March Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase March 1
Dwom 33
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
17 min: “Kristo Wu a Wɔhyɛ Ho Fã Wɔ Wiase Nyinaa.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa nsɛm a ɛwɔ February 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 11-12, nkyekyem 10-14 ka ho. Si sɛnea ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ no kaa no ma ɔde agyede no maa yɛn no so dua.
20 min: Ntease Pa a Enti Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akwampaefo Aboafo Wɔ April ne May Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di anim, na ɔhyɛ obiara nkuran ma osusuw akwampaefo aboafo adwuma ho anibere so. Ka nsakrae a wɔayɛ wɔ nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ fi daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo hɔ mu a epue wɔ January 1999 Yɛn Ahenni Som kratafa 7 no ho asɛm. Ɛsɛ sɛ nsakrae yi ma nnipa pii nya hokwan de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Kyerɛkyerɛ sɛnea Kristo afɔrebɔ no ho anisɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛyere yɛn ho ka asɛm no kyerɛ afoforo no mu. (2 Kor. 5:14, 15) Afe yi Nkaedi no besi April da a edi kan. Hwɛ nkuranhyɛ araa a ɛyɛ ma Ahenni adawurubɔfo nyinaa sɛ wɔde ɔsram no nyinaa besi hɔ anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa pii! Ka nsɛntitiriw a wɔapaw afi krataa a ɛhyɛ February 1997 ne March 1998 Yɛn Ahenni Som mu a ɛka akwampaefo aboafo adwuma ho asɛm no mu nsɛm. Kyerɛ akwan a wobetumi afa so asakra bere nhyehyɛe ho nhwɛso a wɔde mae no mu de adi dwuma. Ka mo asafo mu asɛnka nhyehyɛe a ɛma munya hokwan pii ne afoforo nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wonnye akwampaefo aboafo akwammisa krataa no bi bere a nhyiam no aba awiei no.
Dwom 44 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 8
Dwom 52
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
20 min: “To Nsa Frɛ Wɔn Ma Wɔmmra.” Nsɛmmisa ne mmuae. Si hia a ehia sɛ yɛtwe anigyefo adwene ba asafo nhyiam horow so bere nyinaa no so dua. Fa nsɛm a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no kratafa 159, nkyekyem 20, ne nkratafa 162-3, nkyekyem 5-8 yɛ nkɔmmɔ a wɔne onigyeni bi bɔ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmmɔ mmɔden soronko mmoa Bible asuafo ne anigyefo afoforo ma wɔmmra Nkaedi no ase wɔ April 1. Fa krataa a wɔde to nsa frɛ nkurɔfo no kyerɛ, na kyerɛ ɔkwampa a wobetumi afa so de adi dwuma. Ɛsɛ sɛ obiara fi ase kyekyɛ krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo ba Nkaedi ase no dapɛn yi.
15 min: “Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Asafo Nhyiam Ahorow Ase.” Nkɔmmɔ a abusua bi bɔ. Bere a wosusuw asɛm no mu nsɛntitiriw ho no, wɔbɔ sɛnea wobetumi asiesie wɔn ho ama nhyiam horow sɛ abusua no ho nkɔmmɔ. Wosusuw akwan a wobetumi afa so aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔanya mu kyɛfa ne nea ɛsɛ sɛ abusua no yɛ na wɔadu nhyiam ahorow ase bere ano no ho.
Dwom 62 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 15
Dwom 56
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Susuw “Bere a Ɔmansin Sohwɛfo Abɛsra Mo” ho.
15 min: “Asafo mu Asomfo De Ɔsom a Mfaso Wɔ So Ma.” Ɔkasa a asafo mu ɔsomfo a ɔfata ma. Ka nsɛntitiriw a ɛwɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no mu, nkratafa 57-9 no mu asɛm. Kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde asafo mu asomfo di dwuma boa mo asafo no mu.
