Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/99 kr. 2
  • November Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • November Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase November 1
  • Dapɛn a Efi Ase November 8
  • Dapɛn a Efi Ase November 15
  • Dapɛn a Efi Ase November 22
  • Dapɛn a Efi Ase November 29
Yɛn Ahenni Som—1999
km 11/99 kr. 2

November Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase November 1

Dwom 156

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Ka “Hwehwɛ Tumi a Ɛwɔ Bible no Mu!” ho asɛm.

15 min: “Asɛnka Adwuma no Ma Yɛda Nsow.” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Fa asɛm a ɛwɔ Nimdeɛ nhoma no mu, kratafa 173, nkyekyem 8 di dwuma, na ka nea yebetumi aka de ahyɛ Bible asuafo nkuran ma wɔatumi ayɛ asɛnka adwuma no bi ho asɛm tiawa.

20 min: “Hena na Yebetumi ne No Ayɛ Bible Adesua?” Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Gyina nkyekyem 4 so kyerɛ sɛnea yebetumi akanyan afoforo anigye ma wɔasua nsɛm a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow no mu no. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ eyi. To nsa frɛ atiefo ma wɔnka sɛnea wɔatumi afi adesua ase ho asɛm nkyerɛ yɛn.

Dwom 198 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 8

Dwom 204

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa. Kyerɛ nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ a mode bɛma mo Ahenni Asa so atew na afata.

20 min: “Dɛn na Wobɛka Akyerɛ Kramoni?” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi bere a yɛne nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ rekasa no. Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔanwene no yiye ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wopɛ Nkramosom ho nsɛm pii a, hwɛ krataa a ɛhyɛ February 1998 Yɛn Ahenni Som mu; Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 15-16; ne Mankind’s Search for God, ti 12.

Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 15

Dwom 211

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ma dapɛn no awiei ho amanneɛbɔ ma.

25 min: “1999 ‘Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm’ Ɔmantam Nhyiam.” (Nkyekyem 1-15) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 6, 8, 11, ne 15. Si nea enti a ɛsɛ sɛ yɛkɔ nna a wɔde bɛyɛ nhyiam no nyinaa a Fida nso ka ho so dua. Kyerɛ nea enti a ehia sɛ yetie Asafo ti no akwankyerɛ a ese yɛmfa yɛn ankasa aduan a yebedi no awia mmra da biara no.

15 min: Awofo—So Moyɛ Abusua Adesua Daa? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ mmusua bom sua ade no mu. (Hwɛ School Guidebook, nkratafa 37-8.) Twe adwene si abusua adesua ho akwanside ahorow yi so: (1) adwene a ɛne sɛ mmofra no susua dodo sɛ wobetumi anya adesua no so mfaso, (2) sɛ asafo nhyiam a mokɔ no ara dɔɔso, (3) brɛ a mobrɛ esiane sɛ munni adagyew nti, ne (4) television hwɛ a ɛmma monnya kwan. (Hwɛ May 15, 1994, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 11-12.) To nsa frɛ mmusua ti ma wɔnka sɛnea wodi akwanside ahorow so na ama wɔatumi ayɛ abusua adesua daa no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ mu sɛ egye mmɔdenbɔ, animia, ne biakoyɛ na wɔatumi ayɛ eyi.

Dwom 217 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 22

Dwom 158

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne asɛnka mu osuahu ahorow.

15 min: Wubu Dwumadi Ahorow Dɛn? Ɔkasa a ɔpanyin bi ma. Yɛwɔ nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma na ama asafo no anya nkɔso: asafo nhyiam ase dwumadi a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho bɛyɛ; afoforo a yɛbɛkɔ akɔfa wɔn akɔ asafo nhyiam anaa yɛde wɔn bɛka yɛn ho akɔ asɛnka; nkwakoraa ne mmerewa a yɛbɛboa wɔn; ne Ahenni Asa so asiesie, a ɛhɔ adɔw ne ntontan a yɛbɛtete ka ho. Sɛ wɔto nsa frɛ wo sɛ bɛboa dwumadi ahorow yi a, woyɛ w’ade dɛn? Ebia ebinom bɛpopo wɔn ti, de amemenemfe abɛyɛ, anaa wɔnyɛ nwie. Kyerɛkyerɛ nea enti a dwumadi a yebegye atom na yɛayɛ awie no yɛ hokwan a ɛyɛ anigye. Hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran na wɔnna ahofama honhom adi.—Dw. 110:3, NW ase hɔ asɛm; Yes. 6:8.

20 min: “1999 ‘Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm’ Ɔmantam Nhyiam.” (Nkyekyem 16-23) Nsɛmmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem 17-20. Fa kyerɛw nsɛm a wɔaka ho asɛm ne nea wɔatwe adwene asi so no kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ntadehyɛ, yɛn ahosiesie, ne yɛn su ho hia yɛn kɛse.

Dwom 29 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 29

Dwom 215

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn November asɛnka akontaabu mmra.

15 min: Hyɛ Wɔn a Wɔyɛ Foforo Nkuran Ma Wɔnkɔ Nhyiam. Ɔpanyin ne asafo mu somfo biako anaa abien susuw Wɔreyɛ Onyankopɔn Apɛde nhomawa, nkratafa 14-15 ho. Kyerɛkyerɛ nea enti a ehia sɛ wɔn a wɔyɛ foforo kɔ nhyiam no mu. Ɛhɔ na wobenya nkyerɛkyerɛ pii, nkuranhyɛ, ne mmoa, afi. Ka nhyiam ahorow anum a yɛyɛ wɔ dapɛn biara mu no ho asɛm, na kyerɛ mfaso a ɛwɔ emu biara so. Kyerɛkyerɛ sɛnea nhyiam boa ma yebu bra pa, nya honhom fam nkɔso, na yɛde yɛn ho bɔ asafo no kɛse, ma yetumi ne afoforo nya abusuabɔ pa, na ɛboa yɛn ma yehu nea enti a yɛyɛ asɛnka adwuma no mu. Hyɛ atiefo nkuran ma wɔmfa nhomawa no nni dwuma mfa mmoa wɔn a wɔyɛ foforo ma wɔmmra nhyiam.

20 min: Bible a Yɛde Di Dwuma—New World Translation. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Wɔ nyamesom ahyehyɛde nyinaa mu no, yɛn na yɛda nsow, efisɛ Bible a Yehowa asomfo a wɔasra wɔn akyerɛ ase na yetintim, de di dwuma na yɛkyekyɛ ma afoforo. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yedi gua nya so mfaso anaasɛ yɛkyerɛkyerɛ sum ase kuw nkyerɛkyerɛ bi. Mmom no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn din anuonyam na yɛboa afoforo ma wohu no yiye. Mpɛn pii no, ɔkwan a afoforo fa so kyerɛ Onyankopɔn Asɛm ase no asete yɛ den, enti kyerɛkyerɛ mfaso soronko a ɛwɔ New World Translation so no mu. (Hwɛ “All Scripture” nhoma no mu, nkratafa 327-31. Hyɛ nea wɔaka afa ho wɔ nkyekyem 3 no nsow, ka sɛnea wɔakyerɛ nsɛm bi ase ma afata wɔ nkyekyem 6 ho asɛm, na twe adwene si mfaso horow a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 22-3 no so.) Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien mfa nkyerɛ asɛm a yebetumi aka bere a nkurɔfo ka sɛ, “Mowɔ mo Bible” no.—Hwɛ Reasoning nhoma, nkratafa 279-80.

Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena