Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/00 kr. 8
  • Anigye a Wubenya Wɔ Ɔsom Kronn a Wode Ma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye a Wubenya Wɔ Ɔsom Kronn a Wode Ma Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Anigye Mu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Anigye—Ɛyɛ Suban a Yenya Fi Onyankopɔn Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Fa Koma mu Anigye Som Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anigye A Yɛde Bɛsom Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 5/00 kr. 8

Anigye a Wubenya Wɔ Ɔsom Kronn a Wode Ma Mu

1 Wɔde “anigye” san bae. Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛnea asuafo 70 no tee nka bere a wɔbɛkaa nea efi wɔn asɛnka satu kɛse no mu bae ho asɛm kyerɛɛ Yesu no. Onyankopɔn apɛde a wɔyɛe no ma wonyaa abotɔyam. (Luka 10:17) Wobɛyɛ dɛn atumi anya ɔsom kronn mu anigye a ɛte saa ara?

2 Adwempa a Wubenya: Wɔde hokwan a efi Nyankopɔn hɔ ama wo sɛ ka Yehowa atirimpɔw kɛse no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Asɛm a woka no betumi ama nkurɔfo ade wɔn ho afi wiase yi subammɔne ne atoro som nkɛntɛnso ho. Wubetumi ama nkurɔfo anya asetra a amanehunu a atwa yɛn ho ahyia nnɛ no bi nnim ho anidaso. Susuw anigye a Yehowa nya bere a wode nokware no dua nnipa komapafo mu no ho hwɛ. Fa adwempa bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn honhom na ama woanya anigye bere a wode wo koma nyinaa reyɛ ɔsom adwuma no.

3 Ntetee Pa a Wubenya: Ntetee a Yesu de maa asuafo 70 no te sɛ Ɔsom Nhyiam a yɛyɛ nnɛ no. Ɔde ntetee maa wɔn na ama wɔatumi ayɛ nnam wɔ ɔsom adwuma no mu. (Luka 10:1-16) Ɛnnɛ, Ɔsom Nhyiam no boa wo ma wuhu sɛnea wobɛkɔ nkurɔfo nkyɛn, sɛnea wubefi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛnea wubefi ofie Bible adesua ase. Sɛ wobɔ mmɔden ma wo ho kokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛbɛma woanya ahotoso ne anigye na ama adwenem naayɛ ne osuro biara a na wowɔ no afi hɔ.

4 Dwene Daakye: Yesu nyaa anigye wɔ ɔsom kronn mu ɛmfa ho sɛ ohuu amane pii no. Dɛn ntia? Efisɛ osusuw nhyira ne anigye a na ɛda n’anim no ho kɛse. (Heb. 12:2) Wubetumi ayɛ saa ara denam Yehowa din ne nhyira a ɛbɛba wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu a wode w’adwene ne wo koma besi so no so. Saa a wobɛyɛ no bɛma woanya anigye ne akomatɔyam wɔ wo som adwuma no mu.

5 Ɔsom kronn a wode bɛma Yehowa no yɛ hokwan a ɛsen biara nnɛ. Enti, wubetumi aka sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ nea wo, me Nyankopɔn, wopɛ.”—Dw. 40:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena