma anigyefo nsa nka Ahwehwɛde nhomawa no bi, na bɔ mmɔden fi ofie Bible adesua horow ase. June: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu.

◼ Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo wɔ April ne May mu no yɛ wɔn nhyehyɛe mprempren, na wɔde wɔn akwammisa krataa ma ntɛm. Eyi bɛboa mpanyimfo no ma wɔayɛ asɛnka nhyehyɛe a ehia, na wɔanya nsɛmma nhoma ne nhoma foforo a ɛdɔɔso agu hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbobɔ wɔn a wɔapene wɔn so sɛ akwampaefo aboafo no din kyerɛ asafo no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm amanneɛbɔ a edi hɔ no awie no.

◼ Yɛbɛyɛ Nkaedi no Yawda, April 1, 1999. Sɛ mo asafo no adesua hyɛ Yawda a, ɛsɛ sɛ mode hyɛ da foforo wɔ dapɛn no mu a Ahenni Asa no so da hɔ kwa. Sɛ eyi ntumi nyɛ yiye na sɛ ɛka Ɔsom Nhyiam no a, mubetumi de saa dapɛn no mu dwumadi no afã biara a ɛfa mo asafo no ho titiriw aka Ɔsom Nhyiam foforo bi ho. Esiane hia a adeyɛ no ho hia nti, sɛ mpanyimfo kuw no repaw nea ɔbɛma Nkaedi ho ɔkasa no a, ɛsɛ sɛ woyi mpanyimfo a wɔbɔ mmɔden paa no biako sen sɛ wɔbɛyɛ no nnidiso nnidiso kɛkɛ anaa wɔbɛma onua biako ama no afe biara. Sɛ ɔpanyin a ɔfata a ɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho wɔ hɔ a obetumi ama a, wobetumi de hokwan no ama no.

◼ Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asafo bi mu no de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a wɔma afoforo kra, foforo ne nea asa a wɔresan akra nyinaa, a wɔn ankasa de a wɔkra ka ho, fa wɔn asafo no so.

◼ Asafo ti no nni nhoma a ankorankoro kra ho dwuma. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no yɛ nhyehyɛe ma wɔbɔ amanneɛ ɔsram biara ansa na wɔde nhoma a asafo no bɛkra ɔsram no mu no amena Asafo ti no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛkra nhoma no nyinaa bɛka akyerɛ onua a ɔhwɛ nhoma so no. Yɛsrɛ sɛ momma nhoma a wɔkra ma wɔn a wobisa no ntra mo adwene mu.

◼ Yɛsrɛ anuanom sɛ wɔnkae sɛ ɛnsɛ wɔfrɛ Betel wɔ telefon so fi anɔpa biara 7:00 kosi 7:30 de di wɔn ankasa nkɔmmɔ bi. Eyi ne bere a wosusuw daa asɛm no ho wɔ Betel. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛnsɛ sɛ obi frɛ Betel abusua no mufo ne wɔn bɔ wɔn ankasa nkɔmmɔ bere a adwuma rekɔ so. Sɛ ɛho behia sɛ wofrɛ a, yɛsrɛ sɛ ma wo nkɔmmɔ no nyɛ tiaa. Yɛn ani begye ho paa sɛ mobɛboa wɔ asɛm yi mu.

◼ Wɔahyɛ no nsow sɛ anuanom mmarima ne mmea binom a wɔba Betel no nsiesie wɔn ho yiye koraa. Ahosiesie a ɛte saa no mfata Betel nsrahwɛ. Esiane sɛ edin Betel no kyerɛ “Onyankopɔn Fie” nti, ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo a wofi akyiri ne wɔn a wɔbɛn a wobehu Betel abusua mufo na wɔne wɔn nya nkitahodi no siesie wɔn ho yiye. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yɛ yɛn ade te sɛ nea yɛrekɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so no pɛpɛɛpɛ.

◼ Video Kasɛt Foforo a Ebi Wɔ Hɔ: Noah—He Walked With God—Engiresi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena