Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/00 kr. 5-6
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 4/00 kr. 5-6

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

January 3 kosi April 17, 2000 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu yɛ. Bua nsɛmmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsɛmmisa biara. Afa horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsɛmmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afa horow a wɔde dan adwene kɔ so no nyinaa mu.]

Bua nsɛm a edidi so yi mu biara sɛ Ampa anaa Atoro:

1. Ɛtɔ mmere bi a, ansa na yɛn nsa bɛka Yehowa nhyira no, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn, efisɛ Yehowa nim yɛn tebea na odi ahiade biara ho dwuma bere a ɛso bɛba yɛn mfaso kɛse. (Dw. 145:16; Yak. 1:17) [w98-TW 1/1 kr. 23 nky. 6]

2. Na apam adaka a ɛwɔ Israelfo no ntam no nkutoo nkyerɛ sɛ ebesi wɔn yiye. Na Yehowa nhyira a wobenya bere a apam adaka no wɔ wɔn nkyɛn no gyina wɔn honhom fam gyinabea ne osetie a edi mu a wɔbɛyɛ no so. (Yos. ti 7) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ it-1-E kr. 167 nky. 2.]

3. Ɛnnɛ, yenya honhom fam aduan denam Yehowa asɛm a yɛbɛkenkan ara kwa no so. (Deut. 8:3) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w85-E 6/15 kr. 17 nky. 15, 17.]

4. Mose Mmara no mu nnyinasosɛm a wɔada no adi wɔ Deuteronomium 23:20 no kyerɛ sɛ ɛyɛ atirimɔden sɛ Kristoni de sika bɛfɛm obi agye mfɛntom. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ it-1-E kr. 1212 nky. 5; it-2-E kr. 259 nky. 11; w86-E 10/15 kr. 12 nky. 9.]

5. Amanneɛbɔ pa a Yosua ne Kaleb de bae no gyina gyidi a emu yɛ den a na wɔwɔ wɔ Israelfo no ahoɔden mu ne wɔn bo a na wɔasi denneennen sɛ wobedi akwanside biara a ɛbɛba wɔn akwan mu so wɔ Bɔhyɛ Asase no a wobedi so nkonim no so. (Num. 13:30) [w98-TW 2/1 kr. 5 nky. 4]

6. Bere a na Paulo reka ‘ɔdom akyɛde’ a ɛwɔ 1 Timoteo ho asɛm no, na ɔrema Timoteo akae honhom kronkron a wɔde asra no no ne ɔsoro akatua a obenya no. (1 Tim. 4:14) [w98-TW 2/15 kr. 25 nky. 1]

7. Yosua nhoma no nka Ahenni no Aseni a na wɔbɛwo no no anato ho asɛm biara. [si-E kr. 46 nky. 24]

8. Na Atemmufo nhoma no yɛ kyerɛwtohɔ a ɛfa mmarima a Israelfo no paw wɔn sɛ wonni wɔn so kosi sɛ wobenya ahene no ho. [si-E kr. 46 nky. 2]

9. Gideon abisade a wɔakyerɛw wɔ Atemmufo 6:37-39 no kyerɛ sɛ na osuro ne ho dodo, na na n’adwenem yɛ no naa. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w88-E 4/1 kr. 30 nky. 6.]

10. Yesu nam asɛm a ɔkae sɛ ‘asuafo no nnkyia obiara wɔ kwan so’ no so kyerɛe sɛnea asɛnka adwuma no gye ntɛmpɛ ne hia a ehia sɛ wɔde wɔn adwene nyinaa si adwuma a ehia kɛse yi so. (Luka 10:4) [w98-TW 3/1 kr. 30 nky. 5]

Bua nsɛmmisa a edidi so yi:

11. Adɛn nti na ɛho hia sɛ awofo ma Yehowa asɛm da wɔn koma so? (Deut. 6:5, 6) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w98-TW 6/1 kr. 20 nky. 4.]

12. Ɔkwan bɛn so na abusua ti betumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 11:18, 19 no adi dwuma? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ fy-TW kr. 71 nky. 14.]

13. Kyerɛwnsɛm mu asɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onesimo a na wabɔ ko no ne Paulo trae kakra ansa na Paulo rekyerɛw krataa akɔma Filemon? [w98-TW 1/15 kr. 30 nky. 2]

14. Sɛ yehu sɛ nsisi rekɔ so anaasɛ wosisi yɛn ankasa a, dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛn aba mu ammu anaasɛ yɛannya adwemmɔne? [w98-TW 2/1 kr. 6 nky. 2-3]

15. Ɔkwan bɛn so na Yosua ne Gideon kyerɛɛ obu kɛse maa Onyankopɔn mmara? (Deut. 20:8, 15-18) [si-E kr. 41 nky. 32]

16. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii a wɔkaa ho asɛm wɔ Yosua 10:10-14 no ne nea yebetumi ahwɛ kwan wɔ Harmagedon no di nsɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 12/15 kr. 23 nky. 12–kr. 24 nky. 14.]

17. Kyerɛ mfaso abiɛsa a ɛwɔ nkamfo a efi komam a wɔde ma obi a ɔda suban pa adi no so. (Fa toto Mmebusɛm 15:23 ho.) [w98-TW 2/1 kr. 31 nky. 5-6]

18. Nea ɛne Yosua 20:4 hyia no, ɔkwan bɛn so na obi guan kɔ guankɔbea kurow nsusuwso no mu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 12/15 kr. 24 nky. 16.]