20 min: Mfaso a Yebenya Afi 1999 Yearbook no Mu. Okunu ne ɔyere ntam nkɔmmɔbɔ. Okunu no kyerɛkyerɛ mu sɛ wodii kan tintim Yearbook no sɛ nhoma wɔ 1927 mu, na bɛboro mfirihyia 70 ni no, ɛde Yehowa Adansefo wiase nyinaa amanneɛbɔ nso ama. Wosusuw “1998 Dodow Nkabom” a ɛwɔ kratafa 31 no ho. Afei wosusuw “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ” a ɛwɔ nkratafa 3-5 no ho na wɔka sɛnea wɔde emu afotu no bedi dwuma.
Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 22
Dwom 162
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Bobɔ wɔn a wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no nyinaa din. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ obi de n’akwammisa krataa bɛma. Bobɔ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama April nyinaa no so. Hyɛ obiara nkuran ma onni Nkaedi Bible akenkan ma March 27–April 1, no akyi sɛnea wɔahyehyɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1999 ne nea ɛwɔ 1999 Calendar no so no.
15 min: Siesie Wo Ho Ma Nkaedi No. Ɔkasa. Ɛsɛ sɛ obiara yɛ nhyehyɛe de boa Bible asuafo ne anigyefo afoforo ma wɔba Nkaedi no. Ebia wɔn a wɔyɛ foforo a wɔbɛba no rente nea ɛsɛ sɛ odi nkae aduan no bi anaa mfaso a ɛwɔ afahyɛ yi so no ase. Ka nea wɔaka ho asɛm wɔ April 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 6-8 no mu ho asɛm, na kyerɛ sɛnea yebetumi aboa onigyeni a ɔyɛ foforo ma wate nea afahyɛ yi kyerɛ ne n’atirimpɔw ase. Ka “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” ho asɛm na bobɔ Nkaedi ho nhyehyɛe horow a moayɛ so fa wie.
20 min: Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata susuw ɛbo a nhomawa no som ne sɛnea wɔde di dwuma ho. Yehuu nhomawa yi mu nsɛm yiye bere a yesuae wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no. So yɛde redi dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asɛnka mu? Kuw no susuw nsɛm a edidi so yi ho: Dɛn nti na nnipa pii ani gye asɛm yi ho? Nea ɛne atoro som nkyerɛkyerɛ bɔ abira no, anidaso bɛn na esi so dua? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de nsɛmmisa a ɛwɔ nhomawa no akyi no akanyan anigye? Hokwan ahorow bɛn na yebenya de nhomawa yi ama? Fa kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 14 wɔ kratafa 27 no di dwuma fa yɛ asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa n’ani nto fam na watumi de nhomawa yi adi dwuma yiye.
Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 29
Dwom 111
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae obiara ma ɔmfa ne March asɛnka adwuma ho akontaabu mma. Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! wɔ April mu. Fa nsɛmma nhoma foforo a aba kyerɛ, fa nsɛm a wobetumi atwe adwene asi so ho nyansahyɛ ma, na bobɔ emu nsɛm bi a ɛyɛ anigye so. Ɛsɛ sɛ obiara de Ahwehwɛde nhomawa no hyɛ ne ho na ɔde di dwuma ne anigyefo fi Bible adesua ase.
15 min: Asafo mu ahiade.
18 min: Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Yɛn Ade Dɛŋ Wɔ Afotu Ho? Ɔkasa a ɔpanyin ma. Yɛn nyinaa hia afotu wɔ yɛn suban, nneyɛe, fekubɔ, anaa wɔ asafo dwumadi ahorow mu kyɛfa a yenya mu. Ɛtɔ mmere bi a, yɛmpɛ sɛ yegye afotu tom, anaa yɛn bo betumi afuw. Ɔpɛ a yebenya sɛ yebegye afotu atom na yɛde adi dwuma no betumi anya yɛn honhom fam yiyedi so nkɛntɛnso kɛse. Ka nneɛma titiriw a enti ɛsɛ sɛ yegye afotu tom na yɛkyerɛ ho anisɔ ho asɛm.—Hwɛ April 1, 1987, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 27-30.
Dwom 118 ne mpaebɔ a wɔde wie.