Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Fa Ahwehwɛde nhomawa ma anigyefo, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? Bɔ mmɔden paa sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. July ne August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 no mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ankasa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama.
◼ Efi September no, yɛde nhyiam a yɛbɛyɛ no 2000 mu no ho lapɛl baagye, Engiresi de, no bɛka nneɛma a moakra no ho ɔkwan biara so. Ɛho nhia sɛ mokra eyi. Yebegyina asafo biara dodow so na yɛde nkrataa a adaka biara mu de yɛ 25 no amena. Sɛ mo asafo no hia nea ɛboro nea yɛde amena mo no a, mubetumi de “Literature Request” Kratasin (S-14) no akra bi. Ɛsɛ sɛ mokra rɔba a wɔde krataa no hyem no bi ma obiara a ɔpɛ bi. Yɛde rɔba a wɔde lapɛl baagye hyem no bi bɛmena asafo ahorow a wɔbɛkra bi no nkutoo.
◼ Asafo ti no wɔ ENGIRESI Ɔwɛn-Aban bound volume 1951 kosi 1979, 1982 kosi 1988, 1991, 1992, 1996, ne 1997, ne Nyan! 1982 kosi 1988, 1991, ne 1996, no bi. Adawurubɔfo anaa asafo foforo biara a wɔpɛ bi no betumi ama onua a ɔhwɛ nhoma so no akra bi ama wɔn.
◼ Nnipa dodow 166,358 na wɔkɔɔ “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ ɔman yi mu nyinaa no na nnipa dodow 3,119 na wɔbɔɔ wɔn asu. Emum 40 na wɔkɔɔ nhyiam a wɔyɛ maa wɔn wɔ Takoradi no, na wɔn mu biako na ogyee asubɔ.
◼ Wɔayɛ Watchtower Library—1999 Edition no wɔ CD-ROM so. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ wɔanyɛ sɛ yɛmfa mma obiara a yebehyia no, sɛ wɔmfa ngu sukuu nhomakorabea, anaasɛ obiara a ɔbɛkyerɛ Yehowa Adansefo ho anigye ara kɛkɛ. Wɔyɛɛ Watchtower Library—1999 no maa asafo no mufo nkutoo na asafo no nkutoo na ebetumi akra bi ama obi.
◼ Nhoma Foforo a Aba:
Yesu Kristo—Ɔne Hena? (Kratawa a Ɛto So. 24)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
◼ Nhoma a Ebi Aba Bio:
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma—Ewe
Questions Young People Ask—Answers That Work—Engiresi