19. Ɔkwan bɛn so na Atemmufo 5:31 kyerɛ sɛ nkonim a Otemmufo Barak dii wɔ Sisera asraafo dɔm a na wɔdɔɔso no so wɔ Kison bonhwa mu no kyerɛ biribi ankasa ma yɛn nnɛ? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86-E 2/15 kr. 21 nky. 4.]

20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛ anisɔ ama nnyinasosɛm a ɛwɔ asɛm “wogyinagyinaa hɔ, wɔn gyinabea,” a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Atemmufo 7:21 no mu? [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w82-E 6/1 kr. 25 nky. 17.]

Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi mu biara adi mũ ma:

21. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya Yehowa nhyira pii no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ․․․․․․․․ na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma ․․․․․․․․ nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ N’asɛm a efi honhom mu mu no ase. (1 Tim. 4:8, 9) [w98-TW 1/1 kr. 24 nky. 6]

22. Yehowa ani nnye adɛfɛdɛfɛ ho efisɛ ɛnyɛ ․․․․․․․․, afei nso, ɛnkyerɛ ․․․․․․․․ anaa ․․․․․․․․, na nea ɛkyɛn ne nyinaa no, ․․․․․․․․. [w98-TW 2/1 kr. 30 nky. 2-3]

23. Edin Yosua no kyerɛ “ ․․․․․․․․,” na wɔ nkɔmhyɛ kwan so no, na ogyina hɔ ma ․․․․․․․․. [si-E kr. 42 nky. 5]

24. Nea ɛne Yesu mfatoho a ɛwɔ Mateo 7:24-27 hyia no, awofo a wonim nyansa betumi aboa wɔn mma ma wɔagyina nhyɛso a ɛte sɛ ahum ano denam ․․․․․․․․ a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ ․․․․․․․․ a wɔde bɛma wɔn no so. [w98-TW 2/15 kr. 9 nky. 1]

25. Abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Atemmufo nhoma no mu no fa bere a ․․․․․․․․ wui kosi ․․․․․․․․, bere so, a ne nyinaa dii bɛyɛ mfe ․․․․․․․․. [si-E kr. 47 nky. 5]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:

26. Nhyehyɛe a obi bɛyɛ afa sɛnea wɔnyɛ n’agyapade wɔ owu mu ho no yɛ (asafo no asɛyɛde; nankasa asɛm; nea wɔhwehwɛ fi nokware Kristofo hɔ). (Gal. 6:5) [w98-TW 1/15 kr. 19 nky. 6]

27. Paulo hyɛɛ Filemon nkuran sɛ onnye (Onam; Onesiforo; Onesimo) fɛw so, nanso wamfa tumi a ɔwɔ sɛ ɔsomafo no anhyɛ no sɛ ɔnyɛ saa anaasɛ onnyae n’akoa no. (Fil. 21) [w98-TW 1/15 kr. 31 nky. 1]

28. Sintɔ a ɛkɔ akyiri a akwatafo a Yesu saa wɔn yare no daa no adi no ne (gyidi a na wonni; asoɔden; bonniayɛ). (Luka 17:11-19) [w98-TW 2/15 kr. 5 nkr. 1]

29. Esiane sɛ Onyankopɔn ani sɔɔ nea Rahab yɛe no nti, asɛm a ɔka kyerɛɛ Yeriko mmarima a na wɔrehwehwɛ Israelfo akwansrafo akyere wɔn no kyerɛ sɛ (sɛ obi pɛ a, obetwa toro; ɛnyɛ nhyɛ sɛ obi bɛka asɛm a ɛyɛ nokware akyerɛ obi a ɛnsɛ sɛ ɔte; na ɔnsesaa n’akwan nyinaa). (Yos. 2:3-5; Fa toto Romafo 14:4 ho.) [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w93-TW 12/15 kr. 25 nky. 1.]

30. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 13:5 no, ade a Yesu yɛe de yɛɛ asuade no si (ayamye; tema; ahobrɛase) su a ɛma obi tumi yɛ nnwuma a ɛba fam koraa ma afoforo so dua. [w98-TW 3/15 kr. 7 nkr. 6]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:

Deut. 7:3, 4; 17:7; 25:11, 12; 28:3; Yer. 15:20

31. Ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no adwene a ɛkorɔn a ɔwɔ ma awode no nya gyinae a Kristoni bi si wɔ awo ho nhyehyɛe a ɔyɛ no so nkɛntɛnso. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w99-TW 6/15 kr. 28 nky. 1-4.]

32. Yebetumi anya Yehowa mmoa mu ahotoso bere a yedi ahyɛde a wɔde ama yɛn sɛ yɛnka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho dwuma no. [w98-TW 3/1 kr. 28 nky. 1]

33. Bible no kɔkɔbɔ a yebetie no bɛma yɛakwati ɔhaw a efi obi a onnye nni a Kristoni bi ne no bɛtwe konnua koro mu aba no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89-E 11/1 kr. 20 nky. 11.]

34. Onyankopɔn nhyira a yebenya no nnyina faako a yɛte anaa dwuma a yedi anaa adwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no so. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w96-TW 6/15 kr. 15 nky. 15.]

35. Paulo gyinaa Yehowa Mmara so na ɛkaa n’asɛm a ɛfa obi a ɛsɛ sɛ wotu no ho a ɛwɔ 1 Korintofo ti 5 no. [Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ si –E kr. 213 nky. 24.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena